< 1 Mose 7 >

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa se, “Wo ne wo fifo nyinaa nkɔ Adaka no mu, efisɛ asase so nnipa nyinaa mu no, wo na mahu sɛ woyɛ ɔtreneeni.
Eka Jehova Nyasaye nowacho ne Nowa niya, “Donj ei yie, in kaachiel gi joodi, nikech aseyudo ni in ngʼat makare e kind ogandani.
2 Fa mmoa a wɔn ho tew biara, anini ason ne abere ason ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho ntew nso abien, onini ne ɔbere.
Kaw kit le duto maler michamo machwo abiriyo kod mamon abiriyo kod kit le duto mochido ma ok cham machwo ariyo kod mamon ariyo,
3 Na fa nnomaa biara anini ason ne abere, sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no akyi no, wɔn ase bɛfɛe.
kendo gi kit winy duto machwo abiriyo kod mamon abiriyo mondo okan kitgi e piny ngima.
4 Nnanson akyi no mɛma osu atɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔde biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afi asase so.”
Bangʼ ndalo abiriyo koa sani abiro kelo koth e piny kuom ndalo piero angʼwen odiechiengʼ gi otieno, kendo abiro tieko gik moko duto mangima mane achweyo.”
5 Noa dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa so.
Kendo Nowa notimo duto ma Jehova Nyasaye nochike.
6 Bere a nsuyiri baa asase so no, na Noa adi mfe ahansia.
Nowa ne ja-higni mia auchiel kane pi opongʼo piny.
7 Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne nsenom mmea kɔhyɛɛ adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no renka wɔn.
Kendo Nowa gi yawuote gi chiege kod mond yawuote nodonjo ei yie mondo otony ne pi mar ataro.
8 Mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam,
Le ka le madichwo kod madhako maler kod mochido, michamo kod ma ok cham, kaachiel gi winy kod gik mamol ariyo ariyo,
9 abien abien a wɔyɛ anini ne abere kɔkaa Noa ho wɔ adaka no mu, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no.
nobiro ir Nowa kendo nodonjo kodgi ei yie mana kaka Nyasaye nochike.
10 Na nnanson no akyi no, nsuyiri no fii ase.
Kendo bangʼ ndalo abiriyo pi mar ataro nobiro e piny.
11 Noa dii mfe ahansia no mu no, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunson no, nsuti a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔe, na ɔsoro mfɛnsere nso buebuei.
Tarik apar gabiriyo mar dwe mar ariyo noyudo ka Nowa ja-higni mia auchiel kendo sokni duto manie nam mangʼongo manie bwo piny nomuoch kendo dirisni mag polo noyawore.
12 Osu tɔɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan.
Kendo koth nochwe e piny ndalo piero angʼwen odiechiengʼ gotieno.
13 Saa da no ara, Noa ne ne mmabarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmabarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu.
Odiechiengʼno Nowa gi yawuote, Shem, Ham, kod Jafeth, kaachiel gi chiege kod mond yawuote adek, nodonjo e yie.
14 Na wuram mmoa ahorow ne nyɛmmoa ahorow ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔde biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu.
Negidonjo gi le duto mag buya kaka kitgi obet, jamni duto kaka kitgi obet, gik mangima duto mamol e lowo kaka kitgi obet, kod kit winy duto kaka kitgi obet, gimoro amora man-gi bwombene.
15 Abɔde biara a nkwa wɔ wɔn mu abien abien baa Noa nkyɛn bewuraa Adaka no mu.
Gik moko duto mangima ariyo ariyo nobiro ir Nowa kendo negidonjo ei yie.
16 Mmoa a wowuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abere, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu.
Gik moko duto mangima machwo kod mamon nodonjo ei yie mana kaka Nyasaye nochiko Nowa. Eka Jehova Nyasaye noloronegi ei yie.
17 Nsuyiri no toaa so adaduanan wɔ asase so. Ɛmaa Adaka no so maa ɛtɛn nsu no ani.
Kuom ndalo piero angʼwen pi nomedo pongʼo piny kendo kaka pi ne medore, motingʼo yie kalewore ewi pi.
18 Nsu no kɔɔ so yirii tɛnn wɔ asase so, maa Adaka no tɛn nsu no ani.
Pi nogingore kendo omedore ahinya e piny kendo yie ne lewore ewi pi.
19 Nsu no yirii tɛnn wɔ asase so ara kosii sɛ ɛkataa mmepɔw atenten akɛse a ɛwɔ asase so nyinaa so.
Pi nomedo gingore ahinya e piny, kendo gode maboyo duto man e bwo polo noimore.
20 Nsu no yirii ara kosii sɛ ɛkataa mmepɔw no so boroo so anammɔn aduonu.
Pi noimo gode kendo omedo gingore moloyo fut piero ariyo
21 Abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛnam asase so te sɛ nnomaa, wuram mmoa a wɔwea asase so ne adesamma ase hyewee.
Gik moko duto mangima mane ni e piny kaka winy, jamni, le mag bungu, gik mamol duto e piny kod ji duto notho.
22 Biribiara a ɛte asase ani no nso ase hyewee.
Gimoro amora mangima mane odak e lowo motwo kendo mayweyo gi ume notho.
23 Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔde a wɔnam asase so ne wim nnomaa nyinaa nso wɔpepaa wɔn fii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu no nko ara.
Gik moko duto mangima mane ni e piny notho duto; dhano, jamni gi le, gik moko duto mamol e lowo kod winy mafuyo e kor polo notiek e piny. Nowa kende ema nodongʼ kod joma ne ni kode e yie.
24 Nsuyiri no toaa so wɔ asase so nnafua ɔha aduonum.
Pi nopongʼo piny kuom ndalo mia achiel kod piero abich.

< 1 Mose 7 >

The Great Flood
The Great Flood