< Hebrifo 4 >
1 Afei esiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home ho no da so gyina hɔ nti, momma yɛnhwɛ yiye na mo mu bi antɔ sin wɔ mu.
ⲁ̅ⲘⲀⲢⲈⲚⲈⲢϨⲞϮ ⲞⲨⲚ ⲘⲎⲠⲞⲦⲈ ⲈⲀⲨⲤⲰϪⲠ ⲚⲞⲨⲈⲠⲀⲄⲄⲈⲖⲒⲀ ⲈⲒ ⲈϦⲞⲨⲚ ⲈⲠⲈϤⲘⲀ ⲚⲈⲘⲦⲞⲚ ⲚⲦⲈⲞⲨⲀⲒ ⲈⲂⲞⲖ ϦⲈⲚⲐⲎⲚⲞⲨ ⲘⲈⲨⲒ ⲈⲈⲢϦⲀⲈ.
2 Efisɛ wɔaka asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛnea wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, efisɛ wɔn a wotiee no no annye anni.
ⲃ̅ⲀⲨϨⲒϢⲈⲚⲚⲞⲨϤⲒ ⲄⲀⲢ ⲚⲀⲚ ϨⲰⲚ ⲘⲪⲢⲎϮ ⲚⲚⲎ ⲀⲖⲖⲀ ⲘⲠⲈϤⲈⲢϨⲎⲞⲨ ⲚⲚⲎ ⲚϪⲈⲠⲒⲤⲀϪⲒ ⲚⲦⲈⲠⲒⲤⲰⲦⲈⲘ ϪⲈ ⲠⲞⲨϨⲎⲦ ⲐⲎⲦ ⲀⲚ ⲠⲈ ϦⲈⲚⲠⲒⲚⲀϨϮ ⲚⲈⲘ ⲚⲎ ⲈⲦⲀⲨⲤⲰⲦⲈⲘ.
3 Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa ɔhome no mu sɛnea Onyankopɔn aka se, “Enti mifi mʼabufuw mu ka ntam se, ‘Wɔrenhyɛn asase a anka mede wɔn rekɔ so no mu da.’” Ɔkaa saa asɛm yi de, nanso efi bere a ɔbɔɔ wiase no, na wawie ɔhome dwumadi no dedaw.
ⲅ̅ⲦⲈⲚⲚⲀϢⲈ ⲞⲨⲚ ⲈϦⲞⲨⲚ ⲈⲠⲒⲘⲀ ⲚⲈⲘⲦⲞⲚ ϦⲀ ⲚⲎ ⲈⲦⲀⲨⲚⲀϨϮ ⲔⲀⲦⲀ ⲪⲢⲎϮ ⲈⲦⲀϤϪⲞⲤ ϪⲈ ⲘⲪⲢⲎϮ ⲈⲦⲀⲒⲰⲢⲔ ϦⲈⲚⲠⲀϪⲰⲚⲦ ϪⲈ ⲀⲚ ⲈⲨⲈϢⲈ ⲈϦⲞⲨⲚ ⲈⲠⲀⲘⲀ ⲚⲈⲘⲦⲞⲚ ⲔⲈⲦⲞⲒ ⲚⲒϨⲂⲎ ⲞⲨⲒ ⲈⲦⲀⲨϢⲰⲠⲒ ⲒⲤϪⲈⲚ ⲦⲔⲀⲦⲀⲂⲞⲖⲎ ⲘⲠⲒⲔⲞⲤⲘⲞⲤ.
4 Na Kyerɛwsɛm no mu baabi wɔ hɔ a wɔka biribi fa da a ɛto so ason no ho se, “Da a ɛto so ason no, Onyankopɔn home fii ne nnwuma nyinaa mu.”
ⲇ̅ⲀϤϪⲞⲤ ⲄⲀⲢ ⲘⲠⲀⲒⲢⲎϮ ϨⲒⲞⲨⲘⲀ ⲈⲐⲂⲈ ⲠⲒⲘⲀϨⲌ ⲚⲈϨⲞⲞⲨ ϪⲈ ⲀϤⲘⲦⲞⲚ ⲘⲘⲞϤ ⲚϪⲈⲪⲚⲞⲨϮ ϦⲈⲚⲠⲒⲘⲀϨⲌ ⲚⲈϨⲞⲞⲨ ⲈⲂⲞⲖ ϦⲈⲚⲚⲈϤϨⲂⲎⲞⲨⲒ ⲦⲎⲢⲞⲨ.
5 Wɔkaa saa asɛm koro yi ara bio se, “Wɔrenhyɛn asase a anka mede wɔn rekɔ so no mu da.”
ⲉ̅ⲞⲨⲞϨ ϦⲈⲚⲪⲀⲒ ⲞⲚ ϪⲈ ⲀⲚ ⲤⲈⲚⲀϢⲈ ⲈϦⲞⲨⲚ ⲈⲠⲀⲘⲀ ⲚⲈⲘⲦⲞⲚ
6 Wɔn a wodii kan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, efisɛ wɔannye anni. Afoforo bi nso wɔ hɔ a wama wɔn kwan sɛ wonnya ɔhome no.
ⲋ̅ⲈⲠⲒⲆⲎ ⲞⲨⲚ ϤⲤⲰϪⲠ ⲚϨⲀⲚⲞⲨⲞⲚ ⲈⲒ ⲈϦⲞⲨⲚ ⲈⲢⲞϤ ⲞⲨⲞϨ ⲚⲒϢⲞⲢⲠ ⲈⲦⲀⲨϨⲒϢⲈⲚⲚⲞⲨϤⲒ ⲚⲰⲞⲨ ⲘⲠⲞⲨϢⲈ ⲈϦⲞⲨⲚ ⲈⲐⲂⲈ ⲦⲞⲨⲘⲈⲦⲀⲐⲚⲀϨϮ.
7 Enti Onyankopɔn aka se wayi da bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Nnɛ.” Mfe bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Nnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a mummpirim mo koma.”
ⲍ̅ⲠⲀⲖⲒⲚ ϤⲐⲰϢ ⲚⲞⲨⲈϨⲞⲞⲨ ⲘⲪⲞⲞⲨ ϦⲈⲚⲆⲀⲨⲒⲆ ⲘⲈⲚⲈⲚⲤⲀ ⲞⲨⲤⲎⲞⲨ ⲚⲦⲀⲒⲘⲀⲒⲎ ⲈϤϪⲰ ⲘⲘⲞⲤ ⲔⲀⲦⲀ ⲪⲢⲎϮ ⲈⲦⲀϤϪⲞⲤ ⲒⲤϪⲈⲚ ϢⲞⲢⲠ ϪⲈ ⲘⲪⲞⲞⲨ ⲈϢⲰⲠ ⲀⲢⲈⲦⲈⲚϢⲀⲚⲤⲰⲦⲈⲘ ⲈⲦⲈϤⲤⲘⲎ ⲘⲠⲈⲢϮⲈⲚϢⲞⲦ ⲚϪⲈⲚⲈⲦⲈⲚϨⲎⲦ.
8 Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyiri no Onyankopɔn anka da foforo ho asɛm.
ⲏ̅ⲈⲚⲈⲀ ⲒⲎⲤⲞⲨ ⲄⲀⲢ ⲐⲢⲞⲨⲘⲦⲞⲚ ⲘⲘⲰⲞⲨ ⲚⲀϤⲤⲀϪⲒ ⲀⲚ ⲈⲐⲂⲈ ⲔⲈⲈϨⲞⲞⲨ ⲘⲈⲚⲈⲚⲤⲀ ⲚⲀⲒ.
9 Sɛnea ɛte no, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo, sɛnea Onyankopɔn homee da a ɛto so ason no.
ⲑ̅ϨⲀⲢⲀ ⲞⲨⲚ ⲞⲨⲤⲀⲂⲂⲀⲦⲒⲤⲘⲞⲤ ⲤⲰϪⲠ ⲘⲠⲒⲖⲀⲞⲤ ⲚⲦⲈⲪⲚⲞⲨϮ.
10 Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afi nʼankasa ne nnwuma mu, sɛnea Onyankopɔn home fii ne nnwuma mu no.
ⲓ̅ⲪⲀⲒ ⲄⲀⲢ ⲈⲦⲀϤⲒ ⲈϦⲞⲨⲚ ⲈⲠⲈϤⲘⲀ ⲚⲈⲘⲦⲞⲚ ⲚⲐⲞϤ ϨⲰϤ ⲀϤⲘⲦⲞⲚ ⲈⲂⲞⲖ ϦⲈⲚⲚⲈϤϨⲂⲎⲞⲨⲒ ⲘⲪⲢⲎϮ ⲈⲦⲀϤⲘⲦⲞⲚ ⲘⲘⲞϤ ⲚϪⲈⲪⲚⲞⲨϮ ⲈⲂⲞⲖ ϦⲈⲚⲚⲈⲦⲈⲚⲞⲨϤ.
11 Enti momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛnea wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no.
ⲓ̅ⲁ̅ⲘⲀⲢⲈⲚⲒⲎⲤⲞⲨⲤ ⲞⲨⲚ ⲘⲘⲞⲚ ⲈⲒ ⲈϦⲞⲨⲚ ⲈⲠⲒⲘⲀ ⲚⲈⲘⲦⲞⲚ ⲈⲦⲈⲘⲘⲀⲨ ϨⲒⲚⲀ ⲚⲦⲈϢⲦⲈⲘ ⲞⲨⲀⲒ ϨⲈⲒ ⲈϦⲢⲎⲒ ϦⲈⲚⲠⲀⲒⲤⲘⲞⲦ ⲚⲞⲨⲰⲦ ⲚⲦⲈϮⲘⲈⲦⲀⲦⲤⲰⲦⲈⲘ.
12 Onyankopɔn asɛm yɛ nkwa, na ahoɔden wɔ mu. Ɛyɛ nnam sen afoa anofanu. Ehwirew mu kosi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔw so ne hon mu. Ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.
ⲓ̅ⲃ̅ϤⲈⲚϨⲞⲦ ⲄⲀⲢ ⲚϪⲈⲠⲒⲤⲀϪⲒ ⲚⲦⲈⲪⲚⲞⲨϮ ⲞⲨⲞϨ ϤⲈⲢϨⲰⲂ ⲞⲨⲞϨ ϤϢⲰⲦ ⲈϨⲞⲦⲈ ⲤⲎϤⲒ ⲚⲒⲂⲈⲚ ⲚⲢⲞ ⲂⲞⲨⲞϨ ϤⲚⲀ ⲈϦⲞⲨⲚ ϢⲀ ⲠⲒⲪⲰϢ ⲚⲦⲈϮⲮⲨⲬⲎ ⲚⲈⲘ ⲠⲒⲠⲚⲈⲨⲘⲀⲚⲈⲘ ⲚⲒϨⲰⲦⲠ ⲚⲈⲘ ⲚⲒⲀⲦⲔⲀⲤ ⲞⲨⲞϨ ϤⲞⲒ ⲚϦⲞⲦϦⲈⲦ ⲚⲤⲀⲚⲒⲘⲞⲔⲘⲈⲔ ⲚⲈⲘ ⲚⲒⲘⲈⲨⲒ ⲚϨⲎⲦ.
13 Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yiye. Abɔde mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yebu ho akontaa kyerɛ.
ⲓ̅ⲅ̅ⲞⲨⲞϨ ⲘⲘⲞⲚ ϨⲖⲒ ⲚⲤⲰⲚⲦ ϨⲎⲠ ⲘⲠⲈϤⲘⲐⲞ ⲤⲈⲂⲎϢ ⲆⲈ ⲈⲂⲞⲖ ⲦⲎⲢⲞⲨ ⲞⲨⲞϨ ⲤⲈⲞⲒ ⲚϪⲀⲢⲀⲂ ⲚⲀϨⲂⲒ ⲘⲠⲈⲘⲐⲞ ⲚⲚⲈϤⲂⲀⲖ ⲪⲀⲒ ⲈⲦⲈ ⲠⲒⲤⲀϪⲒ ⲪⲈϨ ⲚⲀⲚ ⲈⲢⲞϤ.
14 Ɛno nti, momma yenso gyidi a yɛka ho asɛm no mu den. Efisɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanyin kɛse wɔ Onyankopɔn anim.
ⲓ̅ⲇ̅ⲈⲞⲨⲞⲚⲦⲀⲚ ⲞⲨⲚ ⲘⲘⲀⲨ ⲚⲞⲨⲚⲒϢϮ ⲚⲀⲢⲬⲎ ⲈⲢⲈⲨⲤ ⲈⲀϤⲤⲈⲚ ⲚⲒⲪⲎⲞⲨⲒ ⲒⲎⲤⲞⲨⲤ ⲠϢⲎⲢⲒ ⲘⲪⲚⲞⲨϮ ⲘⲀⲢⲈⲚⲀⲘⲞⲚⲒ ⲘⲠⲒⲞⲨⲰⲚϨ ⲈⲂⲞⲖ
15 Yenni Ɔsɔfopanyin bi a ontumi nhwɛ yɛn mmerɛwyɛ ho nhu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ akwan ahorow nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne.
ⲓ̅ⲉ̅ⲞⲨⲀⲢⲬⲎⲈⲢⲈⲨⲤ ⲄⲀⲢ ⲀⲚ ⲠⲈⲦⲈⲚⲦⲀⲠ ⲘⲘⲀⲨ ⲘⲘⲞⲚ ϢϪⲞⲘ ⲘⲘⲞϤ ⲈϬⲒ ⲘⲔⲀϨ ⲚⲈⲘ ⲚⲈⲚϢⲰⲚⲒ ⲈⲀⲨⲈⲢⲠⲒⲢⲀⲌⲒⲚ ⲆⲈ ⲘⲘⲞϤ ϦⲈⲚϨⲰⲂ ⲚⲒⲂⲈⲚ ⲔⲀⲦⲀ ⲠⲈⲚⲤⲘⲞⲦ ⲀϬⲚⲈ ⲚⲞⲂⲒ.
16 Momma yensi yɛn bo na yɛmmra Onyankopɔn ahengua a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔbɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu.
ⲓ̅ⲋ̅ⲘⲀⲢⲈⲚⲒ ⲈϦⲞⲨⲚ ϦⲈⲚⲞⲨⲰⲚϨ ⲈⲂⲞⲖ ⲘⲠⲈⲘⲐⲞ ⲘⲠⲒⲐⲢⲞⲚⲞⲤ ⲚⲦⲈⲠⲒϨⲘⲞⲦ ϨⲒⲚⲀ ⲚⲦⲈⲚϬⲒ ⲚⲞⲨⲀⲒ ⲞⲨⲞϨ ⲚⲦⲈⲚϪⲒⲘⲒ ⲚⲞⲨϨⲘⲞⲦ ⲈⲨⲈⲨⲔⲈⲢⲒⲀ ⲘⲂⲞⲎⲐⲒⲀ.