< 1 Mose 47 >

1 Yakob mma no beduu Misraim asase so no, Yosef kɔka kyerɛɛ Farao se, “Mʼagya ne me nuanom no de wɔn nguan ne wɔn anantwi ne wɔn agyapade nyinaa afi Kanaan asase so aba, na wɔwɔ Gosen asase so.”
Then Joseph came and told Pharaoh, and said, My father and my brethren, and their flocks, and their herds, and all that they have, have come from the land of Canaan; and behold, they [are] in the land of Goshen.
2 Yosef yii ne nuabarimanom no mu baanum de wɔn kokyia Farao.
And he took some of his brethren, [even] five men, and presented them to Pharaoh.
3 Farao bisaa anuanom no se, “Adwuma bɛn na moyɛ?” Wobuaa no se, “Wo nkoa yɛ nguanhwɛfo, sɛnea na yɛn agyanom nso yɛ nguanhwɛfo no.”
And Pharaoh said to his brethren, What [is] your occupation? And they said to Pharaoh, Thy servants [are] shepherds, both we, [and] also our fathers.
4 Anuanom no toaa so se, “Yɛaba ha sɛ ananafo a yɛrebɛtena ha kakra, efisɛ ɔkɔm no ano yɛ den yiye wɔ Kanaan asase so hɔ, na wo nkoa nguan nnya aduan nni. Enti yɛresrɛ wo kwan na yɛatena Gosen asase so ha.”
They said moreover to Pharaoh, We have come to sojourn in the land: for thy servants have no pasture for their flocks, for the famine [is] severe in the land of Canaan: now therefore, we pray thee, let thy servants dwell in the land of Goshen.
5 Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn.
And Pharaoh spoke to Joseph, saying, Thy father and thy brethren have come to thee:
6 Misraim asase nyinaa hyɛ wo nsa. Ma wʼagya ne wo nuabarimanom baabi pa na wɔntena. Ma wɔntena Gosen asase so. Sɛ wunim wɔn mu bi a wɔwɔ mmoayɛn ho nimdeɛ a, ma wɔnhwɛ me nguan so mma me.”
The land of Egypt [is] before thee; in the best of the land make thy father and brethren to dwell; in the land of Goshen let them dwell; and if thou knowest [any] men of activity among them, then make them rulers over my cattle.
7 Afei, Yosef kɔfaa nʼagya Yakob de no bekyiaa Farao ma Yakob hyiraa no.
And Joseph brought in Jacob his father, and set him before Pharaoh: and Jacob blessed Pharaoh.
8 Farao bisaa Yakob se, “Woadi mfe ahe?”
And Pharaoh said to Jacob, How old [art] thou?
9 Yakob buaa Farao se, “Madi mfe ɔha ne aduasa a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ wɔ mu. Minnu mʼagyanom nkwanna a wɔde tenaa asase so no ho hwee.”
And Jacob said to Pharaoh, The days of the years of my pilgrimage [are] a hundred and thirty years: few and evil have been the days of the years of my life, nor have they attained to the days of the years of the life of my fathers in the days of their pilgrimage.
10 Na Yakob hyiraa Farao, na ofii nʼanim kɔe.
And Jacob blessed Pharaoh, and went out from before Pharaoh.
11 Enti Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenase wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapade wɔ asase no fa baabi a eye pa ara wɔ Rameses mansin mu, sɛnea Farao hyɛe no.
And Joseph placed his father and his brethren, and gave them a possession in the land of Egypt, in the best of the land, in the land of Rameses, as Pharaoh had commanded.
12 Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduan sɛnea wɔn mma dodow te.
And Joseph nourished his father, and his brethren, and all his father's household, with bread according to [their] families.
13 Na aduan nni hɔ baabiara, efisɛ na ɔkɔm a aba no ano ayɛ den yiye. Saa ɔkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa ma emu nnipa ne nnɔbae twintwamee.
And [there was] no bread in all the land; for the famine [was] very distressing, so that the land of Egypt, and [all] the land of Canaan, fainted by reason of the famine.
14 Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a onya fii aduantɔn no mu no baa Farao ahemfi.
And Joseph gathered all the money that was found in the land of Egypt, and in the land of Canaan, for the corn which they bought: and Joseph brought the money into Pharaoh's house.
15 Bere a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa sae no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduan nni! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu?”
And when money failed in the land of Egypt, and in the land of Canaan, all the Egyptians came to Joseph, and said, Give us bread: for why should we die in thy presence: for the money faileth.
16 Yosef buaa wɔn se, “Sɛ mo sika asa de a, momfa mo nguan ne mo anantwi mmra mmegye aduan.”
And Joseph said, Give your cattle; and I will give you for your cattle, if money hath failed.
17 Enti wɔde wɔn mmoa no brɛɛ Yosef. Mmoa a wɔde wɔn bɛsesaa aduan no yɛ apɔnkɔ, nguan, mmirekyi, anantwi ne mfurum. Saa afe no mu no, wɔde wɔn mmoa nyinaa bɛsesaa aduan.
And they brought their cattle to Joseph: and Joseph gave them bread [in exchange] for horses, and for the flocks, and for the cattle of the herds, and for the asses; and he fed them with bread, for all their cattle, for that year.
18 Afe akyi no, Misraimfo no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkae se, “Yɛrentumi mfa biribiara nhintaw yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwi nso yɛ wo dea. Hwee nni hɔ bio a yebetumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko.
When that year was ended, they came to him the second year, and said to him, We will not hide from my lord, how that our money is spent; my lord also hath our herds of cattle; there is not aught left in the sight of my lord, but our bodies and our lands:
19 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduan. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburow, na ɔkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.”
Why shall we die before thy eyes, both we and our land? buy us and our land for bread, and we and our land will be servants to Pharaoh: and give [us] seed, that we may live, and not die, that the land be not desolate.
20 Enti Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɔkɔm no ano den nti, Misraimfo no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa ma nsase no nyinaa bedii Farao nsam.
And Joseph bought all the land of Egypt for Pharaoh; for the Egyptians sold every man his field, because the famine prevailed over them: so the land became Pharaoh's.
21 Efi Misraim ti kosi ti, Yosef de mu nnipa nyinaa bɛyɛɛ ne nkoa.
And as for the people, he removed them to cities from [one] end of the borders of Egypt even to the [other] end thereof.
22 Asɔfo nko ara nsase na wantɔ, efisɛ asɔfo no de, na Farao atwa anoduan bi de ama wɔn. Ne saa nti na wɔn de, wɔantɔn wɔn nsase no.
Only the land of the priests bought he not; for the priests had a portion [assigned them] by Pharaoh, and ate their portion which Pharaoh gave them: wherefore they sold not their lands.
23 Yosef ka kyerɛɛ nnipa no se, “Afei a matɔ mo ne nsase de ama Farao yi, mo nso, munnye aburow nkodua.
Then Joseph said to the people, Behold, I have bought you this day and your land for Pharaoh: lo, [here is] seed for you, and ye shall sow the land.
24 Na sɛ aburow no yɛ yiye, na mutwa a, momfa nkyɛmu anum mu baako mmrɛ Farao. Na nkyɛmu anum mu anan a ɛbɛka no, mo ne mo fifo ne mo mma nni bi, na munnyaw bi nso a mubedua.”
And it shall come to pass in the increase, that ye shall give the fifth [part] to Pharaoh, and four parts shall be your own, for seed of the field, and for your food, and for them of your households, and for food for your little ones.
25 Wɔkae se, “Anokwa, woagye yɛn nkwa. Ka kyerɛ yɛn wura Farao se, onnye yɛn nto mu, na yɛnyɛ nkoa.”
And they said, Thou hast saved our lives: let us find grace in the sight of my lord, and we will be Pharaoh's servants.
26 Ɛnam saa asɛm yi so maa mmara a Yosef hyɛe sɛ wɔmfa asase no so nnɔbae nyinaa mu nkyɛmu anum mu baako mma Farao no da so wɔ hɔ besi nnɛ. Asɔfo no nsase nko ara na ankodi Farao nsam.
And Joseph made it a law over the land of Egypt to this day, [that] Pharaoh should have the fifth [part]; except the land of the priests only, [which] became not Pharaoh's.
27 Israelfo no bɔɔ atenase wɔ Gosen mansin a ɛwɔ Misraim asase so no so. Wonyaa agyapade wɔ hɔ, na wɔn ase nso fɛee yiye.
And Israel dwelt in the land of Egypt, in the country of Goshen; and they had possessions in it and grew, and multiplied exceedingly.
28 Yakob tenaa Misraim mfe dunson. Odii mfirihyia ɔha ne aduanan ason ansa na ɔrewu.
And Jacob lived in the land of Egypt seventeen years: so the whole age of Jacob was a hundred and forty seven years.
29 Eduu sɛ Yakob rebewu no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef, ka kyerɛɛ no se, “Me ba, sɛ wodɔ me de a, ka ntam di nsew sɛ, wobɛyɛ me adɔe, adi me nokware. Sɛ miwu a, nsie me wɔ Misraim ha.
And the time drew nigh that Israel must die: and he called his son Joseph, and said to him, If now I have found grace in thy sight, put, I pray thee, thy hand under my thigh, and deal kindly and truly with me; bury me not, I pray thee, in Egypt:
30 Sɛ miwu a, momfa me mfi Misraim ha, nkosie me wɔ faako a wosiee me mpanyimfo no.” Yosef hyɛɛ bɔ se, “Medi asɛm a woaka no so.”
But I will lie with my fathers, and thou shalt carry me out of Egypt, and bury me in their burying-place. And he said, I will do as thou hast said.
31 Yakob kaa bio se, “Ka ntam kyerɛ me.” Yosef kaa ntam no, na Israel nso butuw ne pema so sɔree Onyankopɔn.
And he said, Swear to me: and he swore to him. And Israel bowed himself upon the bed's head.

< 1 Mose 47 >