< Hosea 13 >

1 Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo; wɔma no so wɔ Israelman mu. Nanso Baalsom nti, onyaa afɔbu na owui.
When Ephraim spoke, there was trembling; he exalted himself in Israel: but he trespassed through Baal, and he died.
2 Afei wɔkɔ so yɛ bɔne ara; wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho, nsɛsode no nyinaa no. Adwumfo no nam nyansakwan so na ayeyɛ. Wɔka nnipa yi ho asɛm se, “Wɔde nnipa bɔ afɔre na wofew nantwimma ahoni ano.”
And now they sin more and more, and have made them molten images of their silver, idols according to their own understanding, all of it the work of the craftsmen: they say of them, Let the men that sacrifice kiss the calves.
3 Ɛno nti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum sɛ anɔpa bosu a etu yera, sɛ ntɛtɛ a ehuw fi awiporowbea sɛ wusiw a ɛfa mfɛnsere mu kɔ.
Therefore they shall be as the morning cloud, and as the early dew that passeth away, as the chaff driven with the whirlwind out of the threshing-floor, and as the smoke out of the lattice.
4 “Nanso mene Awurade wo Nyankopɔn, a miyii wo fii Misraim. Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me, anaa Ogyefo biara sɛ me.
Yet I [am] Jehovah thy God from the land of Egypt, and thou hast known no God but me; and there is no saviour besides me.
5 Mehwɛɛ wo wɔ nweatam so, asase a so yɛ hyew yiye no so.
I knew thee in the wilderness, in the land of drought.
6 Memaa wɔn aduan no, wodi mee; wɔmee no, wɔyɛɛ ahantan; na wɔn werɛ fii me.
According to their pasture, they became full; they became full, and their heart was exalted: therefore have they forgotten me.
7 Enti mɛtow ahyɛ wɔn so sɛ gyata, mɛtɛw wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.
And I will be unto them as a lion; as a leopard I will lurk for them by the way;
8 Mɛtow ahyɛ wɔn so na matetew wɔn mu te sɛ sisi bi a wɔawia ne mma. Mɛwe wɔn te sɛ gyata; wuram aboa besunsuan wɔn mu.
I will meet them as a bear bereaved of her [whelps], and will rend the covering of their heart, and there will I devour them like a lioness: the beast of the field shall tear them.
9 “Wɔasɛe wo, Israel, efisɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo boafo.
It is thy destruction, O Israel, that [thou art] against me, against thy help.
10 Wo hene wɔ he na wabegye wo? Wo sodifo a wɔwɔ wo nkurow nyinaa so no wɔ he, wɔn a wokaa faa wɔn ho se, ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?
Where then is thy king, that he may save thee in all thy cities? and thy judges of whom thou saidst, Give me a king and princes? —
11 Enti mʼabufuw mu, memaa wo ɔhene, na mʼanibere mu no, miyii no hɔ.
I gave thee a king in mine anger, and took him away in my wrath.
12 Efraim afɔdi no wɔaboaboa ano wɔakyerɛw ne bɔne agu hɔ.
The iniquity of Ephraim is bound up; his sin is laid by in store.
13 Ɔbɛte ɔyaw te sɛ ɔbea a ɔreko awo, na abofra no nnim nyansa nti; sɛ bere no du a, ɔmma awotwaa no ano.
The pangs of a woman in travail shall come upon him: he is a son not wise; for at the time of the breaking forth of children, he was not there.
14 “Mɛpata agye wɔn afi ɔda tumi mu. Megye wɔn afi owu nsam. Owu, wo nwowɔe wɔ he? Asaman, wo sɛe wɔ he? “Merennya ayamhyehye biara, (Sheol h7585)
I will ransom them from the power of Sheol. I will redeem them from death: where, O death, are thy plagues? where, O Sheol, is thy destruction? Repentance shall be hid from mine eyes. (Sheol h7585)
15 mpo sɛ ɔyɛ yiye wɔ ne nuanom mu a. Apuei mframa a efi Awurade hɔ bɛba, ɛbɛbɔ afi nweatam so; osu rentɔ asusowbere na nʼabura bɛyow. Wɔbɛfom ne koradan mu nneɛma nea ɛsom bo no nyinaa.
Though he be fruitful among [his] brethren, an east wind shall come, a wind of Jehovah [that] cometh up from the wilderness, and his spring shall become dry, and his fountain shall be dried up: he shall spoil the treasure of all pleasant vessels.
16 Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdi to mu, efisɛ wɔayɛ dɔm atia wɔn Nyankopɔn. Wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano; wɔbɛtotow wɔn mmofra ahwehwe fam, wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”
Samaria shall bear her guilt; for she hath rebelled against her God: they shall fall by the sword; their infants shall be dashed in pieces, and their women with child shall be ripped up.

< Hosea 13 >