< 1 Mose 46 >

1 Enti Israel de nʼahode nyinaa sii mu koduu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak som no no afɔre wɔ hɔ.
Israël partit avec tout ce qui lui appartenait et arriva à Beer Shava, où il immola des victimes au Dieu de son père Isaac.
2 Anadwo anisoadehu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob se, “Yakob! Yakob!” Yakob gyee so se, “Me ni.”
Le Seigneur parla à Israël dans les visions de la nuit, disant: "Jacob! Jacob!" II répondit: "Me voici."
3 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya som no. Nsuro sɛ wobɛkɔ Misraim, efisɛ mɛma wʼase adɔ ayɛ ɔman kɛse wɔ hɔ.
Il poursuivit: "Je suis le Seigneur, Dieu de ton père: n’hésite point à descendre en Égypte car je t’y ferai devenir une grande nation.
4 Mʼankasa ne wo bɛkɔ Misraim, na masan de wo aba ha. Edu bere a worebewu a, wubewu wɔ Yosef nsam.”
Moi-même, je descendrai avec toi en Égypte; moi-même aussi je t’en ferai remonter; et c’est Joseph qui te fermera les yeux."
5 Na Yakob sii mu fii Beer-Seba. Israelmma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma ma wɔde bɛfaa wɔn no mu.
Jacob repartit de Beer Shava. Les fils d’Israël firent monter leur père, leurs enfants et leurs femmes dans les voitures envoyées par Pharaon pour l’amener.
6 Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapade a wɔanya wɔ Kanaan asase so no nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefo nyinaa sii mu kɔɔ Misraim.
Ils prirent leurs troupeaux et les biens qu’ils avaient acquis dans le pays de Canaan et vinrent en Égypte, Jacob et avec lui toute sa famille:
7 Israel de ne mmabarima, ne nenanom, ne mmabea ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefo kaa ne ho kɔɔ Misraim.
ses fils et ses petits-fils, ses filles et ses petites-filles et toute sa descendance l’accompagnèrent en Égypte.
8 Din a edidi so yi yɛ Israelfo, Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim. Ruben yɛ Yakob abakan.
Suivent les noms des enfants d’Israël venus en Égypte: Jacob et ses fils; l’aîné de Jacob, Ruben
9 Ruben nso mmabarima din na edidi so yi: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
et les fils de Ruben: Hénoc, Pallou, Heçrèn, Karmi;
10 Simeon nso mmabarima yɛ: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni.
et les fils de Siméon: Yemouël, Yamin, Ohad, Yakhin, Çohar; puis Chaoul, fils de la Cananéenne.
11 Lewi mmabarima din na edidi so yi: Gerson, Kohat ne Merari.
Les fils de Lévi: Gerson, Kehàth, Merari.
12 Yuda nso mmabarima yɛ: Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan de, wowuwuu wɔ Kanaan asase so ansa na Israel reba Misraim asase so. Peres mmabarima yɛ: Hesron ne Hamul.
Les fils de Juda: Ér, Onân, Chêla, Péreç et Zérah. Ér et Onân moururent dans le pays de Canaan. Les fils de Péreç furent Heçrôn et Hamoul.
13 Isakar mmabarima nso yɛ: Tola, Puwa, Hiob ne Simron.
Les fils d’Issachar: Tôlà, Pouvva, Yôb et Chimron.
14 Sebulon mmabarima nso yɛ: Sered, Elon ne Yakleel.
Les fils de Zabulon: Séred, Élôn et Yahleêl.
15 Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woo wɔ Paddan-Aram a ne babea Dina nso ka ho. Saa mmabarima ne ne babea yi nyinaa dodow si nnipa aduasa abiɛsa.
Ceux-là sont les fils de Lia, qui les enfanta à Jacob sur le territoire araméen, puis Dina sa fille: total de ses fils et de ses filles, trente trois.
16 Gad nso mma din na edidi so yi: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.
Les fils de Gad: Cifyôn, Hagghi, Chouni, Eçbôn, Éri, Arodi, Aréli.
17 Aser nso mma din na edidi so yi: Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabea Sera. Beria nso mma yɛ: Heber ne Malkiel.
Les enfants d’Aser: Yimna, Yichva, Yichvi, Berïa et Sérah leur sœur; et les fils de Berïa: Héber et Malkïél.
18 Eyinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babea Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob waree no mma. Wɔn nyinaa dodow ano si nnipa dunsia.
Ceux-là sont les enfants de Zilpa, que Laban avait donnée à Léa sa fille; c’est elle qui les enfanta à Jacob, seize personnes.
19 Yakob yere Rahel mma yɛ: Yosef ne Benyamin.
Les fils de Rachel, épouse de Jacob: Joseph et Benjamin.
20 Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfo babea woo Manase ne Efraim wɔ Misraim.
Il naquit à Joseph, dans le pays d’Égypte; Asenath, fille de Pôti-Féra, prêtre d’On, les lui enfanta: Manassé et Éphraïm.
21 Benyamin nso mmabarima din na edidi so yi: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.
Et les fils de Benjamin: Béla, Béker, Achbêl, Ghêra, Naamân, Éhi, Rôch, Mouppim, Houppim et Ard’.
22 Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmabarima a ɔne Yakob woe. Wɔn nyinaa dodow yɛ nnipa dunan.
Ceux-là sont les fils de Rachel, qui naquirent à Jacob; en tout, quatorze.
23 Dan babarima yɛ Husim.
Fils de Dan: Houchim.
24 Naftali nso mmabarima din na edidi so yi: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.
Fils de Nephtali: Yahceél, Gouni, Yécer et Chillem.
25 Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babea Rahel mmabarima a ɔne Yakob woo no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodow yɛ nnipa baason.
Ceux-là sont les fils de Bilha, que Laban avait donnée à Rachel sa fille; c’est elle qui les enfanta à Jacob, en tout, sept personnes.
26 Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefo ankasa, a ne mmabarima yerenom nka ho dodow yɛ aduosia asia.
Toutes les personnes de la famille de Jacob et issues de lui, qui vinrent en Égypte, outre les épouses des fils de Jacob, furent en tout soixante-six personnes.
27 Sɛ wɔde Yosef mmabarima baanu a ɔwoo wɔn wɔ Misraim no ka ho a, na Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodow yɛ nnipa aduɔson.
Puis, les fils de Joseph, qui lui naquirent en Égypte, deux personnes: total des individus de la maison de Jacob qui se trouvèrent réunis en Égypte, soixante-dix.
28 Israel somaa Yuda ma odii kan kɔɔ Yosef hɔ kobisaa no Gosen kwan. Akyiri no, wokoduu Gosen.
Jacob avait envoyé Juda en avant, vers Joseph, pour qu’il lui préparât l’entrée de Gessen. Lorsqu’ils y furent arrivés,
29 Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kohyiaa nʼagya Israel. Yosef duu nʼagya Yakob anim pɛ na ɔbam no, sui ara kwansin.
Joseph fit atteler son char et alla au-devant d’Israël, son père, à Gessen. A sa vue, il se précipita à son cou et pleura longtemps dans ses bras.
30 Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Ohu a mahu wo sɛ wote ase yi nti, sɛ owu bɛfa me nnɛ koraa a, mepɛ.”
Et Israël dit à Joseph: "Je puis mourir à présent, puisque j’ai vu ta face, puisque tu vis encore!"
31 Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fifo no se, “Mɛkɔ akɔka akyerɛ Farao se, ‘Me nuabarimanom ne mʼagya fifo a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho.
Joseph dit à ses frères, à la famille de son père"Je vais remonter pour en faire part à Pharaon; je lui dirai ‘Mes frères et toute la famille de mon père, qui habitent le pays de Canaan, sont venus auprès de moi.
32 Mmarima no yɛ nguanhwɛfo. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi ne biribiara a wɔwɔ aba.’
Ces hommes sont pasteurs de troupeaux, parce qu’ils possèdent du bétail; or leur menu et leur gros bétail et tout ce qu’ils possèdent, ils l’ont amené.’
33 Sɛ Farao frɛ mo, na obisa mo se, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,’
Maintenant, lorsque Pharaon vous mandera et dira: ‘Quelles sont vos occupations?’
34 momma no mmuae se, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa fi wɔn mmofraase, te sɛ nea yɛn agyanom yɛe no ara pɛpɛɛpɛ.’ Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenae, efisɛ Misraimfo kyi nguanhwɛfo kɔkɔɔkɔ.”
vous répondrez: ‘Tes serviteurs se sont adonnés au bétail depuis leur jeunesse jusqu’à présent et nous et nos pères.’ C’Est afin que vous demeuriez dans la province de Gessen, car les Égyptiens ont en horreur tout pasteur de menu bétail."

< 1 Mose 46 >