< Hosea 5 >

1 “Muntie, mo asɔfo! Monhyɛ eyi nso, mo Israelfo! Monyɛ asow, adehyefi! Saa atemmu yi tia mo: Moayɛ afiri wɔ Mispa, ne asau a wɔagu no Tabor so.
Hører dette, I Præster, lyt til du Israels hus, lån Øre, du Kongehus, thi eder gælder Dommen. Thi I blev en Snare for Mizpa, et Garn bredt ud over Tabor,
2 Atuatewfo adɔ mogyahwiegu mu asukɔ. Mɛtwe wɔn nyinaa aso.
en dyb Faldgrube i Sjittim; men jeg er en Lænke for alle.
3 Minim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaw me ɛ. Efraim, mprempren de wobɔ aguaman; na Israel aporɔw.
Efraim kender jeg, ej skjult er Israel for mig; thi du har bolet, Efraim, uren er Israel blevet.
4 “Wɔn nneyɛe mma wɔ kwan mma wɔnnkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Aguamammɔ honhom wɔ wɔn koma mu; wonnye Awurade nto mu.
Deres Gerninger tillader ikke, at de vender sig til deres Gud; thi Horeånd har de i sig, HERREN kender de ej.
5 Israel ahantan di tia no. Israelfo no, mpo Efraim hintihintiw wɔ wɔn amumɔyɛ mu; Yuda nso ne wɔn hintiw saa ara.
Mod Israel vidner dets Hovmod; Efraim styrter for sin Brøde, med dem skal og Juda styrte.
6 Sɛ wɔne wɔn nguan ne wɔn anantwi kɔhwehwɛ Awurade a Wɔrenhu no, efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.
Da går de med Småkvæg og Hornkvæg hen for at søge HERREN; men ham skal de ikke finde, thi bort fra dem vil han vige.
7 Wɔanni Awurade nokware. Wɔwowoo aguaman mma. Sɛ wodi wɔn Ɔsram Foforo Afahyɛ a, ɔbɛsɛe wɔn nsase.
Troløse var de mod HERREN, thi uægte Børn har de født; nu vil han opsluge dem, Plovmand sammen med Mark.
8 “Hyɛn torobɛnto no wɔ Gibea. Hyɛn mmɛn no wɔ Rama. Momma ɔko nteɛmu so wɔ Bet Awen; Benyamin, monsɔre nni anim.
Lad Hornet gjalde i Gibea, Trompeten i Rama, opløft Råb i Bet-Aven, Benjamin, var dig!
9 Efraim bɛda mpan wɔ akontaabu da. Israel mmusuakuw no mu no mepae mu ka nea ɛwɔ mu.
Til Ørk skal Efraim blive på Straffens Dag. Jeg kundgør om Israels Stammer, hvad sikkert skal ske.
10 Yuda sodifo no te sɛ wɔn a woyiyi ahye so abo. Mehwie mʼabufuw agu wɔn so te sɛ nsuyiri.
Som Folk, der flytter Skel, blev Judas Fyrster, over dem vil jeg øse min Harme som Vand.
11 Wɔhyɛ Efraim so, wotiatia ne so wɔ atemmu mu, wasi nʼadwene pi sɛ obedi ahoni akyi.
Efraim er undertrykt, Retten knust; frivilligt løb han efter Fjenden.
12 Mɛyɛ sɛ nwewee ama Efraim na mayɛ Yudafo sɛ dua a aporɔw.
Jeg er som Møl for Efraim, Edder for Judas Hus.
13 “Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda nso huu nʼakuru no, Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria. Ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse no hɔ kɔpɛɛ mmoa. Nanso wantumi ansa no yare, na akuru no nso anwuwu.
Da Efraim mærked sin Sygdom og Juda mærked sin Byld, gik Efraim hen til Assur, Storkongen sendte han Bud. Men han kan ej give jer Helse, han læger ej eders Byld.
14 Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfo ama Yuda. Mɛtetew wɔn mu nketenkete, na makɔ; Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.
Thi jeg er som en Løve for Efraim, en Løveunge for Judas Hus; jeg, jeg river sønder og går, slæber bort, og ingen redder.
15 Afei mɛsan akɔ me nkyi kosi sɛ wobenya ahonu. Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyi kwan; wɔn awerɛhow mu, wɔbɛhwehwɛ me anibere so.”
Jeg går til mit sted igen, indtil de bøder for skylden og søger frem for mit Åsyn, søger mig i deres Trængsel.

< Hosea 5 >