< 1 Mose 9 >

1 Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmabarima no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma.
और ख़ुदा ने नूह और उसके बेटों को बरकत दी और उनको कहा कि फ़ायदेमन्द हो और बढ़ो और ज़मीन को भर दो।
2 Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne abɔde a wɔwɔ asase so ne nsu mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa.
और ज़मीन के सब जानदारों और हवा के सब परिन्दों पर तुम्हारी दहशत और तुम्हारा रौब होगा; यह और तमाम कीड़े जिन से ज़मीन भरी पड़ी है, और समुन्दर की कुल मछलियाँ तुम्हारे क़ब्ज़े में की गई।
3 Biribiara a nkwa wɔ mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduan. Sɛnea mede nhabammono hyɛɛ mo nsa no, afei de, mede biribiara ma mo.
हर चलता फिरता जानदार तुम्हारे खाने को होगा; हरी सब्ज़ी की तरह मैंने सबका सब तुम को दे दिया
4 “Nanso ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wontwaa ne mene mmaa ne mogya no ngui no nam.
मगर तुम गोश्त के साथ खू़न को, जो उसकी जान है न खाना।
5 Na wo nkwa de, nea ɛbɛyɛ biara, mebisa ho akontaabu. Onipa a okum ne yɔnko nipa no, mebisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a obekum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mebisa onipa kra ho asɛm.
मैं तुम्हारे खू़न का बदला ज़रूर लुँगा, हर जानवर से उसका बदला लूँगा; आदमी की जान का बदला आदमी से और उसके भाई बन्द से लुँगा।
6 “Obiara a ohwie onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam behwie ɔno nso mogya agu, efisɛ Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa.
जो आदमी का खू़न करे उसका खू़न आदमी से होगा, क्यूँकि ख़ुदा ने इंसान को अपनी सूरत पर बनाया है।
7 Mo de, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe wɔ asase so, na monnɔɔso.”
और तुम फल दायक हो और बढ़ो और ज़मीन पर खू़ब अपनी नसल बढ़ाओ, और बहुत ज़्यादा हो जाओ।
8 Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmabarima a wɔka ne ho no se,
और ख़ुदा ने नूह और उसके बेटों से कहा,
9 “Nnɛ, me ne mo ne mo asefo a wɔbɛwo wɔn no
देखो, मैं खुद तुमसे और तुम्हारे बाद तुम्हारी नसल से,
10 ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a na wɔwɔ mo nkyɛn wɔ Adaka no mu yɛ apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wuram mmoa a wɔne mo fi Adaka no mu bae no nyinaa, ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase so.
और सब जानदारों से जो तुम्हारे साथ हैं, क्या परिन्दे क्या चौपाए क्या ज़मीन के जानवर, या'नी ज़मीन के उन सब जानवरों के बारे में जो कश्ती से उतरे, 'अहद करता हूँ
11 Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyiri nsɛe abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyiri nsɛe asase bio da.”
मैं इस 'अहद को तुम्हारे साथ क़ाईम रखूँगा कि सब जानदार तूफ़ान के पानी से फिर हलाक न होंगे, और न कभी ज़मीन को तबाह करने के लिए फिर तूफ़ान आएगा
12 Na Onyankopɔn kae se, “Eyi ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnne.
और ख़ुदा ने कहा कि जो अहद मैंने अपने और तुम्हारे बीच और सब जानदारों के बीच जो तुम्हारे साथ हैं, नसल — दर — नसल हमेशा के लिए करता हूँ, उसका निशान यह है कि
13 Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam.
मैं अपनी कमान को बादल में रखता हूँ, वह मेरे और ज़मीन के बीच 'अहद का निशान होगी
14 Bere biara a mede omununkum bɛba asase ani, na sɛ nyankontɔn pue wɔ omununkum no mu a,
और ऐसा होगा कि जब मैं ज़मीन पर बादल लाऊँगा, तो मेरी कमान बादल में दिखाई देगी।
15 mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow no nyinaa ntam. Nsuyiri a ɛbɛsɛe abɔde a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio.
और मैं अपने 'अहद को, जो मेरे और तुम्हारे और हर तरह के जानदार के बीच है, याद करूँगा; और तमाम जानदारों की हलाकत के लिए पानी का तूफ़ान फिर न होगा।
16 Bere biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mehu na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa a wɔwɔ asase yi so no ntam no.”
और कमान बादल में होगी और मैं उस पर निगाह करूँगा, ताकि उस अबदी 'अहद को याद करूँ जो ख़ुदा के और ज़मीन के सब तरह के जानदार के बीच है।
17 Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, “Eyi ne apam a me ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnne.”
तब ख़ुदा ने नूह से कहा कि यह उस 'अहद का निशान है जो मैं अपने और ज़मीन के कुल जानदारों के बीच क़ाईम करता हूँ।
18 Eyinom ne Noa mmabarima a wofi Adaka no mu bae: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan.
नूह के बेटे जो कश्ती से निकले, सिम, हाम और याफ़त थे और हाम कनान का बाप था।
19 Eyinom ne Noa mmabarima. Wɔn mu na nnipa a wɔahwete wɔ asase so nyinaa fi bae.
यही तीनों नूह के बेटे थे और इन्हीं की नसल सारी ज़मीन फैली।
20 Noa yɛ okuafo a odii kan. Ɔyɛɛ bobeturo.
और नूह काश्तकारी करने लगा और उसने एक अँगूर का बाग़ लगाया।
21 Da bi, ɔnom bobesa no bi bow ma ɔdaa ne ntamadan mu adagyaw.
और उसने उसकी मय पी और उसे नशा आया और वह अपने डेरे में नंगा हो गया।
22 Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagyaw. Ofii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuabarimanom baanu no amanneɛ.
और कनान के बाप हाम ने अपने बाप को नंगा देखा, और अपने दोनों भाइयों को बाहर आ कर ख़बर दी।
23 Enti Sem ne Yafet faa atade de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyiri de kɔkataa wɔn agya adagyaw so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya nti, wɔanhu nʼadagyaw mu.
तब सिम और याफ़त ने एक कपड़ा लिया और उसे अपने कन्धों पर धरा, और पीछे को उल्टे चल कर गए और अपने बाप की नंगे पन को ढाँका, इसलिए उनके मुँह उल्टी तरफ़ थे और उन्होंने अपने बाप की नंगे पन को न देखा।
24 Bere a Noa ani so tetew no, na ohuu sɛnea ne kaakyiri no ayɛ no,
जब नूह अपनी मय के नशे से होश में आया, तो जो उसके छोटे बेटे ने उसके साथ किया था उसे मा'लूम हुआ।
25 ɔkae se, “Nnome nka Ham asefo a wɔyɛ Kanaanfo. Wɔbɛyɛ wɔn nuanom mu nkoa mu nkoa.”
और उसने कहा कि कनान मल'ऊन हो, वह अपने भाइयों के गु़लामों का ग़ुलाम होगा
26 Noa kaa bio se, “Me nhyira a efi Awurade, me Nyankopɔn, nkyɛn no nka Sem! Kanaan nyɛ Sem akoa.
फिर कहा, ख़ुदावन्द सिम का ख़ुदा मुबारक हो, और कनान सिम का ग़ुलाम हो।
27 Onyankopɔn ntrɛw Yafet ase ne nʼasase mu. Yafet ntena Sem ntamadan mu, na Kanaan nyɛ nʼakoa.”
ख़ुदा याफ़त को फैलाए, कि वह सिम के डेरों में बसे, और कनान उसका गु़लाम
28 Nsuyiri no akyi no, Noa tenaa ase mfe ahaasa ne aduonum.
और तूफ़ान के बाद नूह साढ़े तीन सौ साल और ज़िन्दा रहा।
29 Noa dii mfe ahankron ne aduonum, ansa na ɔrewu.
और नूह की कुल उम्र साढ़े नौ सौ साल की हुई। तब उसने वफ़ात पाई।

< 1 Mose 9 >