< Hosea 10 >
1 Israel yɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw; ɔsow aba maa ne ho. Bere a nʼaba redɔɔso no, osisii afɔremuka bebree; nʼasase rekɔ so yɛ yiye no osiesie nʼabosom dum kronkron no.
La vid vacía a Israel, haciendo fruto para él: conforme a la multiplicación de su fruto, multiplicó altares: conforme a la bondad de su tierra, mejoraron sus estatuas.
2 Nnaadaasɛm wɔ wɔn koma mu, nti ɛsɛ sɛ wonya wɔn afɔdi so asotwe. Awurade bebubu wɔn afɔremuka, na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.
Apartóse su corazón. Ahora serán convencidos: el quebrantará sus altares, asolará sus estatuas.
3 Afei, wɔbɛka se, “Yenni ɔhene, efisɛ, yɛamfa nidi amma Awurade. Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene koraa a, dɛn na anka obetumi ayɛ ama yɛn?”
Porque ahora dirán: No tenemos rey, porque no temimos a Jehová; y el rey, ¿qué nos hará?
4 Wɔhyɛ bɔ ahorow bebree, wɔka ntamhunu na wɔyɛ apam ahorow; ɛno nti mansotwe sɔresɔre te sɛ wura a bɔre wɔ mu a afifi asase a wɔafuntum so so.
Hablaron palabras jurando en vano, haciendo alianza; y el juicio florecerá en los surcos del campo como ajenjo.
5 Nnipa a wɔte Samaria no suro ma Bet-Awen nantwi ba ohoni no. Ne nkurɔfo besu. Saa ara na nʼakɔmfo nso bɛyɛ, wɔn a wogyee wɔn ani wɔ nʼanuonyam ho no. Efisɛ wɔafa no afi wɔn nkyɛn kɔ nnommum mu.
Por las becerras de Bet-aven serán atemorizados los moradores de Samaria; porque su pueblo lamentará por su causa; y sus sacerdotes se alegrarán a causa del, por su gloria que será perdida.
6 Wɔde no bɛkɔ Asiria, de akɔhyɛ ɔhene kɛse no anuonyam. Ebegu Efraim anim ase; na Israel ani bewu wɔ ne nnua ahoni ho.
Y aun también será él llevado en Asiria en presente al rey de Jareb: Efraím será avergonzado, Israel será confuso de su consejo.
7 Samaria na ne hene bɛsen akɔ te sɛ abaa a ɛtɛn nsu ani.
De Samaria fue cortado su rey, como la espuma sobre las haces de las aguas.
8 Wɔbɛsɛe abosonnan a wodi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no. Nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi hɔ, na akata wɔn afɔremuka so. Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Mommɛkata yɛn so!” na wase nkoko se, “Munnwiriw ngu yɛn so!”
Y los altares de Avén serán destruidos, el pecado de Israel: crecerá sobre sus altares espino y cardo, y dirán a los montes: Cubrídnos; y a los collados: Caéd sobre nosotros.
9 “Efi Gibea bere so, woayɛ bɔne, Israel, na hɔ na woaka. Na ɔko rentwiw amfa amumɔyɛfo a wɔwɔ Gibea no so ana?
Desde los días de Gabaa has pecado, o! Israel: allí estuvieron: no los tomó la batalla en Gabaa contra los inicuos.
10 Bere a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso; aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn. Wɔde mpokyerɛ begu wɔn wɔ wɔn bɔne dodow ho.
Yo los castigaré como deseo; y pueblos se juntarán sobre ellos cuando serán atados en sus dos surcos.
11 Efraim yɛ nantwi ba a wɔayɛn no, a ɔpɛ awiporowbea adwuma, enti mede konnua bɛto ne kɔn fɛɛfɛ mu. Mɛkyerɛ Efraim ɔkwan, ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no, na Yakob nso siesie so.
Efraím, becerra domada amadora del trillar: mas yo pasaré sobre la hermosura de su pescuezo: yo haré llevar yugo a Efraím, arará Judá, quebrará sus terrones Jacob.
12 Dua trenee aba ma wo ho, twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa, siesie wʼasase a womfuntumii so no; na bere adu sɛ wohwehwɛ Awurade, kosi sɛ ɔbɛba abɛpete trenee agu wo so.
Sembrád para vosotros a justicia, segád para vosotros a misericordia, arád para vosotros arada; porque el tiempo es de buscar a Jehová hasta que venga, y os enseñe justicia.
13 Nanso woadua atirimɔden aba, na woatwa aba bɔne. Woadi nnaadaa aba. Efisɛ wode wo ho ato wʼahoɔden ne wʼakofo bebrebe no so,
Habéis arado impiedad, segasteis iniquidad, comeréis fruto de mentira; porque confiaste en tu camino, en la multitud de tus fuertes.
14 ɔko mu huuyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfo, na wʼaban nyinaa bɛsɛe, sɛnea Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no, da a wɔde ɛnanom ne wɔn mma hwehwee fam no.
Por tanto en tus pueblos se levantará alboroto, y todas tus fortalezas serán destruidas, como en la deshecha de Salmana en Bet-arbel el día de la batalla: la madre fue arrojada sobre los hijos.
15 Saa ara na ɛbɛba wo so, Bet-El, efisɛ wʼatirimɔdensɛm no dɔɔso. Sɛ da no du a, Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.
Así hará a vosotros Bet-el por la maldad de vuestra maldad: en la mañana cortando será cortado el rey de Israel.