< Hosea 7 >

1 bere biara a mɛsa Israel yare no, Efraim nnebɔne da adi. Samaria awurukasɛm nso da adi. Wɔyɛ nnaadaafo akorɔmfo a wobubu adan ani kɔ afi mu, ne akwamukafo a wɔbɔ korɔn wɔ mmɔnten so.
Kad hoću Izraela liječiti, otkriva se bezakonje Efrajimovo i zloća Samarije; prijevarom se bave oni: tat u kuću provaljuje, a vani napadaju razbojnici.
2 Na wonhu sɛ mekae wɔn nnebɔne nyinaa. Wɔn bɔne bunkam wɔn so; egu mʼanim bere biara.
I u srcu svome oni ne kažu da ja pamtim svu zlopakost njihovu! Ali djela su ih njihova sad opkolila, pred licem mojim ona stoje.
3 “Wɔde atirimɔdensɛm gyigye ɔhene no ani, na wɔde atoro nso gyigye ahenemma no ani.
Svojom zloćom razveseljuju kralja, a knezove podlošću svojom.
4 Wɔn nyinaa yɛ aguamammɔfo a akɔnnɔ redɛw wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya bere a brodotofo ahyɛ ase refɔtɔw nʼasikresiam.
Svi su oni preljubnici, kao peć su ražarena koju pekar više ne potpaljuje kad zamijesi tijesto pa dok ne ukisne.
5 Da a ɔhene rehyɛ fa no ahenemma bow nsa, na ɔhene no fɛwdifo ne wɔn bɔ mu goru.
U dan kralja našega knezovi obolješe od žestine vina, a on ruku pruža pijanima.
6 Wɔn koma te sɛ fononoo; wɔde atirimpɔw bɔne kɔ ɔhene anim. Wɔn nsusuwii bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa; anɔpa, ɛdɛw te sɛ ogyatannaa.
U zavjeri srce im se žari poput peći; svu noć njihova jarost drijema, ujutru se razgara k'o plam ognjeni;
7 Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo. Wokunkum wɔn sodifo. Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase na wɔn mu biara nsu mfrɛ me.
poput peći svi se raspalili te proždiru svoje suce. Padoše svi njihovi kraljevi, a nijedan od njih zazvao me nije.
8 “Efraim ne aman no adi afra; Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wonkisae.
Efrajim se miješa s narodima, Efrajim je pogača što je ne prevrnuše.
9 Ananafo twe nʼahoɔden, nanso onhu. Dwen aba ne ti so, nanso nʼani mmaa so ɛ.
Tuđinci proždiru snagu njegovu, a on toga i ne zna! Sjedine mu pobijeliše glavu, a on toga i ne zna!
10 Israel ahantan di adanse tia no, nanso eyi nyinaa akyi no ɔnnsan nkɔ Awurade ne Nyankopɔn nkyɛn, na ɔnhwehwɛ no nso.
Naprasitost Izraelova protiv njih samih svjedoči; i oni se ne vraćaju Jahvi, Bogu svome, i uza sve to oni ga ne traže!
11 “Efraim te sɛ aborɔnoma, wotumi daadaa no na onni adwene. Ɔfrɛ Misraim, na wadan akɔ Asiria.
Efrajim je kao golubica plaha i bez razuma; oni pozivaju Egipat, idu u Asiriju.
12 Sɛ wɔkɔ a, mɛtow mʼasau agu wɔn so; atwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa. Sɛ mete sɛ wɔretu abɔ mu a, mɛkyere wɔn.
Kamo god otišli, na njih ću razapeti svoju mrežu, oborit ću ih kao ptice nebeske, za njihovu ih kazniti zloću.
13 Nnome nka wɔn, efisɛ wɔatwe wɔn ho afi me ho! Ɔsɛe mmra wɔn so efisɛ wɔatew me so atua! anka mepɛ sɛ migye wɔn nanso wutwa atoro fa me ho.
Teško njima jer od mene odbjegoše! Propast na njih jer se pobuniše protiv mene! Otkupit' ih hoću, a oni protiv mene lažu.
14 Wommfi wɔn koma mu nsu mfrɛ me, mmom wotwa adwo wɔ wɔn mpa so. Wɔboaboa wɔn ho ano kɔhwehwɛ aduan ne nsa foforo, nanso wɔtwe wɔn ho fi me ho.
Oni me ne prizivlju iz srca kada kukaju na svojim ležajima; razdiru svoje lice zbog žita i mošta, ali protiv mene se bune.
15 Metetew wɔn, hyɛɛ wɔn den, nanso wɔbɔ pɔw bɔne tia me.
Dok sam im ja mišicu krijepio, oni su zlosti smišljali protiv mene!
16 Wɔnhwehwɛ Ɔsorosoroni no; wɔte sɛ tadua a asɛe, wɔn ntuanofo bɛtotɔ wɔ afoa ano efisɛ, wɔnkasa obu so. Eyi nti wobedi wɔn ho fɛw wɔ Misraim asase so.
Okreću se prema ništavostima, oni su poput varljiva luka. Poradi razbješnjela jezika knezovi će im od mača pasti, bit će im to na ruglo u zemlji egipatskoj!

< Hosea 7 >