< 1 Mose 40 >

1 Mmere bi akyi no, ɛbaa sɛ Misraimhene Farao nsahyɛfo panyin ne ne brodotofo panyin fom no.
And it came to pass after these things, that the butler of the king of Egypt and the baker committed an offense, against their lord the king of Egypt.
2 Farao bo fuw ne nsahyɛfo panyin no ne ne brodotofo panyin no yiye.
And Pharaoh was wroth against his two officers, against the chief of the butlers, and against the chief of the bakers.
3 Enti ɔde wɔn koguu afiase wɔ ɔwɛmfo panyin Potifar no fi, beae koro no ara a wɔde Yosef kɔtoo no.
And he put them in ward in the house of the captain of the guards, into the prison, the place where Joseph was confined.
4 Ɔwɛmfo panyin Potifar de wɔn hyɛɛ Yosef nsa sɛ, ɔnhwɛ na ɔnyɛ nea ehia wɔn nyinaa mma wɔn. Wɔdaa afiase hɔ kyɛɛ kakraa no,
And the captain of the guards charged Joseph with them, and he served them; and they continued a season in ward.
5 nnipa baanu no nyinaa a na wɔyɛ ɔhene Farao brodotofo panyin ne nsahyɛfo panyin a na wogu afiase hɔ no sosoo adae anadwo koro no ara. Na saa adae abien no mu biara wɔ ne nkyerɛase.
And they dreamed a dream, both of them, each his dream in one night, each in accordance with the interpretation of his dream, the butler and the baker of the king of Egypt, who were confined in the prison.
6 Ade kyee a Yosef baa nneduafo baanu no nkyɛn no, ohuu sɛ wɔn nyinaa ayeyɛ bosobosoo.
And Joseph came in unto them in the morning, and looked at them, and, behold, they were sad.
7 Obisaa Farao fi mpanyimfo nneduafo a na wɔne no gu afiase hɔ no se, “Adɛn nti na nnɛ de, mo werɛ ahow mo ho sɛɛ?”
And he asked the officers of Pharaoh that were with him in ward in his lord's house, saying, Wherefore look ye so sadly today?
8 Nneduafo no buaa Yosef se, “Anadwo yi, yɛn baanu nyinaa sosoo adae, nanso yennya obiara wɔ ha nkyerɛ yɛn ase.” Yosef nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ dae ase de, nanso monka mo dae a mososoe no nkyerɛ me.”
And they said unto him, We have dreamed a dream, and there is none to interpret it. And Joseph said unto them, Do not interpretations belong to God? tell it to me, I pray you.
9 Enti Farao nsahyɛfo panyin no dii kan kaa ne dae a ɔsoo no kyerɛɛ Yosef se, “Me dae mu no, mihuu bobe dua.
The chief of the butlers then told his dream to Joseph, and said to him, In my dream, behold, a vine was before me;
10 Na saa bobe dua no wɔ mman abiɛsa. Eguu nhwiren, hyehyɛ nyin yɛɛ kasiaw beree.
And on the vine were three branches; and it was as though it budded, shot forth its blossoms, and on its clusters the grapes became ripe:
11 Na mikura ɔhene Farao nsa kuruwa. Metetew bobe aba no, kyikyi guu ɔhene Farao nsa kuruwa no mu, de maa no sɛ ɔnnom.”
And Pharaoh's cup was in my hand; and I took the grapes, and pressed them out into Pharaoh's cup, and I placed the cup into Pharaoh's hand.
12 Yosef ka kyerɛɛ nsahyɛfo panyin deduani no se, “Wo dae no ase ni: mman abiɛsa a wuhui no kyerɛ nnansa.
And Joseph said unto him, This is its interpretation: The three branches are three days;
13 Nnansa ntam no, Farao beyi wo, ama woakodi wo dibea sɛ ɔhene nsahyɛfo panyin. Na wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsa sɛnea na woyɛ no kan no.
Within yet three days will Pharaoh lift up thy head, and restore thee unto thy office; and thou shalt place Pharaoh's cup into his hand, after the former manner when thou wast his butler.
14 Na sɛ esi wo yiye a, kae me na yɛ me adɔe; ka me ho asɛm kyerɛ ɔhene Farao, na ɔmma wommeyi me mfi afiase ha.
Therefore if thou thinkest on me when it shall be well with thee, then show kindness, I pray thee, unto me, and make mention of me unto Pharaoh, and bring me out of this house;
15 Efisɛ manyɛ bɔne biara na wɔkyeree me fii me manfo Hebrifo asase so de me baa ha. Na ɛha nso mpo a meda yi, manyɛ mfomso biara a ɛsɛ sɛ wogyina so de me to afiase.”
For indeed I was stolen away out of the land of the Hebrews; and here also have I not done the least that they should put me into the dungeon.
16 Bere a brodotofo panyin deduani no huu sɛ Yosef akyerɛ nsahyɛfo panyin no dae no ase, ama atɔ asom no, ɔka kyerɛɛ Yosef se, “Me nso, mesoo dae bi. Me dae no mu no, na meso nkɛntɛn abiɛsa a brodo gugu mu.
And when the chief of the bakers saw that he had well interpreted, he said unto Joseph, I also [saw] in my dream, and, behold, I had three baskets with fine bread on my head:
17 Kɛntɛn a esi soro pɛɛ no, na nnuan ahorow a wɔato a mede rekɔma Farao gu mu a na nnomaa sisi aduan no so wɔ mʼatifi redi.”
And in the uppermost basket there was of all manner of bakemeats, used as food for Pharaoh; and the birds did eat them out of the basket from my head.
18 Yosef ka kyerɛɛ no se, “Wo dae a wosoo no nkyerɛase ni, Nkɛntɛn abiɛsa no gyina hɔ ma nnansa.
And Joseph answered and said, This is the interpretation: The three baskets are three days;
19 Nnansa ntam no, Farao bɛma wɔabeyi wo afi afiase ha, atwa wo ti, de wo sin no akɔsɛn dua so, ama nnomaa asosɔw wo nam.”
Within yet three days will Pharaoh lift up thy head from off thee, and will hang thee on a tree; and the birds shall eat thy flesh from off thee.
20 Ne nnansa so no, na Farao redi nʼawoda. Enti ɔtoo pon kɛse bi maa ne mpanyimfo ne ne fifo nyinaa. Ɔsoma ma wokoyii ne brodotofo panyin ne ne nsahyɛfo panyin nneduafo no fii afiase hɔ baa nʼanim.
And it came to pass on the third day, which was Pharaoh's birthday, that he made a feast unto all his servants: and he lifted up the head of the chief of the butlers and the head of the chief of the bakers among his servants.
21 Ɔhene Farao san de ne nsahyɛfo panyin no sii ne sibea ma ɔhyɛɛ ɔhene Farao nsa.
And he restored the chief of the butlers unto his butlership; and he placed the cup in Pharaoh's hand;
22 Nanso ne brodotofo panyin no de, Farao ma wɔkɔsɛn no sɛnea Yosef kyerɛɛ ne dae no ase kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ.
But the chief of the bakers he hanged, as Joseph had interpreted to them.
23 Nsahyɛfo panyin no nso werɛ fii Yosef a wankae no koraa.
Yet the chief of the butlers did not remember Joseph, and forgot him.

< 1 Mose 40 >