< Habakuk 1 >

1 Eyi ne asɛm a odiyifo Habakuk nya fii Awurade nkyɛn wɔ anisoadehu mu.
המשא אשר חזה חבקוק הנביא׃
2 Awurade, enkosi da bɛn na memfrɛ nsrɛ mmoa, nanso wuntie me? Meteɛ mu frɛ, “Akakabensɛm!” nanso womma mmegye me.
עד אנה יהוה שועתי ולא תשמע אזעק אליך חמס ולא תושיע׃
3 Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyew? Adɛn nti na wotena bɔne ho? Ɔsɛe ne akakabensɛm da mʼanim, basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ho ahyia.
למה תראני און ועמל תביט ושד וחמס לנגדי ויהי ריב ומדון ישא׃
4 Enti mmara nyɛ adwuma na atɛntrenee nni baabiara, atirimɔdenfo aka atreneefo ahyɛ, enti wɔkyea atemmu.
על כן תפוג תורה ולא יצא לנצח משפט כי רשע מכתיר את הצדיק על כן יצא משפט מעקל׃
5 “Hwɛ aman no, na wo ho bedwiriw wo! Merebɛyɛ biribi wɔ wo bere so, na sɛ wɔka kyerɛ wo a, worennye nni.
ראו בגוים והביטו והתמהו תמהו כי פעל פעל בימיכם לא תאמינו כי יספר׃
6 Merema Babiloniafo asɔre, ɔman a wɔyɛ atirimɔdenfo ne ntɔkwapɛfo; wobu fa asase nyinaa so, na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn de.
כי הנני מקים את הכשדים הגוי המר והנמהר ההולך למרחבי ארץ לרשת משכנות לא לו׃
7 Wɔn ho yɛ hu na nnipa suro wɔn; wɔyɛ wɔn koko so ade, de pɛ anuonyam ma wɔn ho.
אים ונורא הוא ממנו משפטו ושאתו יצא׃
8 Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ, na wɔn ho yɛ hu sen pataku a ɔnam anadwo, wɔn apɔnkɔsotefo kɔ wɔn anim mmarima so, wofi akyirikyiri nsase so, na wɔbɔ hoo sɛ akorɔma a ɔrekɔkyere aboa.
וקלו מנמרים סוסיו וחדו מזאבי ערב ופשו פרשיו ופרשיו מרחוק יבאו יעפו כנשר חש לאכול׃
9 Wɔn nyinaa ba sɛ wɔrebɛyɛ basabasayɛ. Wɔn dɔm pem kɔ wɔn anim te sɛ nweatam so mframa, na wɔtase nneduafo sɛ nwea.
כלה לחמס יבוא מגמת פניהם קדימה ויאסף כחול שבי׃
10 Wodi ahene ho fɛw, wɔka aman sodifo anim, na wɔtwee nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen. Wosisi dɔte mpie nam so kyekyere atamfo.
והוא במלכים יתקלס ורזנים משחק לו הוא לכל מבצר ישחק ויצבר עפר וילכדה׃
11 Wɔbɔ hoo te sɛ mframa kɔ wɔn anim. Afɔdifo a wɔn ahoɔden yɛ wɔn nyame.”
אז חלף רוח ויעבר ואשם זו כחו לאלהו׃
12 Awurade, wunni hɔ fi tete ana? Me Nyankopɔn, me Kronkronni, wo a wote ase daa. Wo, Awurade, woapaw wɔn sɛ wommu atɛn; wo, me Botantim, woahyɛ wɔn sɛ wɔntwe aso.
הלוא אתה מקדם יהוה אלהי קדשי לא נמות יהוה למשפט שמתו וצור להוכיח יסדתו׃
13 Wʼaniwa yɛ kronkron a wuntumi nhwɛ nnebɔne; wunnyigye nnebɔne so. Na adɛn nti na wugyigye nnipa akɔntɔnkye so, na dɛn nti na wayɛ komm wɔ bere a atirimɔdenfo rememene atreneefo?
טהור עינים מראות רע והביט אל עמל לא תוכל למה תביט בוגדים תחריש בבלע רשע צדיק ממנו׃
14 Woama nnipa ayɛ sɛ nsumnam a ɛwɔ po mu, te sɛ abɔde a ɛwɔ po mu a wonni sodifo.
ותעשה אדם כדגי הים כרמש לא משל בו׃
15 Ɔtamfo tirimɔdenfo no de darewa yi wɔn, ogu nʼasau de buma wɔn, na afei ɔsɛpɛw ne ho ma nʼani gye.
כלה בחכה העלה יגרהו בחרמו ויאספהו במכמרתו על כן ישמח ויגיל׃
16 Ne saa nti ɔbɔ afɔre ma nʼasau na wahyew aduhuam ama no, efisɛ asau yi so na ɔnam nya yiyedi, na odi nʼakɔnnɔ aduan.
על כן יזבח לחרמו ויקטר למכמרתו כי בהמה שמן חלקו ומאכלו בראה׃
17 Enti ɔnkɔ so nni nʼasau mu nam, na ɔmfa atirimɔden nsɛe aman ana?
העל כן יריק חרמו ותמיד להרג גוים לא יחמול׃

< Habakuk 1 >