< Habakuk 3 >

1 Saa mpaebɔ yi, Habakuk too no sɛ dwom:
Saa mpaeɛbɔ yi, Habakuk too no sɛ dwom:
2 Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa, Na wʼanwonwadwuma a woayɛ no, me ho adwiriw me. Yɛ no foforo wɔ yɛn mmere so. Yɛn mmere yi mu, ma wonhu. Wʼabufuwhyew mu no, kae wo mmɔborɔhunu.
Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa, na me ho adwiri me wɔ wʼanwanwannwuma a woayɛ ho, Yɛ no foforɔ wɔ yɛn mmerɛ so. Yɛn mmerɛ yi mu, ma wɔnhunu. Wʼabofuhyeɛ mu no, kae wo mmɔborɔhunu.
3 Onyankopɔn fi Teman bae, Ɔkronkronni a ofi Bepɔw Paran so, Nʼanuonyam kata ɔsoro, na nʼayeyi hyɛ asase so ma.
Onyankopɔn firi Teman baeɛ, Ɔkronkronni a ɔfiri Bepɔ Paran so, Nʼanimuonyam kata ɔsoro, na nʼayɛyie hyɛ asase so ma.
4 Ɔhyerɛn sɛ anɔpawia Hann no nsensanee twa yerɛw fi ne nsam, Ɛhɔ na ne tumi ahintaw.
Ɔhyerɛn sɛ anɔpawia. Ɛhan no twa ogya firi ne nsam, Ɛhɔ na ne tumi ahinta.
5 Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ; Na nsanyare di nʼakyi pɛɛ.
Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ; Na nsaneyadeɛ di nʼakyi pɛɛ.
6 Sɛ ogyina a, asase wosow. Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman wosow. Tete mmepɔw dwiriwii, na nkoko a efi tete no ka kataa so. Nʼakwan ntwa mu da.
Sɛ ɔgyina a, asase woso. Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman woso. Tete mmepɔ dwiri, na nkokoɔ a ɛfiri tete no ka sram so. Nʼakwan nntwa mu da.
7 Mihuu Kusanfo ntamadan a atetew ne Midianfo atenae a agyigya.
Mehunuu Kusanfoɔ ntomadan a ateteɛ ne Midianfoɔ atenaeɛ a agyigya.
8 Awurade, wo bo fuw nsubɔnten no? Wʼabufuw no tiaa nsuwansuwa no? Wosɔre tiaa po, bere a wo ne wʼapɔnkɔ ne nkonimdi nteaseɛnam nam no.
Awurade, wo bo fuu nsubɔntene no? Wʼabofuo no tiaa nsuwansuwa no? Wosɔre tiaa ɛpo, ɛberɛ a wo ne wʼapɔnkɔ ne nkonimdie nteaseɛnam nam.
9 Wuyii wo tadua, Woma wɔde agyan bebree brɛɛ wo. Wode nsubɔnten paapae asase mu.
Woyii wo tadua, Wobisaa sɛ wɔmmrɛ wo agyan bebree. Wode nsubɔntene paapae asase mu.
10 Mmepɔw huu wo, na wɔwosowee Osuhweam bɛsen kɔe. Bun no woroo so, na ehuru baa soro.
Mmepɔ hunuu wo, na wɔwosoeɛ Nsuohwiam bɛsene kɔeɛ. Ebunu no woro so, na ɛhuru baa soro.
11 Owia ne ɔsram gyinagyinaa sorosoro hɔ, bere a wohuu wʼagyan a ɛnenam wim no hann, ne wo peaw a ɛpa yerɛw yerɛw no.
Owia ne ɔsrane gyinagyinaa sorosoro hɔ, ɛberɛ a wohunuu wʼagyan a ɛnenam ewiem no hann no ne wo pea a ɛpa nyinam nyinam no.
12 Wʼabufuwhyew mu no, wonantew twaa asase so na wode abufuw tiatiaa aman no so.
Wʼabufuhyeɛ mu no, wonante twaa asase so na wode abufuo tiatiaa aman no so.
13 Wobaa se worebegye wo nkurɔfo, na woagye nea wɔasra no no nkwa. Wopɛtɛw atirimɔdenfoman no kannifo, wopaa ne ho ntama fi ne ti so kosii ne nan ase.
Wobaeɛ sɛ worebɛgye wo nkurɔfoɔ, na woagye deɛ wɔasra no no nkwa. Wopɛkyɛɛ atirimuɔdenfoɔ ɔman no kandifoɔ, wopaa ne ho ntoma firi ne tiri so kɔsii ne nan ase.
14 Wode nʼankasa peaw hwirew ne ti mu, bere a nʼakofo bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu. Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre mmɔborɔfo a wɔakɔ agua no ase koraa.
Wode ɔno ankasa pea hweree ne tiri mu, ɛberɛ a nʼakofoɔ bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu. Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre mmɔborɔfoɔ a wɔakɔ atɛ no ase koraa.
15 Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa po no mu, ma asu kɛse no hurui.
Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa ɛpo no mu, ma nsuo kɛseɛ no huruiɛ.
16 Metee no, me koma tui, nnyigyei no maa mʼano poo biribiri; ɔporɔw hyɛn me nnompe mu, na me nan wosowee. Nanso mɛtɔ me bo ase atwɛn akosi sɛ amanehunu da bɛba ɔman a wɔtow hyɛɛ yɛn so no so.
Meteeɛ no, mʼakoma tuuɛ, nnyegyeeɛ no maa mʼano poo biribiri; aporɔ hyɛnee me nnompe mu, na me nan wosoeɛ. Nanso mɛto me bo ase atwɛn akɔsi sɛ amanehunu da bɛduru ɔman a wɔto hyɛɛ yɛn so no.
17 Ɛwɔ mu, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren, na aba nso nni bobe no so; ɛwɔ mu, ngodua no adi huammɔ na mfuw no mmɔ aduan. Ɛwɔ mu, nguan biara nni buw no mu, na anantwi nso nni ban no mu.
Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren, na aba nso nni bobe no so; ɛwom, ngo dua no adi hwammɔ na mfuo no mmɔ aduane. Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu, na anantwie nso nni ban no mu.
18 Nanso mʼani begye Awurade mu; me ho bɛsɛpɛw me wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.
Nanso, mʼani bɛgye Awurade mu; me ho bɛsɛpɛ me wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.
19 Otumfo Awurade yɛ mʼahoɔden. Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforote de, ɔma me nantew sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mpae yi mma nnwonto kwankyerɛfo no. Na wɔnto no wɔ mʼasanku no so.
Otumfoɔ Awurade yɛ mʼahoɔden. Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforoteɛ deɛ, ɔma me nante sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mpaeɛ yi mma nnwomtofoɔ ntuanoni no. Na wɔnto no wɔ me nhoma nnwontodeɛ no so.

< Habakuk 3 >