< 1 Mose 8 >
1 Nanso Onyankopɔn kaee Noa ne wuram mmoa a na wɔne no wɔ Adaka no mu no, na ɔmaa mframa bɔ faa asase so, na nsu no twee.
१परमेश्वर ने नूह और जितने जंगली पशु और घरेलू पशु उसके संग जहाज में थे, उन सभी की सुधि ली: और परमेश्वर ने पृथ्वी पर पवन बहाई, और जल घटने लगा।
2 Asuti a ɛwowɔ asase ase no mu nsu a ɛbobɔe no gyaee ba, na ɔsoro mfɛnsere no nso mu toto maa osu no gyaee tɔ.
२गहरे समुद्र के सोते और आकाश के झरोखे बंद हो गए; और उससे जो वर्षा होती थी वह भी थम गई।
3 Nsu no toaa so twe fii asase so. Nnafua ɔha ne aduonum akyi no, na nsu no atwe koraa.
३और एक सौ पचास दिन के पश्चात् जल पृथ्वी पर से लगातार घटने लगा।
4 Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunson so, Adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so.
४सातवें महीने के सत्रहवें दिन को, जहाज अरारात नामक पहाड़ पर टिक गया।
5 Nsu no toaa so, twee ara kosii ɔsram a ɛto so du no so. Na ɔsram no da a edi kan no, mmepɔw no atifi daa adi.
५और जल दसवें महीने तक घटता चला गया, और दसवें महीने के पहले दिन को, पहाड़ों की चोटियाँ दिखाई दीं।
6 Adaduanan akyi no, Noa buee mfɛnsere a otwa too Adaka no ho no,
६फिर ऐसा हुआ कि चालीस दिन के पश्चात् नूह ने अपने बनाए हुए जहाज की खिड़की को खोलकर,
7 na ɔsomaa kwaakwaadabi ma odii akɔneaba kosii sɛ nsu no nyinaa yow fii asase no so.
७एक कौआ उड़ा दिया: जब तक जल पृथ्वी पर से सूख न गया, तब तक कौआ इधर-उधर फिरता रहा।
8 Afei, ɔsomaa aborɔnoma sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ asase no so awo ana.
८फिर उसने अपने पास से एक कबूतरी को भी उड़ा दिया कि देखे कि जल भूमि से घट गया कि नहीं।
9 Nanso aborɔnoma no annya baabi ansi, efisɛ na nsu no akata asase no so nyinaa. Enti ɔsan baa Noa nkyɛn ma Noa teɛɛ ne nsa soo ne mu de no baa Adaka no mu.
९उस कबूतरी को अपने पैर टेकने के लिये कोई आधार न मिला, तो वह उसके पास जहाज में लौट आई: क्योंकि सारी पृथ्वी के ऊपर जल ही जल छाया था तब उसने हाथ बढ़ाकर उसे अपने पास जहाज में ले लिया।
10 Noa twɛn nnanson, na ɛno akyi no, ɔsan somaa aborɔnoma no bio.
१०तब और सात दिन तक ठहरकर, उसने उसी कबूतरी को जहाज में से फिर उड़ा दिया।
11 Bere a aborɔnoma no san baa ne nkyɛn anwummere no, na ngodua ahabammono a watew tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa huu sɛ nsu no atwe afi asase no so.
११और कबूतरी साँझ के समय उसके पास आ गई, तो क्या देखा कि उसकी चोंच में जैतून का एक नया पत्ता है; इससे नूह ने जान लिया, कि जल पृथ्वी पर घट गया है।
12 Noa twɛn nnanson bio, na ɔsan somaa aborɔnoma no, nanso wansan amma ne nkyɛn bio.
१२फिर उसने सात दिन और ठहरकर उसी कबूतरी को उड़ा दिया; और वह उसके पास फिर कभी लौटकर न आई।
13 Na ɛbaa sɛ Noa dii mfe ahansia ne baako, ɔsram a edi kan no mu da a edi kan no, na nsu no atwe afi asase no so. Enti Noa yii Adaka no suhyɛ no, na ohuu sɛ asase so awo.
१३नूह की आयु के छः सौ एक वर्ष के पहले महीने के पहले दिन जल पृथ्वी पर से सूख गया। तब नूह ने जहाज की छत खोलकर क्या देखा कि धरती सूख गई है।
14 Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu ason so no na asase no so woo koraa.
१४और दूसरे महीने के सताईसवें दिन को पृथ्वी पूरी रीति से सूख गई।
15 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se,
१५तब परमेश्वर ने नूह से कहा,
16 “Wo ne wo yere ne wo mmabarima ne wɔn yerenom mfi Adaka no mu mpue.
१६“तू अपने पुत्रों, पत्नी और बहुओं समेत जहाज में से निकल आ।
17 Yi abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa fi Adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔ wɔ asase so.”
१७क्या पक्षी, क्या पशु, क्या सब भाँति के रेंगनेवाले जन्तु जो पृथ्वी पर रेंगते हैं; जितने शरीरधारी जीव-जन्तु तेरे संग हैं, उन सब को अपने साथ निकाल ले आ कि पृथ्वी पर उनसे बहुत बच्चे उत्पन्न हों; और वे फूलें-फलें, और पृथ्वी पर फैल जाएँ।”
18 Enti Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne mmabarima yerenom fii Adaka no mu.
१८तब नूह और उसके पुत्र और पत्नी और बहुएँ, निकल आईं।
19 Mmoa no nyinaa ne abɔde a wɔnam asase so nyinaa ne nnomaa nyinaa ne biribiara a ɛnam asase so nyinaa fii Adaka no mu saa ara mmaako mmaako.
१९और सब चौपाए, रेंगनेवाले जन्तु, और पक्षी, और जितने जीवजन्तु पृथ्वी पर चलते फिरते हैं, सब जाति-जाति करके जहाज में से निकल आए।
20 Na Noa sii afɔremuka maa Awurade. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho tew, de bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so.
२०तब नूह ने यहोवा के लिये एक वेदी बनाई; और सब शुद्ध पशुओं, और सब शुद्ध पक्षियों में से, कुछ कुछ लेकर वेदी पर होमबलि चढ़ाया।
21 Awurade tee afɔre a Noa bɔe no huam no, ɔkaa wɔ ne koma mu se, “Ɛwɔ mu sɛ bɔne ahyɛ onipa koma ma fi ne mmofraase de, nanso merenni onipa akyi nnome asase bio. Na merensɛe abɔde a nkwa wɔ mu bio sɛnea mayɛ yi.
२१इस पर यहोवा ने सुखदायक सुगन्ध पाकर सोचा, “मनुष्य के कारण मैं फिर कभी भूमि को श्राप न दूँगा, यद्यपि मनुष्य के मन में बचपन से जो कुछ उत्पन्न होता है वह बुरा ही होता है; तो भी जैसा मैंने सब जीवों को अब मारा है, वैसा उनको फिर कभी न मारूँगा।
22 “Mmere dodow a asase da so wɔ hɔ yi, ogu ne otwa, awɔw ne ahuhuru, asusow ne ɔpɛ, awia ne anadwo to rentwa da.”
२२अब से जब तक पृथ्वी बनी रहेगी, तब तक बोने और काटने के समय, ठंडा और तपन, धूपकाल और शीतकाल, दिन और रात, निरन्तर होते चले जाएँगे।”