< Hebrifo 10 >

1 Mmara no yɛ nneɛma pa nsusuwso a ɛreba, na mmom ɛnyɛ nneɛma pa no ankasa nen. Wɔbɔ afɔre koro no ara afe biara, efisɛ saa afɔre koro a wɔbɔ no afe afe no rentumi mma nnipa a wɔsom no nyɛ pɛ da.
Albowiem zakon mając cień przyszłych dóbr, a nie sam obraz rzeczy, jednakiemiż ofiarami, które na każdy rok ustawicznie ofiarują, nigdy nie może tych, którzy do nich przystępują, doskonałymi uczynić.
2 Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi fi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛno de anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa nti afɔrebɔ nyinaa to betwa.
Bo inaczej przestano by ich było ofiarować, przeto żeby już nie mieli żadnego sumienia o grzechy ci, którzy ofiarują, będąc raz oczyszczeni.
3 Nea saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara.
Ale przy tych ofiarach dzieje się przypomnienie grzechów na każdy rok.
4 Anantwi ne mmirekyi mogya rentumi mpepa bɔne.
Albowiem nie można rzec, aby krew wołów i kozłów miała gładzić grzechy.
5 Esiane saa nti, bere a Kristo rebɛba wiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se: “Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde nanso woasiesie ɔhonam ama me.
Przetoż wchodząc na świat, mówi: Ofiary i obiaty nie chciałeś, aleś mi ciało sposobił.
6 Wʼani nnnye ɔhyew ne bɔne afɔre anaa afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne ho.
Całopalenia i ofiary za grzech nie upodobałyć się.
7 Afei mekae se, ‘Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mmara nhoma no mu no.’”
Tedym rzekł: Oto idę (na początku księgi napisano o mnie), abym czynił, o Boże! wolę twoję;
8 Kan no ɔkae se, “Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛde a wɔde pepa bɔne ho.” Ɛwɔ mu, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa.
Powiedziawszy wyżej: Żeś ofiary i obiaty, i całopalenia za grzech nie chciał, ani sobie upodobał, (które według zakonu bywają ofiarowane).
9 Na ɔkae se, “Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno nti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi anan mu.
Tedy rzekł: Oto idę, abym czynił, o Boże wolę twoję; znosi pierwsze, aby wtóre postanowił.
10 Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no nti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔre prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho atew afi bɔne ho.
Przez którą wolę jesteśmy poświęceni przez ofiarę ciała Jezusa Chrystusa raz uczynioną.
11 Da biara Yudani sɔfo sɔre yɛ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔre mpɛn pii. Nanso saa afɔre yi rentumi mpepa bɔne.
A wszelkić kapłan stoi na każdy dzień, służbę Bożą odprawując, a jednakież ofiary częstokroć ofiarując, które nigdy grzechów zgładzić nie mogą.
12 Kristo de, ɔbɔɔ bɔne ho afɔre. Afɔre a ɛtena hɔ daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so.
Lecz ten jednę ofiarę ofiarowawszy za grzechy, na wieki siedzi na prawicy Bożej,
13 Ɛhɔ na ɔretwɛn mprempren kosi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfo ayɛ nʼanan ase ntiaso.
Na koniec oczekując, ażby położeni byli nieprzyjaciele jego podnóżkiem nóg jego.
14 Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfo ho atew daa nyinaa.
Albowiem jedną ofiarą doskonałymi uczynił na wieki tych, którzy bywają poświęceni.
15 Na Honhom Kronkron no nso di adanse. Nea edi kan no, ɔka se,
A świadczy nam to i sam Duch Święty; albowiem powiedziawszy pierwej:
16 “Eyi ne apam a me ne wɔn bɛpam wɔ bere a ɛreba no mu. Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn koma mu na makyerɛw agu wɔn adwene mu.”
Toć jest przymierze, które postanowię z nimi po onych dniach, mówi Pan: Dam prawa moje do serca ich, a na myślach ich napiszę je.
17 Na afei waka se, “Merenkae wɔn bɔne ne wɔn amumɔyɛ bio.”
A grzechów ich i nieprawości ich nie wspomnę więcej:
18 Sɛ wɔde eyinom nyinaa kyɛ a, na afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne no ho nhia bio.
A gdzieć jest odpuszczenie ich, jużci więcej ofiary nie potrzeba za grzech.
19 Anuanom, esiane Yesu wu no nti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ.
Mając tedy, bracia! wolność, wnijść do świątnicy przez krew Jezusową,
20 Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɔkwan foforo a nkwa wɔ mu ama yɛn.
(Drogą nową i żywą, którą nam poświęcił przez zasłonę, to jest przez ciało swoje.)
21 Yɛwɔ ɔsɔfo kɛse bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so.
I kapłana wielkiego nad domem Bożym;
22 Momma yɛmfa koma pa ne gyidi a mu yɛ den ntwiw mmɛn Onyankopɔn. Efisɛ wɔde Yesu mogya atew yɛn tiboa afɔbu ho, na wɔde nsu a ɛyɛ kronkron aguare yɛn nipadua.
Przystąpmyż z prawdziwem sercem w zupełności wiary, mając oczyszczone serca od sumienia złego,
23 Momma yennyina gyidi a yɛaso mu no mu dennen, efisɛ nea ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafo.
I omyte ciało wodą czystą, trzymajmy wyznanie nadziei niechwiejące się; (boć wierny jest ten, który obiecał; )
24 Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa.
I przypatrujmy się jedni drugim ku pobudzaniu się do miłości i do dobrych uczynków,
25 Mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛnea afoforo bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denneennen, efisɛ mo ara muhu sɛ ɛrenkyɛ na da no aba.
Nie opuszczając społecznego zgromadzenia naszego, jako niektórzy obyczaj mają, ale napominając jedni drugich, a to tem więcej, czem więcej widzicie, iż się on dzień przybliża.
26 Sɛ mohyɛ da kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, efisɛ wɔada nokware no adi akyerɛ yɛn.
Albowiem jeźlibyśmy dobrowolnie grzeszyli po wzięciu znajomości prawdy, nie zostawałaby już ofiara za grzechy;
27 Nea ɛwɔ hɔ ma wɔn a wotia Onyankopɔn ara ne atemmu ne ogya a ɛbɛba abɛhyew wɔn no.
Ale straszliwe niejakie oczekiwanie sądu i zapalenie ognia, który pożreć ma przeciwników.
28 Obiara a obu Mose Mmara no so no, sɛ nnansefo baanu anaa baasa adansedi nti, wobu atɛn tia no a, wobekum no a wɔrenhu no mmɔbɔ.
Kto by odrzucił zakon Mojżeszowy, bez miłosierdzia za świadectwem dwóch albo trzech umiera.
29 Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a egyee no fii bɔne mu no nyɛ hwee anaa nea otiatia Honhom a ɔma adom no anim no, dɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no benya no nyɛ adewa.
Co się wam zda? Jakoż sroższego karania godzien jest ten, kto by Syna Bożego podeptał i krew przymierza, przez którą był poświęcony, za pospolitą miał, i Ducha łaski zelżył?
30 Yenim sɛ Onyankopɔn kae se, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na mitua ka,” na ɔno ara na ɔsan kae se, “Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn.”
Albowiem znamy tego, który powiedział: Mnie pomsta, Ja oddam, mówi Pan; i zasię: Pan sądzić będzie lud swój.
31 Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu.
Strasznać rzecz jest wpaść w ręce Boga żywego.
32 Monkae ahohia a mokɔɔ mu bere a muhuu hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane.
Wspomnijcie na dni pierwsze, w których będąc oświeceni, znosiliście wielki bój utrapienia,
33 Ebi ne sɛ, wɔyeyaw mo mpɛn pii, guu mo anim ase wɔ bagua mu; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehu amane no ho.
Lubo to, gdyście byli i urąganiem, i utrapieniem na podziw wystawieni lub też gdyście się stali uczestnikami tych, z którymi się tak obchodzono.
34 Mo ne nneduafo daa afiase na wɔfaa mo ahode nyinaa no mpo, munyaa ho boasetɔ, efisɛ munim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa.
Albowiemeście i z więzienia mego ze mną utrapieni byli i rozchwycenie majętności waszych przyjęliście z radością, wiedząc, że macie w sobie lepszą majętność w niebie, i trwającą.
35 Mommma mo koma ntutu na moanhwere mo akatua.
Przetoż nie odrzucajcie ufności waszej, która ma wielką zapłatę.
36 Ɛsɛ sɛ motɔ mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde ama mo nsa aka nea wɔahyɛ mo ho bɔ no.
Albowiem cierpliwości wam potrzeba, abyście wolę Bożą czyniąc, odnieśli obietnicę.
37 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛrenkyɛ koraa na nea ɛsɛ sɛ ɔba no aba; ɔrentwentwɛn.
Boć jeszcze bardzo, bardzo maluczko, a oto ten, który ma przyjść, przyjdzie, a nie omieszka.
38 Na, “Nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.”
A sprawiedliwy z wiary żyć będzie; a jeźliby się kto schraniał, nie kocha się w nim dusza moja.
39 Yɛnyɛ nnipa a yɛsan yɛn akyi na yɛyera. Mmom yɛwɔ gyidi na wɔagye yɛn nkwa.
Lecz my nie jesteśmy z tych, którzy się schraniają ku zginieniu, ale z tych, którzy wierzą ku pozyskaniu duszy.

< Hebrifo 10 >