< 1 Mose 41 >

1 Mfe abien akyi no, Farao soo dae bi. Na ogyina Asubɔnten Nil ho.
After two years Pharao had a dream. He thought he stood by the river,
2 Ohuu wɔ dae no mu sɛ anantwi ason a wɔadodɔ srade, na wɔn ho tua wɔn ho fii asubɔnten no mu ba bɛwee sare a na ɛwɔ hɔ no.
Out of which came up seven kine, very beautiful and fat: and they fed in marshy places.
3 Anantwi akɛse ason no akyi no, anantwi ason foforo a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya fii Asubɔnten Nil mu ba begyinaa anantwi a wɔadodɔ srade no ho wɔ asu no konkɔn so.
Other seven also came up out of the river, ill favoured, and leanfleshed: and they fed on the very bank of the river, in green places:
4 Anantwi ason a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya no memenee anantwi ason a wɔadodɔ srade no. Na Farao bɔɔ pitiri nyanee!
And they devoured them, whose bodies were very beautiful and well conditioned. So Pharao awoke.
5 Nna faa Farao bio ma ɔsoo dae a ɛto so abien. Ohuu wɔ dae no mu sɛ, ɔmo kasiaw ason a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ asow wɔ ɔmo dua baako so.
He slept again, and dreamed another dream: Seven ears of corn came up upon one stalk full and fair:
6 Akyiri no, kasiaw ason bi a ɛyɛ nkanyankanya a apuei mframa abɔ no ama atwintwam nso fifii.
Then seven other ears sprung up thin and blasted,
7 Ɔmo nkanyankanya no memenee ɔmo a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ no. Farao nyanee, na ohuu sɛ sɛɛ na nea ohuu no nyinaa yɛ ɔdae.
And devoured all the beauty of the former. Pharao awaked after his rest:
8 Ade kyee no, nʼadwene mu yɛɛ no basaa. Enti Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ nkonyaayifo ne anyansafo a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa baa ne fi. Farao kaa dae a ɔsoo no nyinaa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ ase.
And when morning was come, being struck with fear, he sent to all the interpreters of Egypt, and to all the wise men: and they being called for, he told them his dream, and there was not any one that could interpret it.
9 Ɛhɔ na Farao nsahyɛfo panyin no ka kyerɛɛ Farao se, “Nnɛ na wɔakae me me sintɔ.
Then at length the chief butler remembering, said: I confess my sin:
10 Mmere bi a atwa mu no, wo Farao bo fuw wʼasomfo yiye. Ɛnam so ma wode me ne wo brodotofo panyin kɔtoo afiase wɔ awɛmfo panyin fi.
The king being angry with his servants, commanded me and the chief baker to be cast into the prison of the captain of the soldiers:
11 Yɛn baanu nyinaa sosoo adae anadwo koro no ara a na ɛsono sɛnea yɛn mu biara dae no si te.
Where in one night both of us dreamed a dream foreboding things to come.
12 Saa bere no, na Hebrini aberantewa bi a na ɔyɛ awɛmfo panyin Potifar somfo ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn dae a yɛsosoo no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara dae ase pɛpɛɛpɛ.
There was there a young man a Hebrew, servant to the same captain of the soldiers: to whom we told our dreams,
13 Na ne nkyerɛase a ɔmaa no baa mu saa pɛpɛɛpɛ. Mesan kodii me dibea, na wɔsɛn brodotofo panyin no nso.”
And we heard what afterwards the event of the thing proved to be so. For I was restored to my office: and he was hanged upon a gibbet.
14 Amono mu hɔ ara, Farao soma ma wokoyii Yosef fii afiase hɔ bae. Ofi afiase hɔ no, oyii nʼabogyesɛ, sesaa nʼatade, na ɔbaa Farao anim.
Forthwith at the king’s command, Joseph was brought out of the prison, and they shaved him, and changing his apparel, brought him in to him.
15 Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Maso dae bi a obiara ntumi nkyerɛ ase. Nanso mate sɛ wo de, sɛ obi ka ne dae kyerɛ wo a, wutumi kyerɛ ase. Ɛno nti na masoma abɛfrɛ wo yi.”
And he said to him: I have dreamed dreams, and there is no one that can expound them: Now I have heard that thou art very wise at interpreting them.
16 Yosef buaa Farao se, “Me ara merentumi mfi me tumi mu nkyerɛ dae no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo dae no ase.”
Joseph answered: Without me, God shall give Pharao a prosperous answer.
17 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mʼadaeso no mu no, na migyina Asubɔnten Nil konkɔn so.
So Pharao told what he had dreamed: Methought I stood upon the bank of the river,
18 Mihuu sɛ anantwi ason a wɔadodɔ srade, na wɔn ho tua wɔn ho fi asubɔnten no mu ba bɛnantew wura no mu, fii ase wee sare.
And seven kine came up out of the river exceeding beautiful and full of flesh: and they grazed on green places in a marshy pasture.
19 Anantwi akɛse ason no akyi no, anantwi ason foforo a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya nso puei; minhuu anantwi a wɔyɛ tan bi saa wɔ Misraim asase so da.
And behold, there followed these, other seven kine, so very ill favoured and lean, that I never saw the like in the land of Egypt:
20 Anantwi ason a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya no memenee anantwi ason a wɔadodɔ srade na wɔn ho tua wɔn ho a wodii kan puei no.
And they devoured and consumed the former,
21 Nanso wɔmemenee wɔn nyinaa akyi no, hwee ankyerɛ sɛ wɔayɛ saa, na wɔn ho da so yɛ nkanyankanya, tantan no ara. Na mebɔɔ pitiri nyanee.
And yet gave no mark of their being full: but were as lean and ill favoured as before. I awoke, and then fell asleep again,
22 “Mesan soo dae bio hui sɛ, ɔmo kasiaw ason a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden sɛ asow wɔ ɔmo dua baako so.
And dreamed a dream: Seven ears of corn grew upon one stalk, full and very fair.
23 Eyinom akyi no, ɔmo kasiaw ason bi a apuei mframa abɔ no, ama akisa ayeyɛ nkanyankanya nso fifii.
Other seven also thin and blasted, sprung of the stock:
24 Ɔmo nkanyankanya no memenee ɔmo ason a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden no. Mekaa me dae no nyinaa kyerɛɛ nkonyaayifo no, wɔn mu biara antumi ankyerɛ me ase.”
And they devoured the beauty of the former: I told this dream to the conjecturers, and there is no man that can expound it.
25 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao se, “Wo dae abien a wososoe no nyinaa nkyerɛase yɛ pɛ. Onyankopɔn nam dae no so reda biribi a ɔrebɛyɛ no adi akyerɛ wo.
Joseph answered: The king’s dream is one: God hath shewn to Pharao what he is about to do.
26 Anantwi ason a wɔadodɔ srade no ne ɔmo kasiaw ason a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no ase kyerɛ mfe ason; ɛyɛ dae koro.
The seven beautiful kine, and the seven full ears, are seven years of plenty: and both contain the same meaning of the dream.
27 Anantwi ason a wɔafonfɔn, na wɔayeyɛ nkanyankanya no yɛ mfe ason, na saa ara na ɔmo kasiaw ason a ayeyɛ nhweanhweaa a apuei mframa ama akisa no te: ɛyɛ ɔkɔm a ɛbɛba mfe ason.
And the seven lean and thin kine that came up after them, and the seven thin ears that were blasted with the burning wind, are seven years of famine to come:
28 “Ɛyɛ sɛnea meka kyerɛɛ Ɔhene no: Onyankopɔn akyerɛ wo nea ɔrebɛyɛ.
Which shall be fulfilled in this order:
29 Mfe ason a edi kan no, aduan bebu wɔ Misraim asase so nyinaa,
Behold, there shall come seven years of great plenty in the whole land of Egypt:
30 nanso akyiri no, ɔkɔm kɛse bi bɛba mfe ason. Na nnipa werɛ befi asetena pa a wonyaa no mfe ason a edi kan no mu no. Ɔkɔm bɛposa asase no.
After which shall follow other seven years of so great scarcity, that all the abundance before shall be forgotten: for the famine shall consume all the land,
31 Esiane ɔkɔm a ebedi mmere pa a atwa mu no akyi no ano den a ɛbɛyɛ no nti, saa bere no wɔrenkae mmere pa no bio wɔ asase no so.
And the greatness of the scarcity shall destroy the greatness of the plenty.
32 Saa dae abien a wosoo no kyerɛ sɛnea ɔkɔm no ano bɛyɛ den afa. Ɛkyerɛ sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, asɛm a maka akyerɛ wo no bɛba mu saa pɛpɛɛpɛ. Efisɛ Onyankopɔn na wasi gyinae pi saa. Na ɛrenkyɛre koraa ɛbɛba mu saa.
And for that thou didst see the second time a dream pertaining to the same thing: it is a token of the certainty, and that the word of God cometh to pass, and is fulfilled speedily.
33 “Enti wɔmma Ɔhene hwehwɛ onyansafo kɛse a ɔwɔ nhumu wɔ Misraim asase yi so, na ɔmfa ɔman yi mu kuadwuma ho asɛm nyinaa hyɛ ne nsa.
Now therefore let the king provide a wise and industrious man, and make him ruler over the land of Egypt:
34 Ma ɔhene Farao nyiyi nnipa, ntuatua amansin ahorow anum no ano. Na saa nnipa a wɔde wɔn betuatua amansin no ano no nyiyi nnɔbae a ɛbɛba mmere pa mfe ason no mu no nkyɛmu anum mu baako, mfa nsie.
That he may appoint overseers over all the countries: and gather into barns the fifth part of the fruits, during the seven fruitful years,
35 Ɛsɛ sɛ saa nnipa a wotuatua amansin no ano no boaboa nnuan a wobegyigye mmere pa mfe ason a nnuan bebu no, de gu asan so wɔ ɔhene Farao din mu. Wɔmfa saa nnuan no nhyehyɛ asan so wɔ nkurow akɛse mu.
That shall now presently ensue: and let all the corn be laid up under Pharao’s hands and be reserved in the cities.
36 Nnuan yi na mfe ason a ɔkɔm bɛba wɔ Misraim asase so no, ɔmanfo no bedi. Saa nnuan yi na wɔde besie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ, ɔkɔm bɛbɔ ɔman no.”
And let it be in readiness, against the famine of seven years to come, which shall oppress Egypt, and the land shall not be consumed with scarcity.
37 Farao ne ne mpanyimfo no gyee asɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa too mu.
The counsel pleased Pharao and all his servants.
38 Enti Farao bisaa wɔn se, “So yebenya obi a ɔte sɛ ɔbarima yi, nea Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma?”
And he said to them: Can we find such another man, that is full of the spirit of God?
39 Na Farao dan nʼani ka kyerɛɛ Yosef se, “Onyankopɔn ayi saa dae yi ne ne nkyerɛase akyerɛ wo yi, obiara nni hɔ a ɔyɛ onyansafo a ɔwɔ nhumu wɔ Misraimman yi mu sɛ wo.
He said therefore to Joseph: Seeing God hath shewn thee all that thou hast said, can I find one wiser and one like unto thee?
40 Mede saa adwuma kɛse yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahengua a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ ɔkɛse sen wo.”
Thou shalt be over my house, and at the commandment of thy mouth all the people shall obey: only in the kingly throne will I be above thee.
41 Enti Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mede Misraim asase nyinaa ahyɛ wo nsa.”
And again Pharao said to Joseph: Behold, I have appointed thee over the whole land of Egypt.
42 Na Farao worɔw ne nsɔwano kaa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde sirikyi batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no.
And he took his ring from his own hand, and gave it into his hand: and he put upon him a robe of silk, and put a chain of gold about his neck.
43 Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabediakyiri. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teɛteɛɛ mu se, “Momma kwan!” Saa ɔkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa.
And he made him go up into his second chariot, the crier proclaiming that all should bow their knee before him, and that they should know he was made governor over the whole land of Egypt.
44 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mene Farao, Misraimhene de, nanso obiara ntumi mfi wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraimman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.”
And the king said to Joseph: I am Pharao; without thy commandment no man shall move hand or foot in all the land of Egypt.
45 Farao maa Yosef ahennin se Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbea nso waree. Na ababaa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea. Ɛnam eyi so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa wɔ Misraim asase so nyinaa.
And he turned his name, and called him in the Egyptian tongue, The saviour of the world. And he gave him to wife Aseneth the daughter of Putiphare priest of Heliopolis. Then Joseph went out to the land of Egypt:
46 Bere a Yosef kɔɔ ɔhene Farao agua ase no, na wadi mfirihyia aduasa. Farao maa Yosef kwan maa ɔbɔɔ aporɔw faa Misraim asase so nyinaa.
(Now he was thirty years old when he stood before king Pharao) and he went round all the countries of Egypt.
47 Mfe ason a edi kan no mu no, aduan buu so wɔ Misraim asase so yiye.
And the fruitfulness of the seven years came: and the corn being bound up into sheaves was gathered together into the barns of Egypt.
48 Saa mfe ason no mu no, Yosef boaboaa nnuan a ebuu so wɔ Misraimman mu no ano kɔkoraa wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ Misraim no mu. Wɔde aduan biara a wonya fii kurow biara mu no bi siee wɔ hɔ.
And all the abundance of grain was laid up in every city.
49 Mfe ason akyi no, na Yosef akora nnuan wɔ nnuankorabea hɔ, ama abu so ara kosii sɛ afei na obiara mmu ho nkontaa bio.
And there was so great abundance of wheat, that it was equal to the sand of the sea, and the plenty exceeded measure.
50 Ansa na ɔkɔm kɛse no rebɛba no, na Yosef yere Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea no awo mmabarima baanu.
And before the famine came, Joseph had two sons born: whom Aseneth the daughter of Putiphare priest of Heliopolis bore unto him.
51 Yosef too nʼabakan no din Manase, a nkyerɛase ne Onyankopɔn ama me werɛ afi mʼamanehunu ne mʼagya fi nyinaa.
And he called the name of the firstborn Manasses, saying: God hath made me to forget all my labours, and my father’s house.
52 Yosef babarima a ɔto so abien no nso, wɔtoo no din Efraim, a nkyerɛase ne Onyankopɔn ama mʼase afɛe wɔ asase a mebaa so sɛ akoa no so.
And he named the second Ephraim, saying: God hath made me to grow in the land of my poverty.
53 Mfe ason a aduan buu so wɔ Misraim asase so no twaa mu.
Now when the seven years of the plenty that had been in Egypt were past:
54 Sɛnea Yosef hyɛɛ nkɔm no, ɔkɔm a ɛbɛba mfe ason a edi so no fii ase. Ɔkɔm kɛse sii nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nyinaa so, nanso Misraim asase ankasa so de, na aduan abu so.
The seven years of scarcity, which Joseph had foretold, began to come: and the famine prevailed in the whole world, but there was bread in all the land of Egypt.
55 Bere a ɔkɔm no sii denneennen wɔ Misraim asase so no, ɔmanfo no su frɛɛ Farao. Farao ka kyerɛɛ Misraimfo nyinaa se, “Monkɔ Yosef nkyɛn, na biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no, monyɛ.”
And when there also they began to be famished, the people cried to Pharao for food. And he said to them: Go to Joseph: and do all that he shall say to you.
56 Bere a ɔkɔm kɛse no trɛw faa ɔman no nyinaa mu no, Yosef buebuee ne nnuankorabea no nyinaa ano, tɔn aburow maa Misraimfo no, efisɛ na ɔkɔm no ano yɛ den yiye ma wɔn.
And the famine increased daily in all the land: and Joseph opened all the barns, and sold to the Egyptians: for the famine had oppressed them also.
57 Enti na aman a atwa Misraim ho ahyia no nyinaa kɔtɔ aduan wɔ Yosef nkyɛn wɔ Misraim, efisɛ na ɔkɔm a aba no ano yɛ den yiye.
And all provinces came into Egypt, to buy food, and to seek some relief of their want.

< 1 Mose 41 >