< Hosea 6 >

1 “Mommra, momma yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn. Watetew yɛn mu asinasin nanso ɔbɛsa yɛn yare. Wapirapira yɛn nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru.
“Mommra, momma yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn. Wɔatete yɛn mu asinasini nanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ. Wapirapira yɛn nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro.
2 Nnaanu akyi, ɔbɛma yɛanya ahoɔden; nansa so, ɔde yɛn besi yɛn sibea na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.
Nnanu akyiri, ɔbɛma yɛanya ahoɔden; nansa so, ɔde yɛn bɛsi yɛn siberɛ na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.
3 Momma yennye Awurade nto mu; momma yɛnkɔ so nnye no nto mu. Sɛnea owia pue da biara no, obepue; ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛtɔ awɔwbere mu anaa asusow bere mu su a ɛfɔw asase.”
Momma yɛnnye Awurade nto mu; momma yɛn nkɔ so nnye no nto mu. Sɛdeɛ awia pue da biara no, ɔbɛpue; ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osuo a ɛtɔ awɔberɛ mu anaa osutɔberɛ mu nsuo a ɛfɔ asase.”
4 “Dɛn na metumi de wo ayɛ, Efraim? Dɛn na metumi de wo ayɛ, Yuda? Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ, ɛte sɛ anɔpa bosu a etu yera.
“Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Efraim? Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Yuda? Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ, ɛte sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera.
5 Mede mʼadiyifo twitwaa mo mu asinasin, mede mʼanom nsɛm kunkum mo; mʼatemmu baa mo so sɛ anyinam.
Mede mʼadiyifoɔ twitwaa mo mu asinasini, mede mʼanum nsɛm kunkumm mo; mʼatemmuo baa mo so sɛ anyinam.
6 Mepɛ ahummɔbɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ, mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.
Mepɛ ahummɔborɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ, mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.
7 Wɔabu apam no so sɛnea Adam yɛe. Wɔanni me nokware wɔ hɔ.
Wɔabu apam no so sɛdeɛ Adam yɛeɛ. Wɔanni me nokorɛ wɔ hɔ.
8 Gilead yɛ atirimɔdenfo kuropɔn a mogya anammɔn akeka hɔ.
Gilead yɛ atirimuɔdenfoɔ kuropɔn a mogya anammɔn akeka hɔ.
9 Sɛnea akwamukafo ka kwan mu no saa ara na asɔfokuw no nso yɛ; wodi awu wɔ Sekem tempɔn so, yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguase.
Sɛdeɛ akwanmukafoɔ ka ɛkwan mu no saa ara na asɔfo kuo no nso yɛ; wɔdi awu wɔ Sekem kwantempɔn so yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguaseɛ.
10 Mahu ahodwiriwde wɔ Israelfi. Ɛhɔ, Efraim kɔ aguamammɔ mu Israel gu ne ho fi.
Mahunu ahodwiredeɛ wɔ Israel fie. Ɛhɔ, Efraim kɔ adwamammɔ mu Israel gu ne ho fi.
11 “Na wo Yuda nso, wɔahyɛ otwa bere ama wo. “Bere biara a mede me nkurɔfo siade bɛsan ama wɔn no,
“Na wo Yuda nso, wɔahyɛ otwa berɛ ama wo. “Ɛberɛ biara a mede me nkurɔfoɔ ahonya asane ama wɔn,

< Hosea 6 >