< Hebrifo 6 >
1 Momma yennyae Kristo mfiase ho nkyerɛkyerɛ na yensua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yenu yɛn ho wɔ nneyɛe a ɛde owu brɛ yɛn ne nea enti a ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu gyidi no ho.
所以,我们应当离开基督道理的开端,竭力进到完全的地步,不必再立根基,就如那懊悔死行、信靠 神、
2 Ɛho nhia nso sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔre ne daa atemmu ho nsɛm bio. (aiōnios )
各样洗礼、按手之礼、死人复活,以及永远审判各等教训。 (aiōnios )
3 Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma kwan a saa ara na yɛbɛyɛ.
神若许我们,我们必如此行。
4 Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsan de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛde hwɛe, na wonyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu.
论到那些已经蒙了光照、尝过天恩的滋味、又于圣灵有分,
5 Wofi osuahu mu ahu sɛ Onyankopɔn asɛm ye, na wɔahu wiase a ɛreba no mu tumi. (aiōn )
并尝过 神善道的滋味、觉悟来世权能的人, (aiōn )
6 Nanso ɛno akyi no wɔhwee ase. Enti ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsan aba bio sɛ wommenu wɔn ho, efisɛ wɔresan abɔ Onyankopɔn Ba no asennua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ.
若是离弃道理,就不能叫他们从新懊悔了。因为他们把 神的儿子重钉十字架,明明地羞辱他。
7 Onyankopɔn hyira asase a ɛnom osu a ɛtɔ gu so na ɛma afifide yɛ yie ma wɔn a wɔn nti woduae no.
就如一块田地,吃过屡次下的雨水,生长菜蔬,合乎耕种的人用,就从 神得福;
8 Na sɛ nsɔe ne nwura hunu fifi wɔ so a, enye mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no.
若长荆棘和蒺藜,必被废弃,近于咒诅,结局就是焚烧。
9 Nanso me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yenim pefee sɛ ade pa bi a nkwagye bata ho befi mo mu aba.
亲爱的弟兄们,我们虽是这样说,却深信你们的行为强过这些,而且近乎得救。
10 Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ. Ne werɛ remfi adwuma a moyɛe anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfo Kristofo na mugu so de boa wɔn no.
因为 神并非不公义,竟忘记你们所做的工和你们为他名所显的爱心,就是先前伺候圣徒,如今还是伺候。
11 Nea yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛboa no mmɔdemmɔ so de akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka ade a mo ani da so no.
我们愿你们各人都显出这样的殷勤,使你们有满足的指望,一直到底。
12 Yɛmpɛ sɛ moyɛ anihaw. Na mmom, yɛpɛ sɛ yehu mo sɛ agyidifo a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no.
并且不懈怠,总要效法那些凭信心和忍耐承受应许的人。
13 Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa nea wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sen no no nti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no.
当初 神应许亚伯拉罕的时候,因为没有比自己更大可以指着起誓的,就指着自己起誓,说:
14 Ɔkaa ntam no se, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mehyira wo na mama wʼase adɔ.”
“论福,我必赐大福给你;论子孙,我必叫你的子孙多起来。”
15 Na Abraham wɔ ntoboase nti, ne nsa kaa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no.
这样,亚伯拉罕既恒久忍耐,就得了所应许的。
16 Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sen no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam.
人都是指着比自己大的起誓,并且以起誓为实据,了结各样的争论。
17 Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no se ɔrensesa nʼatirimsɛm, nti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den.
照样, 神愿意为那承受应许的人格外显明他的旨意是不更改的,就起誓为证。
18 Saa nneɛma abien yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atoro. Enti yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenso yɛn anidaso no mu yiye.
借这两件不更改的事, 神决不能说谎,好叫我们这逃往避难所、持定摆在我们前头指望的人可以大得勉励。
19 Yɛwɔ saa anidaso yi sɛ ɔkra sɛkyɛ. Etim hɔ, na ɛma yɛhyɛn tra ntwamtam no kosi Kronkron mu Kronkron hɔ.
我们有这指望,如同灵魂的锚,又坚固又牢靠,且通入幔内。
20 Yesu asi yɛn anan mu adi yɛn kan kɔ hɔ. Wayɛ Ɔsɔfopanyin afebɔɔ sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no. (aiōn )
作先锋的耶稣,既照着麦基洗德的等次成了永远的大祭司,就为我们进入幔内。 (aiōn )