< Yesaia 13 >

1 Amos babarima Yesaia adehu a ɛfa Babilonia ho ni:
La carga de Babilonia que vio Isaías, hijo de Amoz.
2 Ma frankaa so wɔ bepɔw a hwee nni so no atifi, teɛ mu frɛ wɔn: nyama wɔn ma wɔnhyɛn atitiriw no apon mu.
¡Establece una bandera en la montaña desnuda! ¡Alza tu voz hacia ellos! Agita tu mano, para que entren en las puertas de los nobles.
3 Mahyɛ mʼahotewfo; mafrɛ mʼakofo sɛ wɔnna mʼabufuwhyew adi, wɔn a wodi me nkonimdi ho ahurusi.
He ordenado a mis consagrados; sí, he llamado a mis valientes para mi ira, a mis orgullosos exaltados.
4 Tie huuyɛ bi a ɛwɔ mmepɔw no so te sɛ dɔm kɛse bi de! Tie akasakasa a ɛwɔ ahenni ahorow mu, te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! Asafo Awurade reboa dɔm ano akɔ ɔko.
¡El ruido de una multitud está en los montes, como de un gran pueblo; el ruido de un alboroto de los reinos de las naciones reunidos! El Señor de los Ejércitos está reuniendo el ejército para la batalla.
5 Wofifi akyirikyiri aman so, wofifi ɔsoro ahye so, Awurade ne nʼakode a ɛyɛ nʼabufuwhyew; bɛsɛe ɔman no nyinaa.
Vienen de un país lejano, del extremo del cielo, Yahvé, y las armas de su indignación, para destruir toda la tierra.
6 Twa adwo, na Awurade da no abɛn; ɛbɛba te sɛ ɔsɛe a efi Otumfo no.
¡Lloren, porque se acerca el día de Yahvé! Vendrá como una destrucción del Todopoderoso.
7 Eyi nti, nsa nyinaa bedwudwo, obiara koma bɛbotow.
Por eso todas las manos se debilitarán, y el corazón de todos se derretirá.
8 Wɔbɛbɔ hu, ɔyaw ne apinisi bekita wɔn; wobebubu wɔn mu te sɛ ɔbea a awo aka no. Wɔde ahodwiriw bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim, a wɔn ani asosɔ gya.
Estarán consternados. Se apoderarán de ellos dolores y penas. Tendrán dolores como una mujer de parto. Se mirarán con asombro unos a otros. Sus rostros serán rostros de fuego.
9 Hwɛ, Awurade da no reba da bɔne a abufuw ne abufuwhyew wɔ mu, ɛrebɛsɛe asase no na asɛe abɔnefo a wɔte so no.
He aquí que viene el día de Yahvé, cruel, con cólera y furor; para hacer de la tierra una desolación, y para destruir de ella a sus pecadores.
10 Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuw renhyerɛn. Sum beduru owia a ɛrepue na ɔsram nso renhyerɛn.
Porque las estrellas del cielo y sus constelaciones no darán su luz. El sol se oscurecerá al salir, y la luna no hará brillar su luz.
11 Mɛtwe wiase aso, ne bɔne nti, ne amumɔyɛfo wɔ wɔn nnebɔne ho. Metwa ahantanfo ahomaso so mɛbrɛ nea odi awurukasɛm no ahantan ase.
Castigaré al mundo por su maldad, y a los impíos por su iniquidad. Haré cesar la arrogancia de los soberbios, y humillaré la prepotencia de los terribles.
12 Mɛma onipa ho ayɛ na asen sika kɔkɔɔ ankasa ɔbɛsen Ofir sikakɔkɔɔ.
Haré que las personas sean más raras que el oro fino, que el oro puro de Ofir.
13 Enti mɛma ɔsoro awosow; na asase ahinhim wɔ ne sibea wɔ Asafo Awurade abufuwhyew ano nʼabufuwhyewda no.
Por eso haré temblar los cielos, y la tierra será sacudida de su lugar en la ira del Señor de los Ejércitos, y en el día de su furia.
14 Te sɛ ɔwansan a ɔbɔmmɔfo rehwehwɛ no akum no, te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo, obiara bɛkɔ ne nkurɔfo mu, obiara beguan akɔ nʼasase so.
Sucederá que, como gacela cazada y como oveja que nadie recoge, cada uno se volverá a su pueblo y huirá a su tierra.
15 Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wobehwirew no afoa akum no; wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano.
Todo el que sea encontrado será atravesado. Todo el que sea capturado caerá a espada.
16 Wɔbɛtotow nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim: wɔbɛfom wɔn afi mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom mmonnaa.
Sus hijos también serán despedazados ante sus ojos. Sus casas serán saqueadas, y sus mujeres violadas.
17 Hwɛ mɛhwanyan Mediafo atia wɔn, wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho.
He aquí que yo despierto contra ellos a los medos, que no valorarán la plata, y en cuanto al oro, no se deleitarán en él.
18 Wɔn tadua bɛbobɔ mmerante ahwehwe fam; wɔrenhu nkokoaa mmɔbɔ na wɔrennya ayamhyehye mma mmofra.
Sus arcos harán pedazos a los jóvenes, y no tendrán piedad del fruto del vientre. Sus ojos no perdonarán a los niños.
19 Babilonia, ahenni ahorow mu ɔbohemaa, anuonyam a Babiloniafo de hoahoa wɔn ho no Onyankopɔn bɛdan abutuw te sɛ Sodom ne Gomora.
Babilonia, la gloria de los reinos, la belleza del orgullo de los caldeos, será como cuando Dios derribó a Sodoma y Gomorra.
20 Nnipa rentena hɔ bio awo ntoatoaso nyinaa mu; Arabni biara rensi ne ntamadan wɔ hɔ oguanhwɛfo biara remfa ne nguan nkɔhome wɔ hɔ.
Nunca será habitada, ni se habitará de generación en generación. El árabe no levantará allí una tienda, ni los pastores harán descansar allí sus rebaños.
21 Nanso sare so mmoa bɛda hɔ. Sakraman bɛyɛ nʼafi no mu ma; hɔ na mpatu bɛtena, hɔ na wura mu mmirekyi nso bedi agoru.
Pero los animales salvajes del desierto se acostarán allí, y sus casas estarán llenas de chacales. Los avestruces habitarán allí, y las cabras salvajes retozarán.
22 Mpataku bɛtena nʼabandennen mu, adompo bɛyɛ nʼahemfi fɛfɛ no mu ma. Ne bere aso, na wɔrentwe ne nna mu.
Las hienas gritarán en sus fortalezas, y los chacales en los palacios agradables. Su tiempo está próximo a llegar, y sus días no se prolongarán.

< Yesaia 13 >