< 1 Mose 49 >

1 Yakob frɛɛ ne mmabarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummetwa me ho nhyia, na menka mo nea ɛbɛba mo so daakye.
ヤコブその子等を呼ていひけるは汝らあつまれ我後の日に汝らが遇んところの事を汝等につげん
2 “Yakob mmabarima, mommoaboa mo ho ano, na muntie; muntie mo agya Israel.
汝等つどひて聽けヤコブの子等よ汝らの父イスラエルに聽け
3 “Ruben, wo na woyɛ mʼabakan. Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɛboro anuonyam ne tumi so.
ルベン汝はわが冢子わが勢わが力の始威光の卓越たる者權威の卓越たる者なり
4 Woyɛ kitikiti sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio, efisɛ woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdae, de guu mʼanim ase.
汝は水の沸あがるがごとき者なれば卓越を得ざるべし汝父の床にのぼりて浼したればなり嗚呼彼はわが寢牀にのぼれり
5 “Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wogyina hɔ ma basabasayɛ ne asisi.
シメオン、レビは兄弟なりその劍は暴逆の器なり
6 Mma me nkɔka wɔn agyinatu ho, efisɛ wɔnam wɔn abufuw so akunkum nnipa, na wokunkum anantwi de gyee wɔn ani.
我魂よかれらの席にのぞむなかれ我寶よかれらの集會につらなるなかれ其は彼等その怒にまかせて人をころしその意にまかせて牛を筋截たればなり
7 Nnome nka wɔn abufuw, efisɛ ano yɛ den, na ɛyɛ atirimɔdensɛm! Ɛno nti, mɛbɔ wɔn asefo ahwete Israelman mu nyinaa.
その怒は烈しかれば詛ふべしその憤は暴あれば詛ふべし我彼らをヤコブの中に分ちイスラエルの中に散さん
8 “Yuda, wo nuabarimanom beyi wo ayɛ. Wobɛsɛe wʼatamfo nyinaa. Wʼagya mmabarima bɛkotow wo.
ユダよ汝は兄弟の讚る者なり汝の手はなんぢの敵の頸を抑へんなんぢの父の子等なんぢの前に鞠ん
9 Yuda, woyɛ gyata ba a woawe wʼatamfo nam awie. Wote sɛ gyata a wabutuw. Hena na obetumi akɔka no?
ユダは獅子の子の如しわが子よ汝は所掠物をさきてかへりのぼる彼は牡獅子のごとく伏し牝獅のごとく蹲まる誰か之をおこすことをせん
10 Ahempema remfi Yuda nsam, na saa ara nso na ahempema remfi nʼanan ntam, kosi sɛ, nea ɛyɛ ne dea a aman nyinaa betie no no bɛba.
杖ユダを離れず法を立る者その足の間をはなるることなくしてシロの來る時にまでおよばん彼に諸の民したがふべし
11 Ɔbɛsa nʼafurum wɔ bobe dua mu. Ɔde nʼafurum ba bɛsa bobe pa mman mu. Ɔbɛhoro ne ntama wɔ nsa mu, na wahoro nʼatade nso wɔ bobesa kɔɔ mu.
彼その驢馬を葡萄の樹に繋ぎその牝驢馬の子を葡萄の蔓に繋がん又その衣を酒にあらひ其服を葡萄の汁にあらふべし
12 Nʼaniwa aba bebiri asen bobesa. Ne se bɛyɛ fitaa asen nufusu.
その目は酒によりて紅くその齒は乳によりて白し
13 “Sebulon bɛtena mpoano. Obesisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn. Nʼahye so bɛtrɛw akosi Sidon.
ゼブルンは海邊にすみ舟の泊る海邊に住はんその界はシドンにおよぶべし
14 “Isakar yɛ afurum hoɔdenfo a obutuw hɔ rehome wɔ nguankuw mu.
イッサカルは羊の牢の間に伏す健き驢馬の如し
15 Sɛ ohu sɛnea nʼahomegyebea ye fa, ne sɛnea nʼasase no so dwo a, obekuntun agye adesoa, na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma.
彼みて安泰を善としその國を樂とし肩をさげて負ひ租税をいだして僕となるべし
16 “Dan bebu ne manfo atɛn sɛ Israel mmusuakuw no baako.
ダンはイスラエルの他の支派の如く其民を鞫かん
17 Dan bɛyɛ sɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn; ɔbɛyɛ sɛ ahurutoa a ɔnam ɔtempɔn mu a ɔka ɔpɔnkɔ nantin, sɛnea ɛbɛma ne sotefo atew ahwe nʼakyi.
ダンは路の旁の蛇のごとく途邊にある蝮のごとし馬の踵を噛てその騎者をして後に落しむ
18 “Awurade, wo nkwagye na meretwɛn.
ヱホバよわれ汝の拯救を待り
19 “Nnipa bɔnefo bɛtow ahyɛ Gad so, na ɔno nso betiw wɔn atow ahyɛ wɔn so.
ガドは軍勢これにせまらんされど彼返てその後にせまらん
20 “Aser aduan a odi no bɛyɛ aduan pa. Na ɔbɛma ahennuan a ɛyɛ akɔnnɔ.
アセルよりいづる食物は美るべし彼王の食ふ美味をいださん
21 “Naftali te sɛ ɔforote a wɔagyaa no a ɔwo mma ahoɔfɛfo.
ナフタリは釋れたる麀のごとし彼美言をいだすなり
22 “Yosef yɛ ngodua a ɛsow aba, a esi asuten ho, na ne mman tra afasu.
ヨセフは實を結ぶ樹の芽のごとし即ち泉の傍にある實をむすぶ樹の芽のごとしその枝つひに垣を踰ゆ
23 Agyantowfo kaa no hyɛe, de abufuw tow hyɛɛ ne so.
射者彼をなやまし彼を射かれを惡めり
24 Nanso ne bɛma no gyinaa pintinn, na ne basa mu yɛɛ den; esiane Otumfo Nyankopɔn a Yakob som no no a ɔyɛ oguanhwɛfo ne Israel botantim no;
然どかれの弓はなほ勁くあり彼の手の臂は力あり是ヤコブの全能者の手によりてなり其よりイスラエルの磐なる牧者いづ
25 esiane Onyankopɔn a wʼagya som no a ɔboa wo no; Otumfo a ɔde ɔsoro nhyira behyira wo; nhyira a efi asase ase pɛɛ; nhyira a efi nufu ne ɔyafunu mu no.
汝の父の神による彼なんぢを助けん全能者による彼なんぢを祝まん上なる天の福、下によこたはる淵の福、乳哺の福、胎の福、汝にきたるべし
26 Wʼagya nhyira a wɔahyira no no bɛdɔɔso asen tete nteredee mmepɔw ne nkoko a etintim hɔ daa no so nnɔbae. Eyinom nyinaa mmra Yosef ti so, engugu anuanom no mu nea wɔapaw no no anintɔn so.
父の汝を祝することはわが父祖の祝したる所に勝て恒久の山の限極にまでおよばん是等の祝福はヨセフの首に歸しその兄弟と別になりたる者の頭頂に歸すべし
27 “Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam; ɔbɔ aporɔw anɔpa, kyere ne hanam we, na edu anwummere a, ɔkyekyɛ nam nkae no.”
ベニヤミンは物を噛む狼なり朝にその所掠物を啖ひ夕にその所攫物をわかたん
28 Eyi ne nhyira a Israel mmusuakuw dumien no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛnea ɛfata no.
是等はイスラエルの十二の支派なり斯その父彼らに語り彼等を祝せりすなはちその祝すべき所にしたがひて彼等諸人を祝せり
29 Yakob rebewu no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn se, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanyimfo ho. Sɛ miwu a, munsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuw a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no mu.
ヤコブまた彼等に命じて之にいひけるは我はわが民にくははらんとすヘテ人エフロンの田にある洞穴にわが先祖等とともに我をはうむれ
30 Ɛno ne ɔboda ne afuw a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no fii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusiei.
その洞穴はカナンの地にてマムレのまへなるマクペラの田にあり是はアブラハムがヘテ人エフロンより田とともに購て所有の墓所となせし者なり
31 Saa ɔboda no mu na wosiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wosiee Isak ne ne yere Rebeka, na misiee Lea nso.
アブラハムとその妻サラ彼處にはうむられイサクとその妻リベカ彼處に葬られたり我またかしこにレアを葬れり
32 Me nena Abraham tɔɔ afuw no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa fii Hetifo no nkyɛn.”
彼田とその中の洞穴はヘテの子孫より購たる者なり
33 Bere a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wiee no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wui. Wokosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn.
ヤコブその子に命ずることを終し時足を床に斂めて氣たえてその民にくははる

< 1 Mose 49 >