< Hebrifo 3 >
1 Me nuanom akronkronfo a Onyankopɔn afrɛ mo, munnwen Yesu a yegye no to mu sɛ Ɔsomafo no ho.
Derfor, hellige Brødre, delagtige i en himmelsk Kaldelse! ser hen til vor Bekendelses Udsending og Ypperstepræst, Jesus,
2 Na odii Onyankopɔn a oyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokware sɛnea Mose nso dii nokware wɔ Onyankopɔn fi no.
der var tro imod den, som beskikkede ham, ligesom også Moses var det i hele hans Hus.
3 Wɔahu sɛ Yesu fata anuonyam sen Mose, sɛnea onipa a osi ofi nya anuonyam sen ofi no ankasa no.
Thi han er kendt værdig til større Herlighed end Moses, i samme Mål som den, der har indrettet et Hus, har større Ære end Huset selv.
4 Ofi biara obi na osii. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa.
Thi hvert Hus indrettes af nogen; men den, som har indrettet alt, er Gud.
5 Mose dii Onyankopɔn nokware sɛ ɔsomfo wɔ ne fi na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa.
Og Moses var vel tro i hele hans Hus, som en Tjener, til Vidnesbyrd om, hvad der skulde tales;
6 Nanso Kristo de, odi nokware sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidi wɔ yɛn anidaso mu a, na yɛyɛ ne fi no.
men Kristus er det som en Søn over hans Hus; og hans Hus ere vi, såfremt vi fastholde Håbets Frimodighed og Ros urokket indtil Enden.
7 Enti Honhom Kronkron no ka se, “Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a,
Derfor, som den Helligånd siger: "I Dag, når I høre hans Røst,
8 monnyɛ asoɔden te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛnea moyɛɛ da a na mowɔ sare so a mosɔɔ no hwɛe no.
da forhærder ikke eders Hjerter, som det skete i Forbitrelsen, på Fristelsens Dag i Ørkenen,
9 Ɛhɔ na mo nenanom sɔɔ no hwɛe, nanso wohuu nea meyɛɛ no mfe aduanan mu no.
hvor eders Fædre fristede mig ved at sætte mig på Prøve, og de så dog mine Gerninger i fyrretyve År.
10 Ne saa nti me bo fuw saa nnipa no, na mekae se, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho, na wɔanhu mʼakwan.’
Derfor harmedes jeg på denne Slægt og sagde: De fare altid vild i Hjertet; men de kendte ikke mine Veje,
11 Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se, ‘Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.’”
så jeg svor i min Vrede: Sandelig, de skulle ikke gå ind til min Hvile" -
12 Me nuanom, monhwɛ yiye na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni a ɛbɛma watwe ne ho afi Onyankopɔn teasefo no ho.
så ser til, Brødre! at der ikke nogen Sinde i nogen af eder skal findes et ondt, vantro Hjerte, så at han falder fra den levende Gud.
13 Na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu ebinom na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho wɔ mmere dodow a asɛm “Nnɛ” a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no fa yɛn ho no.
Men formaner hverandre hver Dag, så længe det hedder "i Dag", for at ikke nogen af eder skal forhærdes ved Syndens Bedrag.
14 Na sɛ yeso gyidi a yɛwɔ no mu dennen sɛnea yɛde fi mfiase no a na yɛwɔ kyɛfa wɔ Kristo mu.
Thi vi ere blevne delagtige i Kristus, såfremt vi fastholde vor første Fortrøstning urokket indtil Enden.
15 Kyerɛwsɛm no ka se, “Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”
Når der sigs: "I Dag, - når I høre hans Røst, da forhærder ikke eders Hjerter som i Forbitrelsen":
16 Ɛhefo na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim fi Misraim no nyinaa.
hvem vare da vel de, som hørte og dog voldte Forbitrelse? Mon ikke alle, som gik ud af Ægypten ved Moses?
17 Ɛhefo na Onyankopɔn bo fuw wɔn mfirihyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtetew hwe wuwuu wɔ sare so no.
Men på hvem harmedes han i fyrretyve År? Mon ikke på dem, som syndede, hvis døde Kroppe faldt i Ørkenen?
18 Bere a Onyankopɔn kaa ntam se, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefo? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no.
Og over for hvem tilsvor han, at de ikke skulde gå ind til hans Hvile, uden dem, som vare blevne genstridige?
19 Afei, yehu sɛ wɔantumi ankɔ ɔhome no mu, efisɛ wɔannye anni.
Og vi se, at de ikke kunde gå ind på Grund af Vantro.