< Yesaia 10 >

1 Wonnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmfa ne kwan mu, wɔn a wɔhyɛ mmara dennen a ɛde nhyɛso ba,
Wɔnnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmmfa ɛkwan mu, wɔn a wɔhyɛ mmaraden a ɛde nhyɛsoɔ ba,
2 de siw ahiafo ahofadi ho kwan, de atɛntrenee bɔ me nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so no atirimɔden. Wɔma akunafo yɛ amanehunufo na wɔbɔ ayisaa korɔn.
de tena ahiafoɔ ahofadie so, de atɛntenenee bɔ me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no atirimuɔden. Wɔma akunafoɔ yɛ amanehunufoɔ na wɔbɔ nwisiaa korɔno.
3 Dɛn na mobɛyɛ wɔ akontaabu da no, bere a amanehunu fi akyirikyiri reba? Hena nkyɛn na mubeguan akɔpɛ mmoa? Ɛhefa na mubegyaw mo ahode?
Ɛdeɛn na mobɛyɛ akontabuo da no, ɛberɛ a amanehunu firi akyirikyiri reba? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa? Ɛhefa na mobɛgya mo ahodeɛ?
4 Ɛrenka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafo mu anaasɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfo mu. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
Ɛnka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafoɔ mu anaa sɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, na wama ne nsa so ayɛ krado.
5 “Nnome nka Asiriani no, mʼabufuw abaa, nea okura mʼabufuwhyew pema no!
“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuo abaa, deɛ ɔkura mʼabufuhyeɛ poma no!
6 Mesoma no akɔ ɔman a wonnim Onyankopɔn so migya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuw so sɛ wonkogye akorɔnne abran so na wonhuam afowde, na wontiatia wɔn so sɛ dɔte wɔ mmɔnten so.
Meresoma no akɔ ɔman a wɔnnim Onyankopɔn so. Meregya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuo so sɛ wɔnkɔgye korɔnodeɛ abrane so na wɔnhwim afɔdeɛ, na wɔntiatia wɔn so sɛ dɔteɛ wɔ mmɔntene so.
7 Nanso ɛnyɛ eyi ne nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɛnyɛ eyi ne nea ɛwɔ nʼadwene mu; ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe, sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awiei.
Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe, sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ.
8 Na obisa se, ‘Ahemfo nyinaa nyɛ mʼasahene ana?
Na ɔbisa sɛ, ‘Ahemfo nyinaa nnyɛ mʼasahene anaa?
9 Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis ana? Hamat nte sɛ Arpad na Samaria nte sɛ Damasko ana?
Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis anaa? Hamat nte sɛ Arpad na Samaria nte sɛ Damasko anaa?
10 Sɛnea migyee ahoni ahenni ahorow abran so, ahenni a wɔn nsɛsode sen nea ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no.
Ampa ara, megyee ahoni ahennie ahodoɔ abrane soɔ, ahennie a wɔn nsɛsodeɛ sene deɛ ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no.
11 Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsode nni, sɛnea me ne Samaria ne nʼahoni dii no?’”
Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsodeɛ nni anaa, sɛdeɛ mene Samaria ne nʼahoni diiɛ no?’”
12 Sɛ Awurade wie nʼadwuma a etia Bepɔw Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka se, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ ne komapirim ne nʼani a ɛnsɔ ade no ho.
Sɛ Awurade wie nʼadwuma a ɛtia Bepɔ Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka sɛ, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ nʼakoma pirim ne nʼani a ɛnsɔ adeɛ no ho.
13 Efisɛ ɔka se, “‘Mede mʼahoɔden na ayɛ eyi, na mifi me nyansa mu, efisɛ mewɔ nimdeɛ. Mesɛee aman aman ahye, mefow wɔn ademude; mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbran.
Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, “‘Mede mʼahoɔden na ayɛ yei, na ɛfiri me nyansa mu, ɛfiri sɛ mewɔ nimdeɛ. Mesɛee amanaman ahyeɛ. Mefoo wɔn ademudeɛ; mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbrane.
14 Sɛnea obi teɛ ne nsa hyɛ berebuw mu no, saa ara nso na mɛteɛ me nsa wɔ amanaman no ahonyade so; sɛnea wɔtase nkesua a wɔagyaw hɔ no, saa ara na mɛboaboa amanaman no nyinaa ano; obiara ammɔ ne ntaban mu, na wammue nʼano ansu.’”
Sɛdeɛ obi tene ne nsa hyɛ pirebuo mu no, saa ara nso na mɛtene me nsa wɔ amanaman no ahonyadeɛ so; sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya hɔ no saa ara na mɛboaboaa amanaman no nyinaa ano; obiara ammɔ ne ntaban mu, na wammue nʼano ansu.’”
15 Abonnua ma ne ho so tra nea ɔtow, anaasɛ ɔwan hoahoa ne ho kyɛn nea ɔde no yɛ adwuma ana? Ayɛ te sɛnea abaa tumi dannan nea ɔmaa no so, anaasɛ poribaa tumi hinhim nea ɔnyɛ dua!
Akuma ma ne ho so tra deɛ ɔtoɔ? Anaasɛ ɛwan hoahoa ne ho kyɛn deɛ ɔde no yɛ adwuma anaa? Ayɛ te sɛ deɛ abaa tumi danedane deɛ ɔmaa no so, anaa sɛ aporibaa ankasa tumi nante!
16 Afei Awurade, Asafo Awurade, de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofo ahoɔdenfo no; ne kɛseyɛ mu wobefita ogya mu ama adɛw te sɛ gyaframa.
Afei Awurade, Asafo Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofoɔ ahoɔdenfoɔ no; na ne kɛseyɛ mu no, ɔbɛma ogya adɛre ahye wɔn animuonyam.
17 Israel Hann no bɛdan ogya. Wɔn Kronkronni no bɛyɛ ogya a ɛdɛw; ɔde da koro bɛhyew na wasɛe ne nsɔe ne nnɛnkyɛnse.
Israel Hann no bɛdane ogya. Wɔn Kronkronni no bɛdane ogya dɛreɛ; ɔde dakoro bɛhye na wasɛe ne nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse.
18 Ne kwae ne nʼasasebere anuonyam no, ɛbɛsɛe pasapasa te sɛ ɔyarefo a ɔrefɔn.
Asiria kwaeɛ ne nʼasase bereɛ animuonyam no, ɛbɛsɛe pasapasa te sɛ ɔyarefoɔ a ne so reteɛ.
19 Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwae mu bɛyɛ kakraa bi a abofra betumi akyerɛ ne dodow.
Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwaeɛ mu bɛyɛ kakra bi a abɔfra bɛtumi akyerɛ ne dodoɔ.
20 Da no, Israel nkae, Yakob fifo a wɔbɛka no, remfa wɔn ho nto no so bio nea ɔbɔɔ wɔn hwee fam no; na mmom wɔde wɔn ho bɛto Awurade so nokware mu, Israel Kronkronni no.
Ɛda no, Israel nkaeɛfoɔ, Yakob fiefoɔ a wɔbɛka no remfa wɔn ho nto no so bio. Awurade, Israel Kronkronni no a ɔbɔɔ wɔn hwee fam no mmom na wɔde wɔn ho bɛto no so nokorɛm.
21 Nkae bi bɛsan aba, Yakob nkae bi bɛsan aba Otumfo Onyankopɔn no nkyɛn.
Nkaeɛfoɔ no bɛsane aba. Yakob nkaeɛfoɔ no bɛsane aba Otumfoɔ Onyankopɔn no nkyɛn.
22 Israel, ɛwɔ mu sɛ wo nkurɔfo dɔɔso sɛ mpoano nwea de, nanso nkae bi pɛ na wɔbɛsan. Wɔahyɛ ɔsɛe ho mmara dennen a ebebunkam so na ɛteɛ.
Ao Israel, ɛwom sɛ wo nkurɔfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea deɛ, nanso nkaeɛfoɔ bi pɛ na wɔbɛsane aba. Wɔahyɛ ɔsɛeɛ ho mmara denden a ɛbɛbunkam nnipa no so, na mmara no yɛ.
23 Awurade, Asafo Awurade de ɔsɛe a wɔahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa.
Awurade, Asafo Awurade, ɔsɛeɛ a wahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa.
24 Enti sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se, “Me nkurɔfo a mote Sion, munnsuro Asiriafo no, wɔn a wɔde mmaa hwe mo na wɔma kontibaa so tia mo, sɛnea Misraim yɛe no.
Enti, yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ, “Ao Me nkurɔfoɔ a mote Sion monnsuro Asiriafoɔ no, wɔn a wɔde mmaa hwe mo na wɔde aporibaa bobɔ mo, sɛdeɛ Misraim yɛeɛ no.
25 Ɛrenkyɛ koraa mʼabufuw a etia mo no ano bedwo na mʼanibere bɛkɔ wɔn sɛe so.”
Ɛrenkyɛre koraa mʼabufuo a ɛtia mo no ano bɛdwo na mʼaniberɛ bɛkɔ wɔn sɛeɛ so.”
26 Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn, sɛnea ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no; na ɔbɛteɛ ne pema wɔ nsu no so, sɛnea ɔyɛɛ wɔ Misraim no.
Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn, sɛdeɛ ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no; na ɔbɛtene ne poma nsuo no so, sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no.
27 Da no wobeyi wɔn adesoa no afi wɔn mmati so wɔn konnua afi wo kɔn mu; wobubu konnua no efisɛ woayɛ ɔbran yiye.
Ɛda no, wɔbɛyi wɔn adesoa no afiri wo mmatire so; wɔn kɔnnua afiri wo kɔn mu; wɔbubu kɔnnua no na afiri mo so.
28 Wɔhyɛn Ayat; wɔfa Migron; na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas.
Wɔhyɛne Ayat; wɔfa Migron; na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas.
29 Wɔfaa ɔtempɔn no so, na wɔka se, “Yɛbɛwɛn wɔ Geba anadwo yi.” Rama ho popo; Saulo kurow Gibea nso guan.
Wɔtwam wɔ kwantempɔn no so, na wɔka sɛ, “yɛbɛda Geba anadwo yi.” Rama ho popo; Saulo kuro Gibea nso dwane.
30 Teɛ mu, Galim Babea! Tie, Laisa! Anatot Mmɔborɔni!
Teaam Ɔbabaa Galim! Tie, Ao Laisa! Anatot Mmɔborɔni!
31 Madmena reguan; Gebimfo kɔtetɛw.
Madmena redwane; Gebimfoɔ kɔtetɛ.
32 Nnɛ ara wobegyina wɔ Nob; wobehim wɔn nsa wɔ Ɔbabea Sion bepɔw no so, wɔ Yerusalem koko no so.
Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina wɔ Nob; wɔbɛwoso wɔn nsa wɔ Ɔbabaa Sion bepɔ no so wɔ Yerusalem kokoɔ no so.
33 Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no, ɔde tumi kɛse betwitwa dua mman no. Wobebubu nnua atenten no agu fam nea ɛwowaree no bɛba fam.
Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no, ɔde tumi kɛseɛ bɛtwitwa dua mman no. Wɔbɛbubu nnua atentene no agu fam; deɛ ɛwoware no bɛba fam.
34 Ɔde abonnua betwitwa kwaedɔtɔ agu fam Lebanon bɛhwe ase wɔ Ɔkɛse no anim.
Ɔde akuma bɛtwitwa kwaeɛm dɔtɔ agu fam. Lebanon bɛhwe ase Ɔkɛseɛ no anim.

< Yesaia 10 >