< 1 Mose 45 >

1 Afei, na Yosef yɛ ne ho hwee a, ɛnyɛ yiye wɔ nʼasomfo no nyinaa anim. Enti ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Obiara mfi ha nkɔ.” Enti bere a oyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfo no mu biara nni hɔ.
Then Joseph could no longer control himself before all his attendants, and he cried out, “Send everyone away from me!” So none of them were with Joseph when he made himself known to his brothers.
2 Osuu denneennen maa Misraimfo no tee, Farao fifo tee asɛm no.
But he wept so loudly that the Egyptians heard him, and Pharaoh’s household soon heard of it.
3 Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Mene Yosef! Mʼagya te ase ana?” Nanso asɛm no bɔɔ wɔn piriw ma wɔtotɔɔ mum wɔ nʼanim.
Joseph said to his brothers, “I am Joseph! Is my father still alive?” But they were unable to answer him, because they were terrified in his presence.
4 Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Montwiw mmɛn me.” Wotwiw bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔn me ma wɔde me kɔɔ Misraim no.
Then Joseph said to his brothers, “Please come near me.” And they did so. “I am Joseph, your brother,” he said, “the one you sold into Egypt!
5 Mommma biribiara nhaw mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔn me ma wɔde me baa ha. Onyankopɔn na ɔyɛe. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ mimmegye mo nkwa.
And now, do not be distressed or angry with yourselves that you sold me into this place, because it was to save lives that God sent me before you.
6 Mfe abien ni a ɔkɔm baa asase yi so. Mfe anum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa.
For the famine has covered the land these two years, and there will be five more years without plowing or harvesting.
7 Onyankopɔn asoma me ha sɛ memma mo ne mo fifo ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛse.
God sent me before you to preserve you as a remnant on the earth and to save your lives by a great deliverance.
8 “Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufo ne ne fi sohwɛfo, na ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa.
Therefore it was not you who sent me here, but God, who has made me a father to Pharaoh—lord of all his household and ruler over all the land of Egypt.
9 Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Sɛnea wo babarima Yosef se ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfo. Enti ntwentwɛn wʼanan ase koraa, na bra Misraim!
Now return quickly to my father and tell him, ‘This is what your son Joseph says: God has made me lord of all Egypt. Come down to me without delay.
10 Wobɛba abɛtena Gosen asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nguan ne wʼanantwi ne biribiara a wowɔ bra.
You shall settle in the land of Goshen and be near me—you and your children and grandchildren, your flocks and herds, and everything you own.
11 Sɛ woba hɔ a, mɛhwɛ wo, efisɛ aka saa ɔkɔm kɛse yi mfe anum. Sɛ anyɛ saa a, wo ne wo fifo ne wɔn a wɔka wo ho nyinaa bedi hia buruburoo.’
And there I will provide for you, because there will be five more years of famine. Otherwise, you and your household and everything you own will come to destitution.’
12 “Mo ne me nua Benyamin nyinaa di adanse sɛ, ampa ara, ɛyɛ me Yosef na me ne morekasa yi.
Behold! You and my brother Benjamin can see that I, Joseph, am the one speaking with you.
13 Monka anuonyam a Onyame adom nti, wɔahyɛ me wɔ Misraim asase so ne biribiara a mo ankasa mode mo ani abehu no nyinaa ho asɛm nkyerɛ mʼagya. Monkɔfa mʼagya nsian mmrɛ me ntɛm.”
Tell my father about all my splendor in Egypt and everything you have seen. And bring my father down here quickly.”
14 Ɔyɛɛ Benyamin atuu, sui, a anigye ne awerɛhow adi afra. Benyamin nso fii ase sui.
Then Joseph threw his arms around his brother Benjamin and wept, and Benjamin wept as they embraced.
15 Ofifew ne nuanom no nyinaa ano sui, na ɛno akyi no, wotumi ne no kasae.
Joseph kissed each of his brothers as he wept over them. And afterward his brothers talked with him.
16 Bere a wɔtee wɔ Farao fi sɛ Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa ani gyei.
When the news reached Pharaoh’s house that Joseph’s brothers had come, Pharaoh and his servants were pleased.
17 Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Ka kyerɛ wo nuanom no se, wɔmfa nneɛma nsoasoa wɔn mmoa no, na wɔnkɔ Kanaan asase so,
Pharaoh said to Joseph, “Tell your brothers, ‘Do as follows: Load your animals and return to the land of Canaan.
18 na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafo nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Farao bɛma mo Misraim asase no fa a eye pa ara atena so. Wobedi asase no so nnepa!’
Then bring your father and your families and return to me. I will give you the best of the land of Egypt, and you shall eat from the fat of the land.’
19 “Ka kyerɛ wɔn se, ‘Momfa nteaseɛnam mfi Misraim ha nkɔfa mo yerenom ne mo mma. Momfa mo agya nso nka ho mmra.
You are also directed to tell them: ‘Take wagons from the land of Egypt for your young children and your wives, and bring your father and come back.
20 Monnhaw mo ho wɔ mo agyapade ho, efisɛ mede nnepa a ɛwɔ Misraim asase so nyinaa no bi bɛma mo.’”
But pay no regard to your belongings, for the best of all the land of Egypt is yours.’”
21 Enti Yosef maa wɔn nteaseɛnam ne nnuan a wobedi wɔ ɔkwan so, sɛnea Farao hyɛe no.
So the sons of Israel did as they were told. Joseph gave them wagons as Pharaoh had instructed, and he also gave them provisions for their journey.
22 Ɔmaa ne nuanom no mu biara atade foforo, nanso Benyamin de, ɔmaa no ntade ahorow anum ne dwetɛ kilogram abiɛsa ne fa.
He gave new garments to each of them, but to Benjamin he gave three hundred shekels of silver and five sets of clothes.
23 Saa nneɛma a edidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfurumnini du a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfurummmere du a wɔsoso aburow, brodo ne nnuan ahorow ne nʼakwansoduan.
And he sent to his father the following: ten donkeys loaded with the best of Egypt, and ten female donkeys loaded with grain and bread and provisions for his father’s journey.
24 Ogyaa ne nuanom no kwan, na akwannya no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monnkɔkasakasa wɔ ɔkwan so.”
Then Joseph sent his brothers on their way, and as they were leaving, he said to them, “Do not quarrel on the way!”
25 Enti wofii Misraimman mu kɔɔ wɔn agya Israel nkyɛn wɔ Kanaan asase so.
So the brothers went up out of Egypt and came to their father Jacob in the land of Canaan.
26 Wodui no, wɔde anigye bɔɔ wɔn agya amanneɛ se, “Yosef te ase! Nokwasɛm ni, ɔno na odi Misraiman nyinaa so!” Israel tee saa asɛm no, ne ho dwiriw no. Wannye anni.
“Joseph is still alive,” they said, “and he is ruler over all the land of Egypt!” But Jacob was stunned, for he did not believe them.
27 Na bere a wɔkaa nsɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛka no wiee no, na ohuu nteaseɛnam a Yosef de somaa sɛ wɔmfa mmɛfa no no, wɔn agya Yakob ho san no.
However, when they relayed all that Joseph had told them, and when he saw the wagons that Joseph had sent to carry him back, the spirit of their father Jacob was revived.
28 Na Israel kae se, “Magye nsɛm no nyinaa adi. Me ba Yosef da so te ase. Mɛkɔ akohu no ansa na mawu.”
“Enough!” declared Israel. “My son Joseph is still alive! I will go to see him before I die.”

< 1 Mose 45 >