< 1 Mose 6 >

1 Bere a nnipa dɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea no,
사람이 땅 위에 번성하기 시작할 때에 그들에게서 딸들이 나니
2 Onyankopɔn mmabarima no huu sɛ nnipa mmabea no ho yɛ fɛ, nti nea obiara pɛ no no, ɔfaa no waree.
하나님의 아들들이 사람의 딸들의 아름다움을 보고 자기들의 좋아하는 모든 자로 아내를 삼는지라
3 Na Awurade kae se, “Me honhom rentena nnipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfe ɔha aduonu.”
여호와께서 가라사대 나의 신이 영원히 사람과 함께 하지 아니하리니 이는 그들이 육체가 됨이라 그러나 그들의 날은 일백이십 년이 되리라 하시니라
4 Saa bere no, na nnipa abran wɔ asase no so. Bere a Onyankopɔn mmabarima yi kɔɔ nnipa mmabea yi ho no, wɔne wɔn wowoe. Saa nnipa yi ne kan tete nnipa atitiriw a wogyee din no.
당시에 땅에 네피림이 있었고 그 후에도 하나님의 아들들이 사람의 딸들을 취하여 자식을 낳았으니 그들이 용사라 고대에 유명한 사람이었더라
5 Awurade Nyankopɔn huu sɛ adesamma amumɔyɛ adɔɔso wɔ asase so, na nnipa nsusuwii nyinaa yɛ bɔne nko ara.
여호와께서 사람의 죄악이 세상에 관영함과 그 마음의 생각의 모든 계획이 항상 악할 뿐임을 보시고
6 Awurade Nyankopɔn nuu ne ho sɛ ɔbɔɔ wɔn bɛtenaa asase so. Saa bɔne no yɛɛ Awurade Nyankopɔn awerɛhow.
땅 위에 사람 지으셨음을 한탄하사 마음에 근심하시고
7 Awurade kae se, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afi asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne wim nnomaa, efisɛ manu me ho sɛ mebɔɔ wɔn.”
가라사대 나의 창조한 사람을 내가 지면에서 쓸어버리되 사람으로부터 육축과 기는 것과 공중의 새까지 그리하리니 이는 내가 그것을 지었음을 한탄함이니라 하시니라
8 Nanso Noa de, onyaa adom Awurade anim.
그러나 노아는 여호와께 은혜를 입었더라
9 Noa awo ntoatoaso ni. Na Noa yɛ onipa ɔtreneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne bere sofo no mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde.
노아의 사적은 이러하니라 노아는 의인이요 당세에 완전한 자라 그가 하나님과 동행하였으며
10 Noa woo mmabarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet.
그가 세 아들을 낳았으니 셈과 함과 야벳이라
11 Na bɔne ahyɛ asase so ma a, amumɔyɛsɛm adɔɔso.
때에 온 땅이 하나님 앞에 패괴하여 강포가 땅에 충만한지라
12 Onyankopɔn huu saa bɔne yi nyinaa wɔ asase so, huu awurukasɛm ne amumɔyɛsɛm wɔ mmaa nyinaa nso.
하나님이 보신즉 땅이 패괴하였으니 이는 땅에서 모든 혈육 있는자의 행위가 패괴함이었더라
13 Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, “Esiane sɛ nnipa ama basabasa aba asase so nti, mɛsɛe nnipa ne asase a wɔte so no nyinaa.
하나님이 노아에게 이르시되 모든 혈육 있는 자의 강포가 땅에 가득하므로 그 끝날이 내 앞에 이르렀으니 내가 그들을 땅과 함께 멸하리라
14 Fa ɔwawa dua yɛ adaka. Yɛ adan wɔ Adaka no mu, na fa ama ka mu ne akyi nyinaa.
너는 잣나무로 너를 위하여 방주를 짓되 그 안에 간들을 막고 역청으로 그 안팎에 칠하라
15 Sɛɛ na ɛsɛ sɛ woyɛ no: ma ne tenten nyɛ anammɔn ahannan aduonum, ne trɛw anammɔn aduɔson anum, na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn aduanan anum.
그 방주의 제도는 이러하니 장이 삼백 규빗, 광이 오십 규빗, 고가 삼십 규빗이며
16 Bɔ adaka no so. Ma ne sorokɔ nyɛ bɛyɛ sɛ nsateaa dunwɔtwe. Fa ɔpon to adaka no nkyɛn, na yɛ nsɛmso abiɛsa; nea edi kan, nea ɛda ntam ne nea ɛwɔ soro.
거기 창을 내되 위에서부터 한 규빗에 내고 그 문은 옆으로 내고 상 중 하 삼층으로 할지니라
17 Tie! Mede nsuyiri rebɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔde a nkwa wɔ mu; biribiara a nkwa wɔ mu no, ne nyinaa bewuwu.
내가 홍수를 땅에 일으켜 무릇 생명의 기식 있는 육체를 천하에서 멸절하리니 땅에 있는 자가 다 죽으리라
18 Na wo de, me ne wo bɛyɛ apam; na wo, wo mmabarima, wo yere ne wo mmabarima yerenom nyinaa ne wo bɛba Adaka no mu.
그러나 너와는 내가 내 언약을 세우리니 너는 네 아들들과 네 아내와 네 자부들과 함께 그 방주로 들어가고
19 Ɛsɛ sɛ wode abɔde a nkwa wɔ mu nyinaa, abien abien a ɛyɛ onini ne ɔbere, a wo ne wɔn bɛtena adaka no mu nsuyiri bere no a wonnwuwu.
혈육 있는 모든 생물을 너는 각기 암 수 한쌍씩 방주로 이끌어 들여 너와 함께 생명을 보존케 하되
20 Nnomaa ahorow biara abien, mmoa biara abien, ne abɔde biara a ɛwea asase so abien bɛba wo nkyɛn, na woahwɛ wɔn, na wɔanwuwu.
새가 그 종류대로, 육축이 그 종류대로, 땅에 기는 모든 것이 그 종류대로, 각기 둘씩 네게로 나아오리니 그 생명을 보존케하라
21 Afei, fa nnuan ahorow a wodi na kora. Ɛno na ɛbɛyɛ wo ne wɔn nnuan a mubedi.”
너는 먹을 모든 식물을 네게로 가져다가 저축하라 이것이 너와 그들의 식물이 되리라
22 Noa yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
노아가 그와 같이 하되 하나님이 자기에게 명하신 대로 다 준행하였더라

< 1 Mose 6 >

The World is Destroyed by Water
The World is Destroyed by Water