< Hebrifo 2 >

1 Eyi nti na ɛsɛ sɛ yeso nokware a yɛate no mu dennen, sɛnea ɛbɛyɛ a biribi rentu yɛn aso.
Через це подобає нам більше вважати на почуте, шоб ми не відпали коли.
2 Nsɛm a abɔfo no kae no yɛ nokware, enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no.
Коли бо те слово, що сказали його анголи́, було певне, а всякий пере́ступ та непо́слух прийняли́ справедливу заплату,
3 Na sɛ yɛantie saa nkwagye yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan? Awurade no ankasa na odii kan kaa saa nkwagye yi ho asɛm na wɔn a wotiee no no ama yɛahu sɛ ɛyɛ nokware.
то як ми втечемо́, коли ми не дбали про таке велике спасі́ння? Воно проповідувалося споча́тку від Го́спода, стве́рдилося нам через тих, хто почув,
4 Saa bere koro no ara mu na Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwadwuma so dii ho adanse. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛnea ɔpɛ.
коли Бог був засві́дчив озна́ками й чу́дами, і різними силами та обдарува́нням Духом Святим із волі Своє́ї.
5 Onyankopɔn amma abɔfo anni wiase a na wayɛ nʼadwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa wiase a yɛka ho asɛm no.
Бо Він не піддав ангола́м світ майбутній, що про нього говоримо.
6 Na mmom wɔaka wɔ Kyerɛwsɛm no mu baabi se, “Onipa ne hena a wokae no; na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?
Але хтось десь засві́дчив був, кажучи: „Що́ є чолові́к, що Ти пам'ята́єш про ньо́го, і син лю́дський, якого відвідуєш?
7 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo; na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri,
Ти його вчинив мало меншим від анголів, і честю й вели́чністю Ти вінчаєш його, і поставив його́ над діла́ми рук Своїх,
8 sɛ onni nneɛma nyinaa so.” Ɛka se Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ, “Nneɛma nyinaa sodifo,” eyi da no adi sɛ biribiara ka ho. Nanso yenhu sɛ mprempren onipa di nneɛma nyinaa so.
усе піддав Ти під ноги йому́“! А коли Він піддав йому все, то не залиши́в нічого йому непідда́ного. А тепер ще не бачимо, щоб підда́не було йому все.
9 Nanso yehu Yesu! Mmere tiaa bi, wɔbɔɔ no hyɛɛ abɔfo ase sɛnea ɛbɛyɛ a esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti ɛsɛ sɛ owu ma nnipa nyinaa no. Yehu no sɛ esiane owu a owui no nti, wɔahyɛ no anuonyam.
Але бачимо Ісуса, мало чим уменшеним від анголі́в, що за перете́рплення смерти Він уві́нчаний честю й вели́чністю, щоб за благода́ттю Божою смерть скуштува́ти за всіх.
10 Eye sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa na ɔhwɛ so no bɛma Yesu afa nʼamanehunu no mu ayɛ pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma nyinaa akɔ saa anuonyam no mu bi. Efisɛ Yesu no nko ara ne Onipa a obedi wɔn anim akɔ nkwagye no mu.
Бо належало, щоб Той, що все ради Нього й усе від Нього, Хто до слави привів багато синів, Провідника їхнього спасі́ння вчинив досконалим через стражда́ння.
11 Ɔma nnipa yɛ kronkron fi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno nti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no.
Бо Хто освячує, і ті, хто освя́чується — усі від Одно́го. З цієї причини не соромиться Він звати братами їх, кажучи:
12 Ɔka se, “Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.”
„Сповіщу́ про Ім'я́ Твоє бра́ттям Своїм, буду хвалити Тебе серед Церкви“!
13 Ɔsan ka bio se, “Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.” Na ɔno nso ka se, “Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no ni.”
І ще: „На Нього я бу́ду надіятися“! І ще: „Ото Я та діти, яких Бог Мені дав“.
14 Esiane sɛ mma no wɔ ɔhonam ne mogya nti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne wu no so bɛsɛe ɔbonsam a okura owu tumi no ahoɔden.
А що ді́ти стали спільниками тіла та крови, то й Він став уча́сником їхнім, щоб смертю знищити того, хто має вла́ду смерти, цебто диявола,
15 Na ɔnam so agye wɔn a esiane sɛ wosuro owu nti, wɔayɛ akoa wɔ wɔn asetena nyinaa mu no.
та визволити тих усіх, хто все життя стра́хом смерти тримався в неволі.
16 Ɛyɛ nokware turodoo sɛ ɛnyɛ abɔfo na ɔboa wɔn. Na mmom sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Ɔboa Abraham asefo.”
Бо приймає Він не Анголі́в, але Авраамове насіння.
17 Eyi kyerɛ sɛ ɔkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ wɔn Sɔfopanyin nokwafo ne mmɔborɔhunufo wɔ Onyankopɔn som mu, na anam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn.
Тому́ мусів бути Він у всьому подібний брата́м, щоб стати милости́вим та вірним Первосвящеником у Божих справах, для вблага́ння за гріхи людей.
18 Enti afei, obetumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ no, efisɛ wɔsɔɔ ɔno ankasa hwɛe, ma ohuu amane.
Бо в чо́му був Сам постраждав, ви́пробовуваний, у тому Він може й випробо́вуваним помогти.

< Hebrifo 2 >