< Hosea 8 >

1 “Monhyɛn torobɛnto! Ɔkɔre bi wɔ Awurade fifo so efisɛ nnipa no abu mʼapam so na wɔasɔre atia me mmara.
“Monhyɛn totorobɛnto! Ɔkɔdeɛ bi wɔ Awurade fiefoɔ so ɛfiri sɛ nnipa no abu mʼapam so na wɔasɔre atia me mmara.
2 Afei Israel su frɛ me se, ‘Yɛn Nyankopɔn, yegye wo to mu!’
Afei, Israel su frɛ me sɛ, ‘Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛgye wo to mu!’
3 Nanso Israel apo nea eye; ɔtamfo bɛtaa no.
Nanso, Israel apo deɛ ɛyɛ; ɔtamfoɔ bɛtaa no.
4 Wosisi ahemfo a minnim ho hwee, wɔpaw ahenemma wɔ bere a mempenee so ɛ. Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho de sɛe wɔn ankasa ho.
Wɔsisi ahemfo a mennim ho hwee wɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so. Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho de sɛeɛ wɔn ankasa ho.
5 Tow wo nantwi ba ohoni no kyene, Samaria! Mʼabufuwhyew reba wɔn so. Wɔbɛtena nea ɛho ntew mu akosi da bɛn?
To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria! Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so. Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn?
6 Wofi Israel! Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii; ɛnyɛ Onyankopɔn! Wobebubu mu asinasin, saa Samaria nantwi ba no.
Wɔfiri Israel! Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ; ɛnyɛ Onyankopɔn! Wɔbɛbubu mu asinasini, saa Samaria nantwie ba no.
7 “Wodua mframa na wotwa mfɛtɛ. Awi a egyina hɔ no nni ti; nti wɔrennya siam mfi mu. Sɛ ɛsow aduan mpo a, ahɔho na wobedi.
“Wɔdua mframa na wɔtwa ntwahoframa. Awuo a ɛgyina hɔ no nni tire; enti wɔrennya esam mfiri mu. Sɛ ɛso aduane mpo a, ahɔhoɔ na wɔbɛdi.
8 Wɔamene Israel; afei ɔfra aman no mu te sɛ ade a so nni mfaso biara.
Wɔamene Israel; afei ɔfra aman no mu te sɛ adeɛ a ɛho nni mfasoɔ biara.
9 Na wɔakɔ Asiria te sɛ wuram afurum a ɔno nko ara nenam. Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfo.
Na wɔakɔ Asiria te sɛ wiram afunumu a ɔno nko ara nenam. Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ.
10 Ɛwɔ mu, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu de, nanso mɛboaboa wɔn ano. Wɔn so befi ase atew wɔ ɔhene kɛse bi nhyɛso ase.
Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ, nanso mɛboaboa wɔn ano. Wɔn so bɛfiri aseɛ ate wɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase.
11 “Ɛwɔ mu sɛ Efraim sisii afɔremuka bebree a wɔbɔ bɔnefakyɛ afɔre wɔ so de, ɛno nti abɛyɛ afɔremuka a wɔyɛ bɔne wɔ so.
“Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ, ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so.
12 Mekyerɛw me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn, nanso wɔfaa no sɛ ananafo ade.
Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn, nanso wɔfaa no sɛ ananafoɔ adeɛ.
13 Wɔde mʼayɛyɛde bɔ afɔre na wɔwe nam no, nanso wɔnsɔ Awurade ani. Afei ɔbɛkae wɔn atirimɔdensɛm na wɔatwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho: Wɔbɛsan akɔ Misraim.
Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛ na wɔwe ɛnam no, nanso wɔnsɔ Awurade ani. Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛm na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho: Wɔbɛsane akɔ Misraim.
14 Israel werɛ afi ne yɛfo na wasisi ahemfi akɛseakɛse; Yuda abɔ nkurow bebree ho ban. Nanso mɛto ne nkuropɔn mu gya a ɛbɛhyew wɔn aban.”
Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ na wasisi ahemfie akɛseakɛseɛ; Yuda abɔ nkuro bebree ho ban. Nanso, mɛto ne nkuropɔn mu ogya a ɛbɛhye wɔn aban.”

< Hosea 8 >