< Hebrifo 9 >

1 Na apam a edi kan no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ baabi a nnipa asiesie a wɔsom.
Мав же і перший заповіт постанови богослужби та земну святиню.
2 Wosii ntamadan a wɔatwa mu abien. Ɔdan a edi kan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɔpon ne brodo a wɔatew ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ.
Була́ бо уряджена перша скинія, яка зветься „Святе“, а в ній був світильни́к, і стіл, і жертовні хліби.
3 Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no,
А за другою засло́ною скинія, що зветься „Святе́ Святих“.
4 na sika aduhuamyɛfo afɔremuka ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron pema a ɛfefɛwee ne apam bopon no wɔ.
Мала вона золоту кадильницю й ковче́га заповіту, усюди обку́того золотом, а в нім золота посу́дина з ма́нною, і розцві́ле жезло́ Ааро́нове та табли́ці заповіту.
5 Adaka no so hɔ nso na anuonyam Kerubim a wɔatrɛw wɔn ntaban mu akata adaka no nkataso no so si. Nanso yɛrentumi nka nneɛma yi ho asɛm nkɔ akyiri mprempren.
А над ним херуви́ми слави, що затінювали престола благодаті, про що говорити докладно тепер не потрібно.
6 Saa na wɔahyehyɛ nneɛma no. Da biara na asɔfo no kɔ ɔdan a edi kan no mu kɔyɛ wɔn adwuma;
При такому ж уря́дженні до першої скинії вхо́дили за́вжди священики, пра́влячи служби Богові,
7 nanso na Ɔsɔfopanyin no nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ pɛnkoro pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ ɔno ankasa ne ne nkurɔfo mfomso ho afɔre ka ne ho kɔ.
а до другої раз на рік сам первосвященик, не без крови, яку він прино́сить за себе й за лю́дські провини.
8 Honhom Kronkron no nam saa ɔkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wonnya mmuee ɔkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ bere a Ntamadan no ne mu nneɛma da so wɔ hɔ.
Святий Дух виявляє оцим, що ще не відкрита дорога в святиню, коли ще стоїть перша скинія.
9 Ɛyɛ mfonitwa ma nnɛ bere yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛde ne mmoa a na wɔde bɔ afɔre ma Onyankopɔn no rentumi mma wɔn a wɔsom no koma mu nyɛ kronkron.
Вона образ для ча́су теперішнього, за якого прино́сяться да́ри та жертви, що того не можуть вдоскона́лити, щодо сумління того, хто служить,
10 Wɔde nnuan, anonne ne nneɛma ahorow a wɔde dwira wɔn ho na edi dwuma no. Eyi yɛ ɔhonam fam nhyehyɛe a ɛyɛ adwuma kosi bere a nhyehyɛe foforo bɛba.
що тільки в потравах та в напо́ях, та в різних обмива́ннях, в уставах тілесних, — установлено їх аж до ча́су направи.
11 Nanso Kristo aba dedaw sɛ Ɔsɔfopanyin ama nneɛma pa a yɛwɔ dedaw yi. Ntamadan a ɔsom wɔ mu no so, na edi mu kyɛn dedaw no. Ɛnyɛ nnipa na wɔyɛe. Afei nso emfi adebɔ yi mu.
Але́ Христос, Первосвященик майбутнього доброго, прийшов із більшою й досконалішою скинією, нерукотво́рною, цебто не цього втво́рення,
12 Bere a Kristo kɔɔ ntamadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkoro no, wamfa mmirekyi ne anantwi mogya na ɛkɔbɔɔ afɔre. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔre de gyee nkwa a enni awiei maa yɛn. (aiōnios g166)
і не з кров'ю козлів та телят, але з власною кров'ю увійшов до святині один раз, та й набу́в вічне відку́плення. (aiōnios g166)
13 Na sɛ mmirekyi ne anantwinini mogya ne anantwibere nsõ a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi tew wɔn ho kɔ ɔhonam ahofi mu a,
Бо коли кров козлів та телят та попіл із я́лівок, як покро́пить нечистих, освячує їх на очи́щення тіла,
14 mpɛn ahe na Kristo a ɔnam Honhom so, de ne ho bɔɔ afɔre a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ho mfi nnwuma bɔne mu, na monkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no ana? (aiōnios g166)
скільки ж більш кров Христа, що Себе непорочного Богу приніс Вічним Духом, очистить наше сумління від мертвих учинків, щоб служити нам Богові Живому! (aiōnios g166)
15 Eyi nti na Kristo yɛ apam foforo no ntamgyinafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no benya nhyira a enni awiei sɛnea Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Eyi aba saa, efisɛ owu bi asi a egye nnipa fi wɔn bɔne a wɔyɛɛ bere a na wɔwɔ apam a edi kan no mu no mu. (aiōnios g166)
Тому Він — Посере́дник Ново́го Заповіту, щоб через смерть, — що була́ для відку́плення від пере́ступів, учинених за першого заповіту, — покликані прийняли́ обі́тницю вічного спа́дку. (aiōnios g166)
16 Sɛ nsamansew bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wotumi kyerɛ sɛ onipa a ɔhyɛɛ saa nsamansew no awu.
Бо де заповіт, там має відбутися смерть заповітника,
17 Sɛ onipa a ɔhyɛɛ nsamansew no te ase a, saa nsamansew no nka hwee. Bere a wawu no na ɛka biribi.
заповіт бо важливий по мертвих, бо нічого не варт він, як живе заповітник.
18 Ɛno nti na apam a edi kan no wɔnam mogya so na wɔhyɛɛ no den no.
Тому й перший заповіт освячений був не без крови:
19 Nea edi kan no, Mose kaa mmaransɛm no nyinaa, sɛnea ɛwɔ mmara no mu no kyerɛɛ nnipa no. Nantwi mma mogya ne nsu ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nwoma mmobɔwee no ne nnipa no nyinaa so
Коли бо Мойсей сповістив усі заповіді за Зако́ном усьому наро́дові, він узяв кров козлів та телят із водою й червоною вовною та з ісопом, та й покропив і саму оту книгу, і людей,
20 kae se, “Eyi ne mogya a ɛsɔw apam a Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ munni so no ano.”
проказуючи: „Це кров заповіту, що його наказав для вас Бог!“
21 Saa ara na Mose petee mogya guu ntamadan no ne nneɛma a wɔde som no nyinaa so ne no.
Так само і скинію, і ввесь по́суд служебний покропи́в він кров'ю.
22 Nokware, sɛnea mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na etumi tew ade nyinaa ho, na saa ara nso na gye sɛ mogya ahwie agu ansa na bɔnefakyɛ aba.
І майже все за Зако́ном кров'ю очищується, а без пролиття́ крови немає відпу́щення.
23 Saa ɔkwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsode no ho tew. Nanso, ɔsoro nneɛma no ankasa de, afɔre a eye kyɛn eyinom na wɔde tew ho.
Отож, треба було́, щоб образи небесного очищалися цими, а небесне саме кращими від оцих же́ртвами.
24 Efisɛ Kristo ankɔ kronkronbea a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann ho nhwɛso no hɔ. Ɔkɔɔ ɔsoro ankasa na osi yɛn anan mu wɔ Onyankopɔn anim hɔ.
Бо Христос увійшов не в рукотво́рну святиню, що була на взір правдивої, але в саме небо, щоб з'явитись тепер перед Божим лицем за нас,
25 Afe biara Yudafo Sɔfopanyin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso Kristo amfa ne ho amma mpɛn bebree saa.
і не тому́, щоб часто прино́сити в жертву Себе, як первосвященик входить у святиню кожнорічно з кров'ю чужою,
26 Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka efi adebɔ mfiase no, obehu amane mpɛn bebree. Mmom, waba prɛko a nneɛma nyinaa reba awiei, na ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe no so apepa bɔne. (aiōn g165)
бо інакше Він мусів би часто страждати ще від закла́дин світу, а тепер Він з'явився один раз на схи́лку віків, щоб власною жертвою знищити гріх. (aiōn g165)
27 Ɛsɛ sɛ obiara wu prɛko pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn.
І як лю́дям призна́чено вмерти один раз, потім же суд,
28 Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔre baako pɛ de gyee dodow no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔremmegye nnebɔneyɛfo na mmom, ɔbɛba abegye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.
так і Христос один раз був у жертву прине́сений, щоб „поне́сти гріхи багатьох“, і не в справі гріха другий раз з'явитися тим, хто чекає Його на спасі́ння.

< Hebrifo 9 >