< Yesaia 11 >
1 Dua foforo bi befifi wɔ Yisai dunsin ho; efi ne ntin mu na Dubaa bi bɛsow aba.
Dua foforɔ bi bɛfefɛ wɔ Yisai dunsini ho; ɛfiri ne nhini mu na Dubaa bi bɛso aba.
2 Awurade Honhom bɛtena ne so, nyansa ne ntease Honhom, afotu ne tumi Honhom, nimdeɛ ne Awurade suro Honhom,
Awurade Honhom bɛtena no so: nyansa ne nteaseɛ Honhom, afotuo ne tumi Honhom, nimdeɛ ne Awurade suro Honhom.
3 Na nʼani begye wɔ Awurade suro mu. Ɛnyɛ nea ɔde nʼani hu so na obegyina abu atɛn, anaa nea ɔde nʼaso bɛte so na obegyina asi gyinae;
Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu. Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn, anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ;
4 na mmom ɔde trenee bebu mmɔborɔfo atɛn, ɔde atɛntrenee besi gyinae ama asase so ahiafo. Ɔde nʼano abaa na ɛbɛbɔ asase; ɔde nʼanofafa home bekunkum amumɔyɛfo.
na mmom ɔde tenenee bɛbu mmɔborɔfoɔ atɛn, ɔde atɛntenenee bɛsi gyinaeɛ ama asase so ahiafoɔ. Ɔde abaa a ɛyɛ nʼanom asɛm bɛwoso asase; ɔde ahome a ɛfiri nʼanom bɛkunkum amumuyɛfoɔ.
5 Trenee bɛyɛ nʼabɔso na nokwaredi ayɛ nʼabɔso.
Tenenee bɛyɛ nʼabɔsoɔ na nokorɛdie ayɛ nʼabɔwomu.
6 Pataku ne oguamma bɛtena, ɔsebɔ ne abirekyi bɛda, nantwi ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu; na abofra ketewa bi adi wɔn anim.
Pataku ne odwammaa bɛtena, ɔsebɔ ne abirekyie bɛda, nantwie ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu; na abɔfra ketewa bi adi wɔn anim.
7 Nantwi ne sisi bɛbɔ mu adidi, wɔn mma bɛdeda faako, na gyata bɛwe wura te sɛ nantwi.
Ɔnantwie ne sisire bɛbɔ mu adidi, wɔn mma bɛdeda faako, na gyata bɛwe wira te sɛ nantwie.
8 Akokoaa bedi agoru abɛn ɔprammiri amoa ano, na abofra ketewa de ne nsa ahyɛ ahurutoa bon mu.
Akokoaa bɛdi agorɔ abɛn ɔprammire amena ano, na abɔfra ketewa de ne nsa ahyɛ ɔnanka bɔn mu.
9 Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe ade wɔ me bepɔw Kronkron nyinaa so, na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma sɛnea nsu ayɛ po ma no.
Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe adeɛ wɔ me bepɔ Kronkron nyinaa so, na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma sɛdeɛ nsuo ayɛ ɛpo ma no.
10 Na da no, Yisai aseni bɛsɔre; nea ɔbɛsɔre abedi aman aman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea benya anuonyam.
Na da no, Yisai aseni no bɛsɔre; deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea bɛnya animuonyam.
11 Saa da no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprenu so de agye ne nkurɔfo a wɔaka afi Asiria, Misraim anafo fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so asupɔw.
Saa ɛda no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprɛnu so de agye ne nkurɔfoɔ a wɔaka afiri Asiria, Misraim anafoɔ fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so nsupɔ.
12 Ɔbɛma frankaa so ama aman no na wɔaboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu no ano; Ɔbɛboaboa Yudafo a wɔahwete no ano afi asase ntwea anan no so.
Ɔbɛma frankaa so ama aman no na wɔaboaboa Israel atukɔfoɔ ano; Ɔbɛboaboa Yudafoɔ a wɔahwete no ano afiri asase ntwea ɛnan no so.
13 Efraim anibere betu ayera, na wɔbɛsɛe Yuda atamfo. Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso rentan Efraim ani.
Efraim anibereɛ bɛtu ayera, na wɔbɛsɛe Yuda atamfoɔ. Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso rentane Efraim ani.
14 Wobetwiw afa Filistia asiansian ahorow no so akɔ atɔe fam; na wɔbɛbɔ mu afow nnipa akɔ apuei fam. Wɔbɛfa Edom ne Moab, na Amonfo bɛhyɛ wɔn ase.
Wɔbɛtwi afa Filistia nsaneɛ ahodoɔ no so akɔ atɔeɛ fam; na wɔbɛbɔ mu afo nnipa akɔ apueeɛ fam. Wɔbɛfa Edom ne Moab, na Amonfoɔ bɛhyɛ wɔn ase.
15 Awurade bɛma nsu a ɛwɔ Misraim Po no mu ayow korakora; ɔbɛma ne nsa mu mframa a mu yɛ hyew abɔ afa Asubɔnten Eufrate so. Ɔbɛpaapae mu ayɛ no nsuwansuwa ason sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi ahyɛ mpaboa atwa.
Awurade bɛma nsuo a ɛwɔ Misraim Po no mu awe korakora; ɔbɛma ne nsa mu mframa a emu yɛ hyeɛ abɔ afa Asubɔnten Eufrate so. Ɔbɛpaapae mu ayɛ no nsuwansuwa nson sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛtumi ahyɛ mpaboa atwa.
16 Ɔtempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfo nkae a wɔaka Asiria, sɛnea bi daa hɔ maa Israel bere a wofi Misraim bae no.
Ɛkwantempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ a wɔaka Asiria, sɛdeɛ ebi daa hɔ maa Israel ɛberɛ a wɔfiri Misraim baeɛ no.