< Hebrifo 8 >

1 Asɛm a yegyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanyin a ɔte Otumfo a ɔwɔ ɔsoro no ahengua no nifa,
Hovedsaken i det vi vil si, er altså at Jesus er vår øversteprest. Han sitter på Guds høyre side i himmelen og regjerer.
2 na ɔsom sɛ Ɔsɔfopanyin wɔ Kronkronbea a ɛyɛ nokware ntamadan a ɛnyɛ onipa biara na osii, sɛ Awurade no mu hɔ.
Han tjener som prest for Gud i himmelen, i en helligdom som ikke er laget av mennesker, men av Gud selv.
3 Woyi Ɔsɔfopanyin biara sɛ ɔmfa akyɛde ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanyin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔre.
Oppgaven for øverstepresten er å bære fram gaver og offer til Gud, og derfor var også Jesus nødt til å bære fram et offer.
4 Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfo koraa efisɛ asɔfo wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔde ma, sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no.
Dersom han fortsatt levde her på jorden, ville han likevel ikke vært prest, for her finnes det allerede prester som bærer fram de offer som Moseloven krever.
5 Nanso dwuma a wodi sɛ asɔfo no yɛ ɔsoro nsusuwso bi kwa. Eyi nti na wɔbɔɔ Mose kɔkɔ bere a ɔpɛɛ sɛ osi ntamadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Si no sɛnea merekyerɛ wo wɔ bepɔw no so pɛpɛɛpɛ.”
Disse prestene tjener i en jordisk helligdom som bare gir oss et uklart bilde av det som finnes i himmelen. Da Moses skulle reise det teltet som Israels folk brukte til sine gudstjenester i ørkenen, sa Gud til ham:”Pass på at du gjør alt etter det forbilde jeg viste deg på fjellet Sinai.”
6 Afei de, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn de no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛe no ntamgyinafo.
Jesus Kristus derimot er prest for en mye viktigere oppgave, for han er mellommann i en ny og bedre pakt mellom Gud og menneskene, en pakt som hviler på bedre løfter.
7 Sɛ na apam a edi kan no ye a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛto so abien no.
Dersom den første pakten mellom Gud og hans folk kunne ha hjulpet oss til å følge Guds vilje, da hadde ikke Gud behøvd å erstatte den med en annen.
8 Nanso Onyankopɔn huu mfomso wɔ ne nkurɔfo ho bere a ɔkae se, “Nna bi reba, Awurade na ose, a me ne Israelfo ne Yuda abusuakuw bɛhyehyɛ apam foforo.
Men Gud anklaget Israels folk for ikke å følge hans vilje, og sa:”Det skal komme en dag da jeg inngår en ny pakt med det folk som bor i Israel og Juda.
9 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛɛ no bere a misoo wɔn nsa dii wɔn anim fii Misraim no. Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no ho nokware, ɛno nti mantew mʼani anhwɛ wɔn, Awurade na ose.
Den vil ikke ligne den pakten jeg inngikk med forfedrene deres da jeg tok dem ved hånden og førte dem ut av Egypt. De holdt ikke fast ved min pakt, og derfor brydde jeg meg ikke om dem lenger.
10 Afei eyi ne apam a me ne Israelfo bɛhyehyɛ wɔ bere a ɛreba no mu, Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu na makyerɛw agu wɔn koma mu. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo.
Men dette er den nye pakten jeg en dag vil inngå med Israels folk, sier Herren: Jeg vil la dem forstå min vilje og mine lover, og jeg vil gjøre det slik at de av hele hjertet er lydige mot meg. Jeg vil være deres Gud, og de skal være mitt folk.
11 Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko anaa ne kuromni se, ‘Hu Awurade!’ Efisɛ wɔn nyinaa behu me fi akumaa so kosi ɔkɛse so.
Da skal ingen lenger behøve å undervise hverandre og si:’Pass på at du lærer Herren å kjenne’, for da skal alle kjenne meg, både store og små.
12 Mehu wɔn mmɔbɔ wɔ wɔn bɔne ho; na merenkae wɔn bɔne bio.”
Jeg vil tilgi deres ondskap, og jeg vil aldri mer huske på syndene deres.”
13 Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforo” no ama nea wɔyɛɛ kan no ayɛ dedaw; na biribiara a enyin yɛ dedaw no nkyɛ yera.
Gud taler altså om en ny pakt, og det betyr at den første pakten er gått ut på dato og snart skal forsvinne.

< Hebrifo 8 >