< 1 Mose 4 >
1 Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma onyinsɛn, woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkae se, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima.
Afei, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma ɔnyinsɛne woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkaa sɛ, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima.
2 Akyiri no, ɔsan woo nʼakyi babarima too no din Habel. Na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo.
Akyire no, ɔsane woo nʼakyiri ɔbabarima too no edin Habel. Na Habel bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ, ɛnna Kain nso bɛyɛɛ okuafoɔ.
3 Nna bi akyi no, Kain de nʼafum nnɔbae bi kɔbɔɔ Awurade afɔre.
Nna bi akyiri, Kain de nʼafuom nnɔbaeɛ bi kɔbɔɔ Awurade afɔdeɛ.
4 Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadodɔ srade kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔre. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no.
Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadɔre sradeɛ kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔdeɛ no.
5 Nanso Kain afɔrebɔ no de, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuwii.
Nanso Kain afɔrebɔdeɛ no deɛ, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuiɛ.
6 Awurade bisaa Kain se, “Adɛn nti na wo bo afuw? Adɛn nti na woamuna saa?
Awurade bisaa Kain sɛ, “Adɛn enti na wo bo afuo? Adɛn enti na woamuna saa?
7 Sɛ woyɛ ade pa a, anka wɔrennye wo nto mu ana? Sɛ wonyɛ ade pa de a, bɔne gyina wo pon ano, ɛrehwehwɛ wo ako atia wo, nanso ɛsɛ sɛ wudi no so.”
Sɛ woyɛ ade pa a, wɔbɛgye wo atom. Sɛ wonyɛ ade pa deɛ a, ɛnneɛ, hwɛ yie. Ɛfiri sɛ, bɔne retwɛn ako atia wo, asɛe wo, nanso ɛsɛ sɛ wodi ne so.”
8 Da bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel se, “Ma yɛnkɔ afum.” Bere a wɔwɔ afum hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so, kum no.
Ɛda bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ, “Ma yɛnkɔ afuom.” Ɛberɛ a wɔwɔ afuom hɔ no, Kain to hyɛɛ ne nua Habel so, kumm no.
9 Awurade bisaa Kain se, “Wo nua Habel wɔ he?” Kain buae se, “Minnim. Mɛyɛ dɛn ahu? Me na mehwɛ me nua so ana?”
Awurade bisaa Kain sɛ, “Wo nua Habel wɔ he?” Kain buaa sɛ, “Mennim. Mɛyɛ dɛn mahunu? Me na mehwɛ me nua no so anaa?”
10 Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me.
Awurade bisaa Kain sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su firi asase so frɛ me.
11 Mprempren, wɔadome wo, apam wo afi asase a ebuee nʼano gyee wo nua mogya fii wo nsam no so.
Seesei, wɔadome wo, apamo wo afiri asase a ɛbuee nʼano gyee wo nua mogya firii wo nsam no so.
12 Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ dɛn ara a, worennya nnɔbae biara mfi so. Wobɛyɛ ɔkobɔfo, akyinkyin asase so.”
Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ ɛdeɛn ara a, worennya nnɔbaeɛ biara mfiri so. Wobɛyɛ ɔkobɔfoɔ, akyinkyin asase so.”
13 Kain kae se, “Awurade mʼasotwe boro me so.
Kain kaa sɛ, “Awurade mʼasotweɛ boro me so.
14 Nnɛ, woapam me afi asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfo akyinkyin asase so na obiara a obenya me no bekum me.”
Ɛnnɛ, woapam me afiri asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfoɔ akyinkyin asase so na obiara a ɔbɛnya me no bɛkum me.”
15 Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, “Ɛnte saa koraa! Obiara a obekum Kain no benya Kain asotwe no mpɛn ason.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyirae bi sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a obehyia no no renkum no.
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnte saa koraa! Obiara a ɔbɛkum Kain no bɛnya Kain asotwe no mprɛnson.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyiraeɛ bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara a ɔbɛhyia no no renkum no.
16 Enti Kain guan fii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apuei fam.
Enti, Kain dwane firii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apueeɛ fam.
17 Kain de ne ho kaa ne yere na onyinsɛn, woo ɔbabarima, too no din Henok. Saa bere no, Kain kyekyeree kurow bi de too ne ba Henok.
Kain de ne ho kaa ne yere na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima, too no edin Henok. Saa ɛberɛ no, Kain kyekyeree kuro bi de too ne ba Henok.
18 Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek.
Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek.
19 Lamek waree mmea baanu a wɔn din de Ada ne Sila.
Lamek waree mmaa baanu a wɔn din de Ada ne Sila.
20 Ada woo Yabal a nʼasefo yɛ wɔn a wɔte ntamadan mu yɛn mmoa.
Ada woo Yabal a nʼasefoɔ yɛ wɔn a wɔte ntomadan mu yɛn mmoa.
21 Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefo yɛ mmɛnhyɛnfo ne sankubɔfo.
Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefoɔ yɛ mmɛnhyɛnfoɔ ne asankubɔfoɔ.
22 Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere atomfo ne nnade ahorow nyinaa atomfo agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabea bi a ne din de Naama.
Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ ne nnadeɛ ahodoɔ nyinaa atomfoɔ agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabaa bi a ne din de Naama.
23 Da bi, Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila se, “Muntie me, me yerenom makum aberante bi a, ɔtow hyɛɛ me so, piraa me.
Ɛda bi Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila sɛ, “Montie me, me yerenom makum aberanteɛ bi a, ɔto hyɛɛ me so, piraa me.
24 Sɛ Kain so aweretɔ bɛyɛ mpɛn ason a, ɛno de, me Lamek de, nea obekum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson ason.”
Sɛ Kain so aweretɔ bɛyɛ mprɛnson a, ɛnneɛ, me Lamek, deɛ ɔbɛkum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson nson.”
25 Akyiri no, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no din Set kae se, “Onyankopɔn ama me ɔba foforo asi Habel a Kain kum no no anan mu.”
Akyire yi, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no edin Set kaa sɛ, “Onyankopɔn ama me ɔba foforɔ asi Habel a Kain kumm no no ananmu.”
26 Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no din Enos. Saa bere no mu na nnipa fitii ase bɔɔ Awurade din.
Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no edin Enos. Saa ɛberɛ no mu na nnipa hyɛɛ aseɛ bɔɔ Awurade edin.