< 1 Mose 37 >

1 Yosef tenaa Kanaan asase a na nʼagya te so sɛ ɔhɔho no so.
Habitavit autem Iacob in terra Chanaan, in qua pater suus peregrinatus est.
2 Yosef abusua ho asɛm ni: Bere a Yakob ba Yosef dii mfirihyia dunson no, na ɔboa ne nuanom a wɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmabarima no hwɛ wɔn agya nguan so. Na ɔtaa bɛka nneyɛe bɔne a ɛkɔ so fa ne nuanom no ho no kyerɛ wɔn agya.
Et hae sunt generationes eius: Ioseph cum sedecim esset annorum, pascebat gregem cum fratribus suis adhuc puer: et erat cum filiis Balae et Zelphae uxorum patris sui: accusavitque fratres suos apud patrem crimine pessimo.
3 Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sen ne mma a wɔaka no nyinaa, efisɛ ɔwoo no ne nkwakoraabere mu; ɛno nti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no.
Israel autem diligebat Ioseph super omnes filios, eo quod in senectute genuisset eum: fecitque ei tunicam polymitam.
4 Bere a ne nuanom no huu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sen wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.
Videntes autem fratres eius quod a patre plus cunctis filiis amaretur, oderant eum, nec poterant ei quidquam pacifice loqui.
5 Da bi, Yosef soo dae. Ɔkaa dae a ɔsoo no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no sen kan no mpo.
Accidit quoque ut visum somnium referret fratribus suis: quae causa maioris odii seminarium fuit.
6 Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Muntie dae bi a maso.
Dixitque ad eos: Audite somnium meum quod vidi:
7 Mesoo dae, na yɛrekyekyere aburow afiafi wɔ afum. Bere a yegu so rekyekyere aburow no, amono mu hɔ ara, mʼafiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me de no ho hyia kotow no.”
Putabam nos ligare manipulos in agro: et quasi consurgere manipulum meum, et stare, vestrosque manipulos circumstantes adorare manipulum meum.
8 Yosef nuanom no bisaa no se, “Enti wʼadwene ne sɛ wubedi yɛn so ana? Wugye di sɛ, ampa ara, wubetumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne dae a ɔsoo no ne asɛm a ɔkae no nti, ɛmaa ne nuanom no kyii no kɔkɔɔkɔ.
Responderunt fratres eius: Numquid rex noster eris? aut subiiciemur ditioni tuae? Haec ergo causa somniorum atque sermonum, invidiae et odii fomitem ministravit.
9 Na ɔsoo dae bio. Ɔkaa dae a ɔsoo no kyerɛɛ ne nuanom no se, “Muntie: Maso dae foforo bio. Mesoo dae, na owia, ɔsram ne nsoromma dubaako rekotow me.”
Aliud quoque vidit somnium, quod narrans fratribus, ait: Vidi per somnium, quasi solem, et lunam, et stellas undecim adorare me.
10 Ɔkaa dae no kyerɛɛ nʼagya ne ne nuabarimanom no, nʼagya kaa nʼanim se, “Dae bɛn na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo na ne me ne wo nuabarimanom no bɛba abɛkotow wo ana?”
Quod cum patri suo, et fratribus retulisset, increpavit eum pater suus, et dixit: Quid sibi vult hoc somnium quod vidisti? num ego et mater tua, et fratres tui adorabimus te super terram?
11 Eyi maa ne nuabarimanom no ani beree no mmoroso. Nanso nʼagya de, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri.
Invidebant ei igitur fratres sui: pater vero rem tacitus considerabat.
12 Da bi, Yosef nuabarimanom no de wɔn agya nguan kɔɔ adidi wɔ Sekem.
Cumque fratres illius in pascendis gregibus patris morarentur in Sichem,
13 Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Sɛnea wunim no, wo nuanom no de mmoa no kɔ adidi wɔ Sekem. Bra, na mensoma wo wɔn nkyɛn.” Yosef buae se, “Yoo, agya, mate.”
dixit ad eum Israel: Fratres tui pascunt oves in Sichimis: veni, mittam te ad eos. Quo respondente,
14 Enti Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nguan no ho te dɛn, na san bɛka biribi kyerɛ me.” Enti Israel somaa Yosef fii Hebron subon no mu. Bere a Yosef duu Sekem no,
Praesto sum, ait ei: Vade, et vide si cuncta prospera sint erga fratres tuos, et pecora: et renuncia mihi quid agatur. Missus de Valle Hebron, venit in Sichem:
15 ɔbarima bi huu no sɛ ɔnenam wura no mu. Ɔbarima no bisaa no se, “Worehwehwɛ dɛn?”
invenitque eum vir errantem in agro, et interrogavit quid quaereret.
16 Yosef buaa no se, “Merehwehwɛ me nuabarimanom. Mesrɛ wo, wubetumi akyerɛ me baabi a wɔde wɔn nguan no kɔ adidi?”
At ille respondit: Fratres meos quaero, indica mihi ubi pascant greges.
17 Ɔbarima no buaa no se, “Wo nuabarimanom no afi ha kɔ. Metee sɛ wɔreka se, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’” Enti Yosef tiw ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ.
Dixitque ei vir: Recesserunt de loco isto: audivi autem eos dicentes: Eamus in Dothain. Perrexit itaque Ioseph post fratres suos, et invenit eos in Dothain.
18 Bere a Yosef puei no, wohuu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba. Ansa na ɔredu wɔn nkyɛn no, wɔbɔɔ ne ho pɔw sɛ wobekum no.
Qui cum vidissent eum procul, antequam accederet ad eos, cogitaverunt illum occidere:
19 Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Monhwɛ! Ɔdaesofo no na ɔreba no!
et mutuo loquebantur: Ecce somniator venit:
20 Mommra mprempren ara mma yenkum no, na yɛntow no nkyene amoa no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya se, aboa bi akyere no awe, na yɛnhwɛ sɛ biribi befi ne dae ahorow no mu aba ana.”
venite, occidamus eum, et mittamus in cisternam veterem: dicemusque: Fera pessima devoravit eum: et tunc apparebit quid illi prosint somnia sua.
21 Ruben a ɔyɛ wɔn nua panyin tee saa asɛm no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegye Yosef nkwa. Ɔkae se, “Mommma yenkum no.
Audiens autem hoc Ruben, nitebatur liberare eum de manibus eorum, et dicebat:
22 Munnhwie mogya ngu. Momma yɛntow no nkyene amoa a ɛwɔ sare yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no.” Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no fii wɔn nsam, sɛnea obenya kwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa.
Non interficiatis animam eius, nec effundatis sanguinem: sed proiicite eum in cisternam hanc, quae est in solitudine, manusque vestras servate innoxias: hoc autem dicebat, volens eripere eum de manibus eorum, et reddere patri suo.
23 Yosef beduu ne nuabarimanom no nkyɛn no, wɔworɔw ne batakari fɛfɛ a na ɔhyɛ no,
Confestim igitur ut pervenit ad fratres suos, nudaverunt eum tunica talari, et polymita:
24 na wɔtow no kyenee amoa bi mu. Na nsu biara nni amoa no mu.
miseruntque eum in cisternam veterem, quae non habebat aquam.
25 Bere a anuanom no tenaa ase sɛ wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani huu sɛ yoma bebree sa so reba faako a na wɔrebedidi hɔ no. Wohuu sɛ saa nkurɔfo no yɛ Ismaelfo aguadifo bi a wɔsoso atomude, akyenkyennuru ne kurobow a wɔde fi Gilead rekɔtɔn no wɔ Misraim asase so.
Et sedentes ut comederent panem, viderunt Ismaelitas viatores venire de Galaad, et camelos eorum portantes aromata, et resinam, et stacten in Aegyptum.
26 Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Sɛ yekum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, mfaso bɛn na yebenya?
Dixit ergo Iudas fratribus suis: Quid nobis prodest si occiderimus fratrem nostrum, et celaverimus sanguinem ipsius?
27 Momma yenyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfo aguadifo yi, sen sɛ yebekum no. Ɛdan dɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa, yɛn ankasa yɛn mogya.” Ne nuanom no penee so.
Melius est ut venundetur Ismaelitis, et manus nostrae non polluantur: frater enim, et caro nostra est. Acquieverunt fratres sermonibus illius.
28 Bere a Midian aguadifo no beduu hɔ no, Yosef nuanom no yii no fii amoa no mu, tɔn no maa Ismaelfo no gyee dwetɛ gram ahannu aduonu awotwe ma wɔde no kɔɔ Misraim.
Et praetereuntibus Madianitis negotiatoribus, extrahentes eum de cisterna, vendiderunt eum Ismaelitis, viginti argenteis: qui duxerunt eum in Aegyptum.
29 Ruben san nʼakyi baa amoa no ho, na ohuu sɛ Yosef nni amoa no mu no, osunsuan ne ntade mu.
Reversusque Ruben ad cisternam, non invenit puerum:
30 Ɔkɔɔ ne nuabarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti mprempren menyɛ me ho dɛn?”
et scissis vestibus pergens ad fratres suos, ait: Puer non comparet, et ego quo ibo?
31 Na anuanom no faa Yosef batakari no, kum abirekyi, de batakari no nuu ne mogya no mu.
Tulerunt autem tunicam eius, et in sanguinem hoedi, quem occiderant, tinxerunt:
32 Wɔde Yosef batakari fɛfɛ no kɔɔ wɔn agya nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yehuu saa atade yi wɔ wura mu hɔ baabi. Hwɛ sɛ ɛyɛ Yosef atade ana?”
mittentes qui ferrent ad patrem, et dicerent: Hanc invenimus: vide utrum tunica filii tui sit, an non.
33 Wɔn agya hui, na ɔkae se, “Nokware, ɛyɛ me ba Yosef atade! Aboa bɔne bi akyere no awe. Ampa ara, aboa ko no atetew Yosef nam pasaa.”
Quam cum agnovisset pater, ait: Tunica filii mei est, fera pessima comedit eum, bestia devoravit Ioseph.
34 Na Yakob sunsuan ne ntade mu, hyɛɛ atweaatam, suu ne ba no nna bebree.
Scissisque vestibus, indutus est cilicio, lugens filium suum multo tempore.
35 Ne mmabarima ne ne mmabea nyinaa betwaa ne ho hyia kyekyee ne werɛ, nanso ankosi hwee. Yakob kae se, “Dabi, mede awerɛhow bewu akɔto me ba no wɔ asaman.” Enti nʼagya Yakob suu no. (Sheol h7585)
Congregatis autem cunctis liberis eius ut lenirent dolorem patris, noluit consolationem accipere, sed ait: Descendam ad filium meum lugens in infernum. Et illo perseverante in fletu, (Sheol h7585)
36 Nea ɛbae ne sɛ, Midianfo no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfo so panyin.
Madianitae vendiderunt Ioseph in Aegypto Phutiphari eunucho Pharaonis magistro militum.

< 1 Mose 37 >