< 1 Mose 5 >

1 Sɛnea Adam asefo nnidiso te ni. Bere a Onyankopɔn nwen onipa no, ɔnwen no sɛ ɔno ara ne sɛso.
Dette er Adams Slægtebog. Dengang Gud skabte Mennesket, gjorde han det i Guds Billede;
2 Ɔbɔɔ ɔbea ne ɔbarima, na ohyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wiee no, ɔtoo wɔn din onipa.
som Mand og Kvinde skabte han dem, og han velsignede dem og gav dem Navnet »Menneske«, da de blev skabt.
3 Adam dii mfe ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo ne din Set.
Da Adam havde levet i 130 Aar, avlede han en Søn, som var ham lig og i hans Billede, og han kaldte ham Set;
4 Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfe ahanwɔtwe a ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
og efter at Adam havde avlet Set, levede han 800 Aar og avlede Sønner og Døtre;
5 Sɛ wɔka Adam mfe nyinaa bɔ mu a, odii mfe ahankron aduasa, ansa na ɔrewu.
saaledes blev hans fulde Levetid 930 Aar, og derpaa døde han.
6 Set dii mfe ɔha ne anum no, ɔwoo Enos.
Da Set havde levet 105 Aar, avlede han Enosj;
7 Set woo Enos akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
og efter at Set havde avlet Enosj, levede han 807 Aar og avlede Sønner og Døtre;
8 Sɛ wɔka Set mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne dumien, ansa na ɔrewu.
saaledes blev Sets fulde Levetid 912 Aar, og derpaa døde han.
9 Enos dii mfe aduɔkron no, ɔwoo Kenan.
Da Enosj havde levet 90 Aar, avlede han Kenan;
10 Enos woo Kenan akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe ne dunum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
og efter at Enosj havde avlet Kenan, levede han 815 Aar og avlede Sønner og Døtre;
11 Sɛ wɔka Enos mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne anum, ansa na ɔrewu.
saaledes blev Enosj's fulde Levetid 905 Aar, og derpaa døde han.
12 Kenan dii mfe aduɔson no, ɔwoo Mahalalel.
Da Kenan havde levet 70 Aar, avlede han Mahalal'el;
13 Kenan woo Mahalalel akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduanan, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
og efter at Kenan havde avlet Mahalal'el, levede han 840 Aar og avlede Sønner og Døtre;
14 Sɛ wɔka Kenan mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne du, ansa na ɔrewu.
saaledes blev Kenans fulde Levetid 910 Aar, og derpaa døde han.
15 Mahalalel dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Yared.
Da Mahalal'el havde levet 65 Aar, avlede han Jered;
16 Mahalalel woo Yared akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
og efter at Mahalal'el havde avlet Jered, levede han 830 Aar og avlede Sønner og Døtre;
17 Sɛ wɔka Mahalalel mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanwɔtwe aduɔkron anum, ansa na ɔrewu.
saaledes blev Mahalal'els fulde Levetid 895 Aar, og derpaa døde han.
18 Yared dii mfe ɔha aduosia abien no, ɔwoo Henok.
Da Jered havde levet 162 Aar, avlede han Enok;
19 Yared woo Henok akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
og efter at Jered havde avlet Enok, levede han 800 Aar og avlede Sønner og Døtre;
20 Sɛ wɔka Yared mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia abien, ansa na ɔrewu.
saaledes blev Jereds fulde Levetid 962 Aar, og derpaa døde han.
21 Henok dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Metusela.
Da Enok havde levet 65 Aar, avlede han Metusalem,
22 Henok woo Metusela akyi no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfe ahaasa, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
og Enok vandrede med Gud; og efter at han havde avlet Metusalem, levede han 300 Aar og avlede Sønner og Døtre;
23 Sɛ wɔka Henok mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahaasa aduosia anum.
saaledes blev Enoks fulde Levetid 365 Aar;
24 Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.
og Enok vandrede med Gud, og han var ikke mere, thi Gud tog ham.
25 Metusela dii mfe ɔha aduɔwɔtwe ason no, ɔwoo Lamek.
Da Metusalem havde levet 187 Aar, avlede han Lemek;
26 Metusela woo Lamek akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanson aduɔwɔtwe abien, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
og efter at Metusalem havde avlet Lemek, levede han 782 Aar og avlede Sønner og Døtre;
27 Sɛ wɔka Metusela mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia akron, ansa na ɔrewu.
saaledes blev Metusalems fulde Levetid 969 Aar, og derpaa døde han.
28 Lamek dii mfe ɔha ne aduɔwɔtwe abien no, ɔwoo ɔbabarima.
Da Lemek havde levet 182 Aar, avlede han en Søn,
29 Ɔtoo no din Noa, na ɔkae se, “Ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegye afi kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.”
som han gav Navnet Noa, idet, han sagde: »Han skal skaffe os Trøst i vort møjefulde Arbejde med Jorden, som HERREN har forbandet.«
30 Lamek woo Noa akyi no, ɔtenaa ase mfe ahannum aduɔkron anum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
Og efter at Lemek havde avlet Noa, levede han 595 Aar og avlede Sønner og Døtre;
31 Sɛ wɔka Lamek mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanson aduɔson ason, ansa na ɔrewu.
saaledes blev Lemeks fulde Levetid 777 Aar, og derpaa døde han.
32 Noa dii mfe ahannum no, ɔwoo mmabarima baasa a wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet.
Da Noa var 500 Aar gammel, avlede han Sem, Kam og Jafet.

< 1 Mose 5 >