< 1 Mose 39 >

1 Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na otua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef fii Ismaelfo aguadifo no nsam.
And Joseph was brought down to Egypt; and Potiphar, an officer of Pharaoh, the captain of the guards, an Egyptian, bought him of the hands of the Ishmaelites, who had brought him down thither.
2 Na Awurade ka Yosef ho nti, nʼabrabɔ sii no yiye. Ɔtenaa ne wura Misraimni no fi.
And the Lord was with Joseph, and he was a prosperous man; and he was thus in the house of his master the Egyptian.
3 Yosef wura no huu sɛ Awurade ka ne ho, na nea na ɔyɛ biara no, Awurade hyiraa so maa no, na
And when his master saw that the Lord was with him, and that the Lord caused all that he did to prosper in his hand:
4 Yosef nyaa nʼanim adom ma ɔde no yɛɛ ne boafo. Ankyɛ koraa na Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa.
Joseph found grace in his eyes, and he served him; and he made him overseer over his house, and all that he had he put into his hand.
5 Bere a Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so, esiane Yosef nti. Awurade hyiraa nʼagyapade a ɛwɔ fi ne ne mfuw nyinaa so.
And it came to pass from the time he had made him overseer in his house, and over all that he had, that the Lord blessed the Egyptian's house for the sake of Joseph; and the blessing of the Lord was upon all that he had, in the house and in the field.
6 Enti ɔde nʼagyapade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapade ne nʼadwumade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa nti, wannwene biribiara ho sɛ aduan a obedi nko ara. Na Yosef yɛ aberante a ɔwɔ nnyinaso, na ne ho nso yɛ fɛ yiye.
And he left all that he had in Joseph's hand; and he troubled himself not about aught he had, save the bread which he did eat. And Joseph was handsome in form and handsome in appearance.
7 Ankyɛ ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so, ka kyerɛɛ Yosef se, “Bra, na wo ne me mmɛda!”
And it came to pass after these things, that his master's wife cast her eyes upon Joseph; and she said, Lie with me.
8 Nanso Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no se, “Esiane sɛ fie ha biribiara hyɛ me nsa nti, me wura nnwen fie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapade nyinaa ahyɛ me nsa.
But he refused, and said unto his master's wife, Behold, Thy master troubleth himself not about what is with me in the house, and he hath committed all that he hath into my hand;
9 Obiara nni tumi nsen me wɔ fie ha. Me wura mfa biribiara nkame me wɔ fie ha sɛ wo nko ara, efisɛ woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumɔyɛde a ɛte sɛɛ! Ɛbɛyɛ bɔne kɛse atia Onyankopɔn.”
There is none greater in this house than I; neither hath he kept back any thing from me but thee, because thou art his wife: how then can I do this great evil, and sin against God?
10 Ɛwɔ mu sɛ da biara na Potifar yere no de saa asɛm yi hiahia Yosef ho de, nanso Yosef antwiw ammɛn no mpo, na akowie sɛ ɔne no bɛda.
And it came to pass, as she spoke to Joseph day by day, and he hearkened not unto her, to lie by her, or to be with her;
11 Da koro bi, Yosef kɔɔ fie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Oduu hɔ no, na asomfo no mu biara nni hɔ.
That it came to pass one particular day, that he went into the house to do his business; and there was none of the men of the house there within.
12 Potifar yere no soo Yosef atade mu kyeree no, ka kyerɛɛ no se, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso Yosef yii nʼatade no guu ne so, guan fii fie hɔ.
And she caught him by his garment, saying, Lie with me; and he left his garment in her hand, and fled, and ran out into the street.
13 Potifar yere no huu sɛ Yosef agyaw nʼatade wɔ ne nsam aguan afi fie hɔ no,
And it came to pass, when she saw that he had left his garment in her hand, and was fled forth,
14 ɔfrɛɛ ne fifo, de nteɛteɛmu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba fie ha sɛ ommegu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me mmonnaa na meteɛteɛɛ mu.
That she called unto the men of her house, and spoke unto them, saying, See, he hath brought in unto us a Hebrew man to have his sport with us; he came in unto me to lie with me, and I cried with a loud voice:
15 Ɔtee sɛ mereteɛteɛ mu no, oyii nʼatade guu me so, guan fii fie ha.”
And it came to pass, when he heard that I lifted up my voice and cried, that he left his garment with me, and fled, and ran out into the street.
16 Potifar yere no de Yosef atade a oyi guu ne so no siei, kosii sɛ ne kunu bae.
And she laid up his garment by her until his lord came home.
17 Ɔbea no bɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ anka ɔrebɛto me mmonnaa.
And she spoke unto him according to these words, saying, The Hebrew servant whom thou hast brought unto us, came in unto me to have his sport with me.
18 Meteɛteɛ mu no na oguan fii fie ha, gyaw nʼatade.”
And it came to pass, as I lifted up my voice and cried, that he left his garment with me, and fled forth.
19 Bere a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no se, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so ni” no, ne bo fuw yiye.
And it came to pass, when his master heard the words of his wife, which she spoke unto him, saying, After this manner hath thy servant done to me; that his wrath was kindled.
20 Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafo gu no. Bere a Yosef da afiase hɔ no,
And Joseph's master took him, and put him into the prison, the place where the king's prisoners were imprisoned: and he was there in the prison.
21 na Awurade ka ne ho. Awurade yɛɛ no adɔe ma ɛno nti, afiase sohwɛfo panyin no pɛɛ nʼasɛm yiye.
But the Lord was with Joseph, and caused him to find kindness, and gave him favor in the eyes of the superintendent of the prison.
22 Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfo panyin no de Yosef sii nneduafo no nyinaa so panyin, a na biribiara a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no hyɛ ne nsa.
And the superintendent of the prison committed into Joseph's hand all the prisoners that were in the prison; and whatsoever they did there, was done through him.
23 Esiane sɛ na Awurade ka Yosef ho no nti, na afiase sohwɛfo panyin no nhaw ne ho nyɛ adwuma. Efisɛ biribiara a Yosef bɛyɛ no, Awurade hyira so ma esi yiye.
The superintendent of the prison looked not after the least that was under his hand, because the Lord was with him; and that which he did, the Lord made to prosper.

< 1 Mose 39 >