< Hosea 9 >

1 Nni ahurusi, Israel; nsɛpɛw wo ho te sɛ aman a aka no. Efisɛ woanni wo Nyankopɔn nokware, wʼani gye aguamammɔ ho wɔ awiporowbea nyinaa so.
Nni ahurisie, Ao Israel; nsɛpɛ wo ho te sɛ aman a aka no. Ɛfiri sɛ woanni wo Onyankopɔn nokorɛ, wʼani gye adwamammɔ ho wɔ ayuporobea nyinaa so.
2 Awiporowbea ne nsakyiamoa rentumi mma nnipa no aduan; nsa foforo nso bɛbɔ wɔn.
Ayuporobea ne nsakyimena rentumi mma nnipa no aduane; nsã foforɔ nso bɛbɔ wɔn.
3 Wɔrentena Awurade asase no so bio; Efraim bɛsan akɔ Misraim na wadi aduan a ɛho ntew wɔ Asiria.
Wɔrentena Awurade asase no so bio; Efraim bɛsane akɔ Misraim na wadi aduane a ɛho nteɛ wɔ Asiria.
4 Wɔremmɔ ahwiesa afɔre mma Awurade, na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani. Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ asufo brodo de ama wɔn; wɔn a wodi nyinaa ho begu fi. Saa aduan no bɛyɛ wɔn ankasa dea na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.
Wɔremmɔ ahwiesa afɔdeɛ mma Awurade, na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani. Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ aduane a ayiasefoɔ de wɔn nsa aka; wɔn a wɔdi nyinaa ho bɛgu fi. Saa aduane no bɛyɛ wɔn ankasa dea na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.
5 Dɛn na mobɛyɛ wɔ mo aponto da no ne Awurade afahyɛnna no nso?
Ɛdeɛn na mobɛyɛ wɔ mo apontoɔ da no ne Awurade afahyɛ nna no nso?
6 Mpo sɛ woguan fi ɔsɛe mu a Misraim bɛboaboa wɔn ano, na Memfis besie wɔn. Wɔn dwetɛ ahonyade befuw wura, na wɔn ntamadan adan nsɔe.
Mpo sɛ wɔdwane firi ɔsɛeɛ mu a Misraim bɛboaboa wɔn ano, na Memfis bɛsie wɔn. Wɔn dwetɛ ahonyadeɛ bɛfu wira, na wɔn ntomadan adane nkasɛɛ.
7 Asotwe nna no reba, akontaabu nna no adu; ma Israel nhu eyi. Esiane mo bɔne bebrebe ne mo akokoakoko a adɔɔso nti mofa no sɛ odiyifo yɛ kwasea, na nea honhom akanyan no no yɛ ɔbɔdamfo.
Asotwe nna no reba, akontabuo nna no aduru; ma Israel nhunu yei. Esiane mo bɔne bebrebe ne mo akokoakoko a adɔɔso enti mofa no sɛ odiyifoɔ yɛ kwasea na deɛ honhom akanyane noɔ no yɛ ɔbɔdamfoɔ.
8 Odiyifo no ne me Nyankopɔn yɛ Efraim so wɛmfo, nanso wɔasum no afiri wɔ nʼakwan nyinaa so, na ɔtan ahyɛ ne Nyankopɔn fi ma.
Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn yɛ Efraim so wɛmfoɔ, nanso wɔasum no afidie wɔ nʼakwan nyinaa so, na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma.
9 Wɔadu porɔwee bun mu, sɛnea na ɛte wɔ Gibea nna no mu. Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimɔden na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.
Wɔaduru porɔeɛ bunu mu, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Gibea nna no mu. Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimuɔden na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.
10 “Bere a mihuu Israel no, na ɛte sɛ nea mahu bobe wɔ nweatam so; bere a mihuu mo agyanom no, na ɛte sɛ nea mahu borɔdɔma aba a edi kan wɔ ne dua so. Nanso bere a wɔbaa Baal-Peor nkyɛn no wodwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no. Wɔn ho yɛɛ nwini te sɛ ohoni a wɔdɔ no no ara.
“Ɛberɛ a mehunuu Israel no, na ɛte sɛ deɛ mahunu bobe wɔ anweatam so; ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no, na ɛte sɛ deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan wɔ ne dua so. Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no. Wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ohoni a wɔdɔ no no.
11 Efraim anuonyam betu akɔ sɛ anomaa, nyinsɛn ne awo nni ne mu.
Efraim animuonyam bɛtu akɔ sɛ anomaa, nyinsɛn ne awoɔ nni ne mu.
12 Mpo sɛ wɔtetew mmofra a, mɛma mmofra no awuwu wɔ wɔn nsa mu. Wonnue, sɛ miyi mʼani fi wɔn so a!
Mpo sɛ wɔtete mmɔfra a, mɛma mmɔfra no awuwu wɔ wɔn nsa mu. Wɔnnue, sɛ meyi mʼani firi wɔn so a!
13 Mahu Efraim te sɛ Tiro, a ɛda baabi a eye. Nanso Efraim de ne mma bɛbrɛ okumfo no.”
Mahunu Efraim te sɛ Tiro, a ɛda baabi a ɛyɛ. Nanso Efraim de ne mma bɛbrɛ okumfoɔ no.”
14 Fa ma wɔn, Awurade, dɛn na wode bɛma wɔn? Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn ne nufu a nufusu nni mu.
Fa ma wɔn, Ao, Awurade, ɛdeɛn na wode bɛma wɔn? Ma wɔn yafunu a ɛpɔn ne nufoɔ a nufosuo nni muo.
15 “Wɔn atirimɔdensɛm nyinaa a wodii wɔ Gilgal nti, mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ. Wɔn nnebɔne nti mɛpam wɔn afi me fi. Merennɔ wɔn bio; efisɛ wɔn ntuanofo nyinaa yɛ atuatewfo.
“Wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa a wɔdii wɔ Gilgal enti, mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ. Wɔn nnebɔne enti mɛpam wɔn afiri me fie. Merennɔ wɔn bio; ɛfiri sɛ wɔn ntuanofoɔ nyinaa yɛ atuatefoɔ.
16 Efraim agyigya, wɔn ntin akisa, nti wɔnsow aba. Sɛ wɔwo mma mpo a, mekunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”
Efraim agyigya, ne nhini akusa, enti wɔnso aba. Sɛ wɔwo mma mpo a, mɛkunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”
17 Me Nyankopɔn bɛpo wɔn, efisɛ, wɔanyɛ osetie amma no; Wobekyinkyin aman no mu.
Me Onyankopɔn bɛpo wɔn, ɛfiri sɛ, wɔannyɛ ɔsetie amma no; Wɔbɛkyinkyini aman no mu.

< Hosea 9 >