< Hosea 12 >

1 Efraim de mframa ayɛ aduan; odi apuei mframa akyi daa na odi atoro yɛ akakabensɛm bebree. Ɔne Asiria yɛ apam na ɔde ngo kɔ Misraim.
אפרים רעה רוח ורדף קדים--כל היום כזב ושד ירבה וברית עם אשור יכרתו ושמן למצרים יובל
2 Awurade wɔ sobo de bɔ Yuda; ɔbɛtwe Yakob aso wɔ nʼakwan ho na watua no ne nneyɛe so ka.
וריב ליהוה עם יהודה ולפקד על יעקב כדרכיו כמעלליו ישיב לו
3 Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin; onyinii no, ɔne Onyankopɔn peperee so.
בבטן עקב את אחיו ובאונו שרה את אלהים
4 Ɔne ɔbɔfo tentam dii ne so nkonim; ɔde nusu srɛɛ ne nkyɛn adom. Ohuu no wɔ Bet-El ne no kasaa wɔ hɔ.
וישר אל מלאך ויכל בכה ויתחנן לו בית אל ימצאנו ושם ידבר עמנו
5 Asafo Awurade Nyankopɔn, Awurade ne ne din a ahyeta!
ויהוה אלהי הצבאות--יהוה זכרו
6 Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn. Tena ɔdɔ ne trenee mu, na twɛn wo Nyankopɔn daa.
ואתה באלהיך תשוב חסד ומשפט שמר וקוה אל אלהיך תמיד
7 Oguadini de asisi nsania yɛ nʼadwuma; nʼani gye asisi ho.
כנען בידו מאזני מרמה--לעשק אהב
8 Efraim hoahoa ne ho sɛ, “Meyɛ ɔdefo; manya me ho. Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhu amumɔyɛ biara wɔ me ho.”
ויאמר אפרים--אך עשרתי מצאתי און לי כל יגיעי לא ימצאו לי עון אשר חטא
9 “Mene Awurade wo Nyankopɔn, a miyii wo fii Misraim. Mɛma woakɔtena ntamadan mu bio sɛnea na woyɛ wɔ wʼaponto afahyɛ nna mu no.
ואנכי יהוה אלהיך מארץ מצרים עד אושיבך באהלים כימי מועד
10 Mekasa kyerɛɛ adiyifo, memaa wɔn anisoadehu bebree na mefaa wɔn so kaa mmebusɛm.”
ודברתי על הנביאים ואנכי חזון הרביתי וביד הנביאים אדמה
11 Gilead yɛ otirimɔdenfo ana? Emu nnipa no yɛ ahuhufo! Wɔde anantwi bɔ afɔre wɔ Gilgal ana? Wɔn afɔremuka bɛyɛ te sɛ abo a wɔahɔre no siw wɔ asase a wɔafuntum so.
אם גלעד און אך שוא היו בגלגל שורים זבחו גם מזבחותם כגלים על תלמי שדי
12 Yakob guan kɔɔ Aramfo asase so; Israel som de nyaa ɔyere, ɔhwɛɛ nguan de tuaa ti nsa.
ויברח יעקב שדה ארם ויעבד ישראל באשה ובאשה שמר
13 Awurade nam odiyifo so yii Israel fii Misraim, ɔnam odiyifo so hwɛɛ no.
ובנביא העלה יהוה את ישראל ממצרים ובנביא נשמר
14 Nanso Efraim ahyɛ no abufuw yayaayaw; nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdi ada no so na obetua nʼanimtiaabu no so ka.
הכעיס אפרים תמרורים ודמיו עליו יטוש וחרפתו ישיב לו אדניו

< Hosea 12 >