< Yesaia 14 >
1 Awurade behu Yakob mmɔbɔ; ɔbɛsan afa Israel na ɔbɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn ankasa asase so. Ananafo bɛba abɛka wɔn ho na wɔne Yakobfi aka abɔ mu.
For the LORD will have compassion on Jacob; once again He will choose Israel and settle them in their own land. The foreigner will join them and unite with the house of Jacob.
2 Amanaman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn ankasa atenae. Na Israelfi bɛfa amanaman no ayɛ wɔn de sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so. Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfo no nnommum na wobedi wɔn sohwɛfo so.
The nations will escort Israel and bring it to its homeland. Then the house of Israel will possess the nations as menservants and maidservants in the LORD’s land. They will make captives of their captors and rule over their oppressors.
3 Na da a Awurade bɛma mo ɔhome afi amanehunu, ahoyeraw ne nkoasom dennen mu no,
On the day that the LORD gives you rest from your pain and torment, and from the hard labor into which you were forced,
4 mubedi Babiloniahene ho fɛw se: hwɛ sɛnea sohyɛfo no aba nʼawie! ne sɛnea nʼabufuw nso to atwa!
you will sing this song of contempt against the king of Babylon: How the oppressor has ceased, and how his fury has ended!
5 Awurade abubu otirimɔdenfo no abaa mu, sodifo ahempema no,
The LORD has broken the staff of the wicked, the scepter of the rulers.
6 nea abufuw mu no ɔde bobɔɔ wɔn toatoaa so hwehwee fam, na abufuwhyew mu otintim wɔn so a ahomegye nni mu de brɛɛ amanaman no ase no.
It struck the peoples in anger with unceasing blows; it subdued the nations in rage with relentless persecution.
7 Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoe mu; na wɔto dwom.
All the earth is at peace and at rest; they break out in song.
8 Mpo, ɔpepaw nnua ne Lebanon sida nya ho anigye na wɔka se, “Afei a wɔabrɛ wo ase yi, duatwafo biara remmetwa yɛn.”
Even the cypresses and cedars of Lebanon exult over you: “Since you have been laid low, no woodcutter comes against us.”
9 Awufo nna a ɛwɔ ase no rekeka ne ho abehyia wo kwan; ɛkanyan wɔn a wɔafi mu no honhom sɛ wɔmmɛma wo akwaaba, wɔn a na wɔyɛ akannifo wɔ wiase ɛma wɔsɔre fi wɔn nhengua so, wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so. (Sheol )
Sheol beneath is eager to meet you upon your arrival. It stirs the spirits of the dead to greet you— all the rulers of the earth. It makes all the kings of the nations rise from their thrones. (Sheol )
10 Wɔn nyinaa begye so, wɔbɛka akyerɛ wo se, “Wo nso woayɛ mmerɛw sɛ yɛn; woayɛ sɛ yɛn ara.”
They will all respond to you, saying, “You too have become weak, as we are; you have become like us!”
11 Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba ɔda mu, ne huuyɛ a efi wo asanku no; wɔde nsaammoa asɛw kɛtɛ ama wo na asunson akata wo so. (Sheol )
Your pomp has been brought down to Sheol, along with the music of your harps. Maggots are your bed and worms your blanket. (Sheol )
12 Sɛnea wufi ɔsoro abɛhwe fam, anɔpa nsoromma, adekyee babarima! Wɔato wo abɛhwe asase so, wo a na kan no wobrɛ amanaman ase!
How you have fallen from heaven, O day star, son of the dawn! You have been cut down to the ground, O destroyer of nations.
13 Wokaa no wo koma mu se, “Mɛforo akɔ ɔsoro; mɛma mʼahengua so asi Onyankopɔn nsoromma atifi; mɛtena ase adi hene wɔ ahyiae bepɔw so, nea ɛkorɔn pa ara wɔ bepɔw kronkron no so.
You said in your heart: “I will ascend to the heavens; I will raise my throne above the stars of God. I will sit on the mount of assembly, in the far reaches of the north.
14 Mɛforo atra omununkum atifi; mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.”
I will ascend above the tops of the clouds; I will make myself like the Most High.”
15 Nanso wɔde wo abɛto ɔda mu, amoa donkudonku ase tɔnn. (Sheol )
But you will be brought down to Sheol, to the lowest depths of the Pit. (Sheol )
16 Wɔn a wuhu wo no hwɛ wo haw, wodwen nea ato wo no ho bisa se, “Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosow asase na ɔmaa ahenni ho popoe,
Those who see you will stare; they will ponder your fate: “Is this the man who shook the earth and made the kingdoms tremble,
17 ɔbarima a ɔmaa wiase dan nweatam, nea ɔdan ne nkuropɔn butuwii na wamma ne nneduafo ankɔ wɔn nkyi no ni?”
who turned the world into a desert and destroyed its cities, who refused to let the captives return to their homes?”
18 Amanaman ahemfo no nyinaa wɔadeda wɔn obiara wɔ ne da mu.
All the kings of the nations lie in state, each in his own tomb.
19 Nanso wɔapam wo afi wo da mu te sɛ dubaa a wɔapo; wɔde wɔn a wɔatotɔ akata wo so, wɔn a wɔtɔɔ wɔ afoa ano, wɔn a wosian kɔ abo amoa mu, te sɛ funu a wɔatiatia so,
But you are cast out of your grave like a rejected branch, covered by those slain with the sword, and dumped into a rocky pit like a carcass trampled underfoot.
20 Wɔrensie wo nka wɔn ho, efisɛ woasɛe wʼasase na wakunkum wo nkurɔfo. Otirimɔdenfo asefo no wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼade sɛ ɔhene.
You will not join them in burial, since you have destroyed your land and slaughtered your own people. The offspring of the wicked will never again be mentioned.
21 Siesie faako a wobekunkum ne mmabarima wɔ wɔn agyanom bɔne nti; ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so na wɔde wɔn nkuropɔn pete so.
Prepare a place to slaughter his sons for the iniquities of their forefathers. They will never rise up to possess a land or cover the earth with their cities.
22 “Mɛsɔre atia wɔn,” Sɛnea Asafo Awurade se ni. “Metwa ne din ne ne nkae, ne mma ne ne nenanom afi Babilonia ho,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
“I will rise up against them,” declares the LORD of Hosts. “I will cut off from Babylon her name and her remnant, her offspring and her posterity,”
23 “Mɛdan no ayɛ faako a mpatu wɔ ne ɔwora; mede ɔsɛeprae bɛpra no,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
“I will make her a place for owls and for swamplands; I will sweep her away with the broom of destruction,” declares the LORD of Hosts.
24 Asafo Awurade aka ntam se, “Nokware, sɛnea mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ, na sɛnea masusuw no, ɛrensesa.
The LORD of Hosts has sworn: “Surely, as I have planned, so will it be; as I have purposed, so will it stand.
25 Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so; metiatia no so me mmepɔw so. Obeyi ne konnua afi me nkurɔfo so, na nʼadesoa nso afi wɔn so.”
I will break Assyria in My land; I will trample him on My mountain. His yoke will be taken off My people, and his burden removed from their shoulders.”
26 Eyi ne nhyehyɛe a wɔayɛ ama wiase nyinaa; eyi ne nsa a wɔateɛ wɔ aman nyinaa so.
This is the plan devised for the whole earth, and this is the hand stretched out over all the nations.
27 Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hena na obesiw no kwan? Na sɛ wateɛ ne nsa, hena na obesianka no?
The LORD of Hosts has purposed, and who can thwart Him? His hand is outstretched, so who can turn it back?
28 Saa adehu yi baa afe a ɔhene Ahas wui no:
In the year that King Ahaz died, this burden was received:
29 Munnni ahurusi, mo Filistifo, sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu; saa ɔwɔ no ase na ahurutoa befi aba, na nʼaba bɛyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare na nʼano wɔ bɔre.
Do not rejoice, all you Philistines, that the rod that struck you is broken. For a viper will spring from the root of the snake, and a flying serpent from its egg.
30 Ahiafo mu hiani benya didibea, na mmɔborɔni bɛda asomdwoe mu. Nanso wʼasefo de, mede ɔkɔm bɛtɔre wɔn ase; ebekunkum wo nkae no.
Then the firstborn of the poor will find pasture, and the needy will lie down in safety, but I will kill your root by famine, and your remnant will be slain.
31 Twa adwo, kurow pon! Su teɛ mu kuropɔn! munguan, mo Filistifo! Wusiw kumɔnn bi fi atifi fam reba, na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu.
Wail, O gate! Cry out, O city! Melt away, all you Philistines! For a cloud of smoke comes from the north, and there are no stragglers in its ranks.
32 Mmuae bɛn na wɔde bɛma saa ɔman no ananmusifo? “Awurade de Sion atim hɔ, ne mu na nʼamanehunufo benya guankɔbea.”
What answer will be given to the envoys of that nation? “The LORD has founded Zion, where His afflicted people will find refuge.”