< Hosea 2 >

1 “Frɛ wo nuabarimanom, ‘Me nkurɔfo’ na frɛ wo nuabeanom, ‘Mʼadɔfo.’”
Llamen a sus hermanos Ammi, y a sus hermanas Ruhama.
2 “Ka wo na anim, ka nʼanim, na ɔnyɛ me yere na menyɛ ne kunu. Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ aguaman anim no na onnyae awaresɛe a ɔde ne nufu yɛ no.
Contiendan con su madre, contiendan, porque ella no es mi esposa ni Yo soy su esposo, para que se quite de su cara sus fornicaciones, y sus adulterios de entre sus pechos.
3 Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntama na wada adagyaw te sɛ da a wɔwoo no no; mɛma wayɛ sɛ nweatam, mɛdan no asase a awo wosee na mama osukɔm akum no.
No sea que la despoje, la deje totalmente desnuda, la coloque como el día cuando nació, la deje como el desierto, la reduzca a tierra árida, la mate de sed,
4 Merennɔ ne mma, efisɛ wɔyɛ aguaman mma.
y no me compadezca de sus hijos porque son hijos bastardos.
5 Wɔn na anyɛ ɔnokwafo na onyinsɛnee wɔn wɔ animguase mu. Ɔkae se, ‘Medi mʼadɔfo akyi, wɔn a wɔma me aduan ne nsu, ne kuntu ne nwera, ngo ne nsa.’
Sí, su madre se prostituyó, la que los dio a luz se deshonró, pues se dijo: Iré tras mis amantes, los cuales me dan mi pan y mi agua, mi lana y mi lino, mi aceite y mi vino.
6 Eyi nti, mede nsɔe besiw no kwan; mɛto ɔfasu afa ne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu kwan.
Por tanto mira, Yo obstruyo tu camino con espinos. Construiré un muro contra ella para que no encuentren sus senderos.
7 Obetiw nʼadɔfo, nanso ɔrento wɔn; ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhu wɔn. Afei, ɔbɛka se, ‘Mɛsan akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kan no, efisɛ, saa bere no na eye ma me sen mprempren.’
Perseguirá a sus amantes y no los alcanzará, los buscará y no los hallará, y dirá: Volveré a mi primer esposo, porque entonces estaba mejor que ahora.
8 Ɔnkae sɛ me na memaa no aduan, nsa foforo ne ngo, nea ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so ma wɔde kɔsom Baal no.
Ella no entendía que era Yo el que le daba el grano, el mosto y el aceite, el que le multiplicaba la plata y el oro que usan para baal.
9 “Enti sɛ mʼaduan no du twabere a mɛfa mʼade, ne me nsa foforo no nso saa ara. Megye me kuntu ne me nwera, a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagyaw so no.
Por eso le retendré mi grano en la cosecha y mi mosto en su época. Recuperaré mi lana y mi lino con los cuales cubría su desnudez.
10 Enti afei mɛbɔ no adagyaw wɔ nʼadɔfo anim; obiara rentumi nnye no mfi me nsam.
Descubriré ante sus amantes su infamia, y no habrá quien la libre de mi mano.
11 Metwa nʼafahyɛ nyinaa so: nʼafirihyia afahyɛ, Ɔsram Foforo afahyɛ Homeda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahorow nyinaa.
Haré cesar todo su alborozo: sus fiestas, sus nuevas lunas y sus sábados, y todas sus solemnidades.
12 Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua, nea ɔka se nʼadɔfo de tuaa no ka no; mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ, ama wuram mmoa awe.
Arrasaré su vid y su higuera, de las cuales decía: son mi paga, me las dieron mis amantes. Las convertiré en matorrales, y los comerán las bestias del campo.
13 Mɛtwe nʼaso wɔ nna a ɔhyew aduhuam maa Baal no ho; ɔde nkaa ne agude hyehyɛɛ ne ho, tu dii nʼadɔfo akyi, me de, ne werɛ fii me,” nea Awurade se ni.
La castigaré por los días dedicados a los baales, a los cuales les quemaba incienso, y adornada con aretes y collares iba detrás de sus amantes, y se olvidaba de mí, dice Yavé.
14 “Enti merekɔdaadaa no; mede no bɛkɔ nweatam so na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ.
Por tanto, Yo la atraeré y la llevaré al desierto, y le hablaré a su corazón.
15 Mɛsan de ne bobe mfuw ama no. Mɛyɛ no Sɛkyɛ Bon, anidaso pon. Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛnea na ɔyɛ ne mmabun bere mu no ne bere a ofii Misraim no.
Allí le daré sus viñas y el valle de Acor, como puerta de esperanza. Allí me responderá como en su juventud, como cuando salió de Egipto.
16 “Saa da no,” sɛɛ na Awurade se, “Wobɛfrɛ me ‘me kunu’; na woremfrɛ me ‘me wura’ bio.
Sucederá en aquel día, dice Yavé, que tú me llamarás: Esposo mío, y ya no me llamarás: ʼAdón mío.
17 Meyi Baal ahorow din no afi nʼano; na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio.
Pues quitaré de su boca los nombres de los baales, y sus nombres ya no serán invocados.
18 Saa da no, mɛyɛ apam ama wɔn, wɔne wuram mmoa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea wɔ asase so. Tadua, mpeaw ne ɔko, mɛbra wɔ asase no so, sɛnea wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoe mu.
Haré un pacto a favor de ellos con las bestias salvajes, las aves de los cielos y los reptiles de la tierra. Romperé el arco, la espada y las batallas de la tierra, y haré que reposen seguros.
19 Mɛware wo afebɔɔ; mɛda trenee ne atɛntrenee, ahummɔbɔ ne ayamhyehye adi akyerɛ wo.
Te comprometeré conmigo para siempre. Te desposaré conmigo en justicia y justo juicio, con benignidad y gran misericordia.
20 Mɛware wo nokware mu, ama woahu Awurade.
Te desposaré conmigo en fidelidad, y tú conocerás a Yavé.
21 “Saa da no, megye wo so,” nea Awurade se ni. “Megye ɔsoro so, na ɔsoro de osu begye asase so,
Aquel día responderé, dice Yavé. Yo responderé a los cielos, y ellos responderán a la tierra.
22 na asase nso begye nnɔbae so: bobe foforo ne ngodua, na wɔn nso agye so se ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua.’
Y la tierra responderá al trigo, al vino y al aceite, y ellos responderán a Jezreel.
23 Mede Israel bedua asase no so ama me ho; mɛda me dɔ adi akyerɛ nea mekae se, ‘wonyɛ me dɔfo’ no. Mɛka akyerɛ wɔn a misee wɔn sɛ ‘monyɛ me nkurɔfo’ no se ‘moyɛ me nkurɔfo,’ na wɔn nso aka se, ‘Wone me Nyankopɔn.’”
Y la sembraré en la tierra para Mí mismo, y me compadeceré de Lo-ruhama, y diré a Lo-ammi: Pueblo mío. Y él responderá: Tú eres mi ʼElohim.

< Hosea 2 >