< Yesaia 15 >
1 Adehu a ɛfa Moab ho: Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab Da koro anadwo bi, wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab da koro anadwo bi!
Adehunu a ɛfa Moab ho: Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab anadwo koro pɛ! Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab anadwo koro pɛ!
2 Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu, ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kosu; Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho. Wɔayi eti biara so nwi na abogyesɛ biara nso wɔatwitwa.
Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu, ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kɔ su; Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho. Wɔayi eti biara so nwi na abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa.
3 Wofurafura atweaatam wɔ mmɔnten so; wɔ adan atifi ne ɔman ahyiae wɔn nyinaa retwa adwo, wɔdeda fam na wosu.
Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so; wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛ wɔn nyinaa retwa adwo, wɔdeda fam na wɔsu.
4 Hesbon ne Eleale teɛ mu su, wɔte wɔn nne kodu Yahas nohɔ. Enti Moab mmarima akofo teɛ mu su, na wɔbotobotow.
Hesbon ne Eleale teaam su, wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa. Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su, na wɔabotoboto.
5 Midi Moab ho awerɛhow wɔ me koma mu; nʼaguanfo guan kodu Soar, ne Eglat Selisiya. Wɔforo kɔ Luhit, wɔrekɔ nyinaa na wɔresu; Horonaim kwan so nso wodi wɔn sɛe ho awerɛhow.
Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu; nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar, ne Eglat Selisiya. Wɔforo kɔ Luhit, wɔrekɔ nyinaa na wɔresu; Horonaim ɛkwan so nso wɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ.
6 Nimrim nsuwansuwa ayoyow na sare no ahyew afifide nyinaa ayera na ɛnkaa wura biara a ɛyɛ amono.
Nimrim nsuwansuwa awewe na ɛserɛ no ahye afifideɛ nyinaa ayera na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono.
7 Enti ahonyade a wɔapɛ agu hɔ no wɔsoa de kotwa mpampuro bon.
Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ no wɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa.
8 Wɔn nkekawmu gyigye wɔ Moab ahye so; wɔn agyaadwotwa kodu Eglaim na wɔn abubuwbɔ kodu Beer Elim.
Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so; wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaim na wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim.
9 Dimon nsu ayɛ mogya nko ara nanso mɛkɔ so ne no adi gyata bɛba Moab aguanfo so ne wɔn a wɔbɛka asase no so no so.
Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaa nanso mɛkɔ so ne no adi. Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no so ne wɔn a wɔbɛka asase no so.