< Hosea 14 >
1 Israel, san wʼakyi kɔ Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn. Wʼasehwe fi wo bɔne!
¡Oh Israel, regresa a Yavé tu ʼElohim, pues caíste a causa de tu iniquidad!
2 Fa wo nsɛm a wowɔ san kɔ Awurade nkyɛn. Ka kyerɛ no se, “Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn, na fa ahummɔbɔ gye yɛn, na yɛatumi ayi wo ayɛ.
Tomen palabras y regresen a Yavé. Díganle: Quita toda iniquidad, acéptanos con benevolencia. Te ofreceremos el fruto de nuestros labios.
3 Asiria rentumi nnye yɛn; yɛrentena akofo apɔnkɔ so. Yɛrenka bio da se, ‘Yɛn anyame’ nkyerɛ nea yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, na wo mu na ayisaa nya mmɔborɔhunu.”
Asiria no nos salvará. No montaremos en caballos, ni diremos nunca más a la obra de nuestras manos: ustedes son nuestro ʼElohim. Porque en ti el huérfano halla misericordia.
4 “Mɛsa wɔn asoɔden yare. Mefi me koma mu adɔ wɔn, efisɛ mʼabufuw nni wɔn so bio.
Sanaré su apostasía. Los amaré por gracia, porque mi ira se apartó de ellos.
5 Mɛyɛ sɛ obosu ama Israel. Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ sukooko. Te sɛ Lebanon sida no, ɔde ne ntin betim fam;
Seré para Israel como el rocío. Florecerá como el lirio y extenderá sus raíces como el Líbano.
6 ne mman bɛdennan. Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngodua, na ne hua ayɛ sɛ Lebanon sida.
Se extenderán sus ramas. Su esplendor será como el del olivo, y exhalará su fragancia como el Líbano.
7 Nnipa bɛtena ne nwini ase bio. Obenyin ayɛ frɔmfrɔm te sɛ aburow. Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ bobe, na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsa a efi Lebanon.
Regresarán y se sentarán bajo su sombra. Serán revividos como el grano y crecerán como una vid. Su aroma será como la del vino del Líbano.
8 Efraim dɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio? Megye no so na mʼani aku ne ho. Mete sɛ dua a nʼahaban mpo; sɛ wobɛsow aba a, egyina me so.”
Efraín dirá: ¿Qué más tengo yo que hacer con ídolos? Yo responderé y velaré por ti. Soy como un exuberante ciprés. De mí viene tu fruto.
9 Hena ne onyansafo? Obehu eyinom mu. Hena na ɔwɔ nhumu? Ɔbɛte eyinom ase. Awurade akwan teɛ. Atreneefo nantew so, nanso asoɔdenfo hintiw wɔ mu.
El que es sabio, que entienda estas cosas. El que sea prudente que las sepa. Porque los caminos de Yavé son rectos, el justo andará en ellos, pero los transgresores tropezarán en ellos.