< Hebrifo 13 >
1 Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu.
Братерська любов нехай буде [між вами].
2 Monkae na munnye ahɔho wɔ mo afi mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfo a na wonnim.
Не забувайте про гостинність до чужинців, бо так деякі [люди], самі того не знаючи, виявляли гостинність до ангелів.
3 Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na wɔrehu saa amane no.
Пам’ятайте про тих, хто перебуває у в’язниці, наче ви ув’язнені з ними, [і] про тих, хто страждає, бо й ви перебуваєте в тілі.
4 Mo nyinaa nni aware ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho wɔn ho nokware, efisɛ Onyankopɔn bebu nguamanfo ne aguamammɔ atɛn.
Шлюб у всіх нехай буде в пошані, а подружнє ліжко залишиться чистим, адже Бог судитиме розпусників та перелюбників.
5 Munyi sikanibere mfi mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ nea mo nsa ka. Efisɛ Onyankopɔn aka se, “Merennyaw wo, na merempo wo da.”
Не будьте грошолюбними, натомість задовольняйтеся тим, що маєте, адже Бог сказав: «Я ніколи тебе не покину й ніколи тебе не залишу!»
6 Momma yensi yɛn bo nka se, “Awurade ne me boafo, enti merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”
Тому ми сміливо говоримо: «Господь зі мною – не боятимуся! Що зробить мені людина?»
7 Monkae mo mpanyimfo a wodii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɔkwan a wɔfaa so tenaa ase na munsua wɔn gyidi no.
Пам’ятайте про своїх наставників, котрі проповідували вам Слово Боже, і, дивлячись на кінець їхнього життя, наслідуйте їхню віру.
8 Yesu Kristo te saa ara nnɛra, nnɛ ne daa nyinaa. (aiōn )
Ісус Христос учора, сьогодні й навіки Той Самий. (aiōn )
9 Mommma nkyerɛkyerɛ foforo biara nntwe mo mmfi ɔkwan pa so. Eye sɛ Onyankopɔn adom nti, yɛn kra benyin ahoɔden so a emfi aduan ho mmara a yedi so no. Wɔn a wodi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara.
Нехай вас не вводять в оману всілякими чужими вченнями, бо краще зміцнювати серце благодаттю, а не їжею, яка не принесла користі тим, хто її дотримується.
10 Nanso yɛwɔ afɔremuka bi a Asɔfo a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan mu no mpo nni ho kwan sɛ wodidi so.
Ми маємо жертовник, з якого ті, хто служить в Оселі, не мають права їсти.
11 Yudafo Sɔfopanyin de mmoa mogya ba Kronkron mu Kronkron hɔ de bɛbɔ bɔne afɔre nanso wɔhyew mmoa no funu wɔ beae no akyi baabi.
Адже тіла тварин, кров яких первосвященник вносить у святилище як жертву за гріх, спалюють за межами табору.
12 Eyi nti, Yesu nso wuu wɔ kurow no pon akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a ne mogya bɛma nnipa ayɛ akronkron.
Тому й Ісус, щоб освятити людей своєю кров’ю, постраждав поза брамою міста.
13 Enti momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ beae no akyi nkogye animguase no bi.
Тож виходьмо до Нього за табір, несучи ганьбу, яку Він поніс.
14 Efisɛ yenni atenae a ɛwɔ hɔ daa wɔ asase yi so. Yɛrehwehwɛ kurow a ɛrebɛba no akyi kwan.
Бо тут у нас немає постійного міста, але ми шукаємо майбутнього.
15 Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔde.
Отже, приносьмо через Ісуса Богові жертву хвали, тобто плід вуст, які сповідують Його ім’я.
16 Mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, efisɛ ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.
І не забувайте творити добро та ділитися з іншими, бо такі жертви Богові до вподоби.
17 Muntie mo mpanyimfo na munni wɔn asɛm so. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wobu wɔn adwuma ho akontaa nti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ mutie wɔn a, wɔde anigye bɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a wɔde awerɛhow bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo.
Слухайтеся своїх наставників і підкоряйтесь [їм], бо вони піклуються про ваші душі, як ті, що мають дати звіт [за вас перед Богом]. [Слухайтеся, ] щоб вони робили це з радістю, а не із зітханням, бо це не корисно для вас.
18 Monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn. Yenim pefee sɛ yɛwɔ adwene a emu da hɔ, efisɛ yɛpɛ sɛ bere biara yɛyɛ ade a eye.
Моліться за нас, бо ми впевнені, що маємо добре сумління та бажаємо в усьому поводитись правильно.
19 Na mebɔ mpae kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpae na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara.
Особливо прошу вас молитися, щоб я найближчим часом міг повернутися до вас.
20 Onyankopɔn anyan yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ oguanhwɛfo panyin no afi awufo mu ama yɛn, na ɛnam ne wu no so nti wɔasɔw daa apam no ano ama yɛn. (aiōnios )
Нехай Бог миру, Який через кров вічного Завіту підняв із мертвих нашого Господа Ісуса – великого Пастиря овець, (aiōnios )
21 Asomdwoe Nyankopɔn mma mo nea ehia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛde, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛnea ɛsɔ ani. Anuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen. (aiōn )
удосконалить вас у всякому доброму ділі для виконання Його волі й здійснює в нас те, що Йому до вподоби, через Ісуса Христа, Якому слава навіки-віків! Амінь. (aiōn )
22 Anuanom, mesrɛ mo sɛ monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, efisɛ saa krataa a makyerɛw mo yi nyɛ tenten biara.
Благаю вас, брати, прийміть це слово заохочення, адже я написав вам досить коротко.
23 Mepɛ sɛ mebɔ mo amanneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afi afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn.
Знайте, що наш брат Тимофій звільнений, і якщо він незабаром приїде, то побачу вас разом із ним.
24 Yekyia mpanyimfo no ne Onyankopɔn nkurɔfo no nyinaa. Anuanom a wɔwɔ Italia no kyia mo.
Вітайте всіх своїх наставників і всіх святих. Вітають вас ті, хто в Італії.
Благодать [нехай буде] з усіма вами.