< Hebrifo 5 >

1 Woyii Ɔsɔfopanyin biara fii nnipa bi mu na wasi wɔn anan mu de wɔn akyɛde ne wɔn bɔne ho afɔre asom Onyankopɔn.
For every high priest taken from amongst men is established for men in things relating to God, that he may offer both gifts and sacrifices for sins;
2 Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛw wɔ akwan ahorow pii so no nti, otumi tɔ ne bo ase ma wɔn a wonnim na wɔyɛ mfomso no.
being able to exercise forbearance towards the ignorant and erring, since he himself also is clothed with infirmity;
3 Ne mmerɛwyɛ nti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔre a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforo nso.
and, on account of this [infirmity], he ought, even as for the people, so also for himself, to offer for sins.
4 Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho anuonyam sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanyin sɛnea wɔfrɛɛ Aaron no.
And no one takes the honour to himself but [as] called by God, even as Aaron also.
5 Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin amfa anhyɛ ne ho anuonyam. Na mmom Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Woyɛ me Ba; nnɛ, mayɛ wʼAgya.”
Thus the Christ also has not glorified himself to be made a high priest; but he who had said to him, Thou art my Son, I have to-day begotten thee.
6 Ɔsan kaa wɔ baabi foforo se, “Wobɛyɛ ɔsɔfo akosi daa sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.” (aiōn g165)
Even as also in another [place] he says, Thou [art] a priest for ever according to the order of Melchisedec. (aiōn g165)
7 Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpae nam nkotosrɛ so de nʼabisade too Onyankopɔn a obetumi agye no afi owu mu no anim. Esiane sɛ odwo na ɔde ne ho nyinaa som no no nti, Onyankopɔn tiee no.
Who in the days of his flesh, having offered up both supplications and entreaties to him who was able to save him out of death, with strong crying and tears; (and having been heard because of his piety; )
8 Ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba de, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛase.
though he were Son, he learned obedience from the things which he suffered;
9 Na owiee pɛyɛ no, wɔn a wotie no no nam ne so nya nkwagye a enni awiei, (aiōnios g166)
and having been perfected, became to all them that obey him, author of eternal salvation; (aiōnios g166)
10 na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.
addressed by God [as] high priest according to the order of Melchisedec.
11 Yɛwɔ eyi ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, efisɛ mo ntease yɛ den.
Concerning whom we have much to say, and hard to be interpreted in speaking [of it], since ye are become dull in hearing.
12 Moayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛ, nanso ɛsɛ sɛ munya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm fi ne mfiase. Anka ɛsɛ sɛ saa bere yi mudi aduan a ɛyɛ den, nanso nufusu na eye ma mo.
For when for the time ye ought to be teachers, ye have again need that [one] should teach you what [are] the elements of the beginning of the oracles of God, and are become such as have need of milk, [and] not of solid food.
13 Obiara a nufusu ye ma no no da so yɛ akokoaa a onnim nea eye ne nea enye.
For every one that partakes of milk [is] unskilled in the word of righteousness, for he is a babe;
14 Aduan a ɛyɛ den ye ma mpanyimfo a wɔatetew wɔn na wɔahu nsonoe a ɛda papa ne bɔne ntam no.
but solid food belongs to full-grown men, who, on account of habit, have their senses exercised for distinguishing both good and evil.

< Hebrifo 5 >