< Hosea 4 >

1 Muntie Awurade asɛm, mo Israelfo efisɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ mo a mote asase no so: “Nokware, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.
[後編:以色列的罪惡和懲罰]四:以色列子民,請聽上主的話! 因為上主譴責此地的居民:因為此地沒有誠實,沒有仁愛,沒有人認識天主;
2 Nnome nko ara, atorotwa ne awudi, akrɔmmɔ, ne aguamammɔ na moyɛ ma ɛtra so, na mogyahwiegu ba ntoatoaso.
只有詛咒、謊言、殺戳、偷竊、姦淫、強暴和纍纍的血案。
3 Eyi nti asase no di awerɛhow na wɔn a wɔte so nyinaa wuwu; wuram mmoa, wim nnomaa ne po mu nam rewuwu.
因此,此地必要荒廢;凡住在這地上的,甚至田間的野獸和天空的飛鳥都要絕跡,連海中的魚類也要消滅。
4 “Mma obiara mmɔ kwaadu, mma obiara mmɔ ɔfoforo sobo. Na mmom, mo asɔfo mo na me ne mo anya.
但是沒有人爭辯,也沒有人譴責! 司祭啊,我要與你爭辯!
5 Muhintiw awia ne anadwo, na adiyifo no ne mo hintiw. Ɛno nti mɛsɛe mo man.
你白天黑夜跌倒,先知也同你一齊跌倒,你竟然使你的人民喪亡。
6 Nimdeɛ a me nkurɔfo nni nti wɔresɛe. “Sɛ moapo nimdeɛ nti, me nso mapo mo sɛ mʼasɔfo; sɛ moabu mo ani agu mo Nyankopɔn mmara so nti, me nso mabu mʼani agu mo mma so.
我的百姓因缺乏知識而滅亡;因為你拋棄了知識,我也要拋棄你,不讓你充當我的司祭;你既然忘卻了你的天主的法律,我也要忘記你的子孫。
7 Asɔfo no redɔɔso no na bɔne a ɛboro so na wɔyɛ tia me. Wɔde wɔn Anuonyam asesa nea ɛyɛ animguase.
司祭越增多,也越得罪我,竟以羞辱作為他們的光榮。
8 Wodidi me nkurɔfo bɔne ho ɛno nti wɔn ani gye atirimɔdensɛm ho.
他們賴我百姓的罪惡自肥,一心渴望他們的過犯。
9 Sɛnea nnipa no te no, saa ara na asɔfo no nso te. Mɛtwe wɔn nyinaa aso wɔ wɔn akwan ho na matua wɔn wɔn nneyɛe so ka.
由此百姓和司祭,一律看待:我將按他的行徑懲治他,對他的行為予以報復,
10 “Wobedidi, nanso wɔremmee. Wɔbɛbɔ aguaman, nanso wɔn ase remfɛe, efisɛ, wɔagyaw Awurade hɔ, de wɔn ho ama
好使他們吃,卻吃不飽,行淫而不能繁殖;因為他們捨棄了上主,縱慾,
11 aguamammɔ, nsa dedaw ne foforo, a ɛma me nkurɔfo
行淫:老酒新酒叫人失去良知。
12 ntease tu yera. Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asen nkyɛn na duasin bi ama wɔn mmuae. Aguamammɔ honhom rema wɔn ayera kwan; wonni wɔn Nyankopɔn nokware.
我的人民求教於木偶,讓木杖啟示他;因為淫心迷往了他們,使他們行淫,遠開了他們的天主。
13 Wɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw atifi na wɔhyew afɔrebɔde wɔ nkoko so: odum, duafufu ne odupɔn ase, nea onwini yɛ fɔmm hɔ. Ɛno nti, wo mmabea dan aguamammɔfo na mo nsemmea nso yɛ nguamanfo.
在山頂上獻祭,在丘陵上、在橡樹、楊樹和篤耨香下焚香,在濃蔭下多麼愉快;因此你們的女兒行淫,你的兒媳犯姦。
14 “Merentwe mo mmabea aso sɛ wɔadan aguamammɔfo, anaa mo nsemmea aso sɛ wɔasɛe aware. Efisɛ mo mmarima, mo nso mote saa ara. Mo ne mmabea ne nsɔreso nguamanfo fa ayɔnko. Nnipa a wonni ntease no bɛkɔ ɔsɛe mu!
但我卻不因你們的女兒行了淫,而懲罰她們,也不因你們的兒息媳犯了姦,而處罰她們;因為她們同蕩婦走往偏僻之處,又同廟妓一同獻祭:但無知的百姓卻因此而墮落!
15 “Ɛwɔ mu sɛ woyɛ ɔwaresɛefo de, Israel, nanso, mma Yuda nni ho fɔ. “Nkɔ Gilgal; na mforo nkɔ Bet-Awen. Na nka ntam se, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’
以色列,如果你行了淫,但願猶大不要陷於罪惡! 你們不要到基耳加耳去,不要上貝特阿文,也不要起誓願 2上主永在! 」
16 Israelfo yɛ asoɔdenfo te sɛ nantwi ba a ɔyɛ asowui ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so sɛ nguantenmma a wɔwɔ adidibea?
的確,以色列倔強,有如一頭倔強的母牛,那麼上主那能牧放他們,有如在廣闊的草場牧放羔羊﹖
17 Efraim de ne ho abɔ ahoni ho; Gyaa no!
厄弗辣因與偶像結了不解之緣:任憑他們吧!
18 Sɛ wɔn nsa sa koraa a, wɔtoa wɔn aguamammɔ so; wɔn sodifo ani gye aniwude ho yiye.
他們與醉客為伍,任意荒淫,喜愛羞恥勝於上主的光榮。
19 Mfɛtɛ bɛpra wɔn akɔ, na wɔn afɔrebɔ de animguase bɛbrɛ wɔn.
暴風要伸展羽翼將他們捲去,他們必因自己的祭壇蒙受恥辱。

< Hosea 4 >