< 1 Mose 36 >
1 Eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefo.
Now these are the generations of Esau, that is to say, Edom.
2 Esau waree Kanaanfo mmea baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babea, Ana babea Oholibama a ɔsan yɛ Hewini Sibeon nena ne
Esau's wives were women of Canaan: Adah, the daughter of Elon the Hittite, and Oholibamah, the daughter of Anah, the daughter of Zibeon the Hivite,
3 Basmat a ɔyɛ Ismael babea na ɔyɛ Nebaiot nuabea.
And Basemath, Ishmael's daughter, the sister of Nebaioth.
4 Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel.
Adah had a son Eliphaz; and Basemath was the mother of Reuel;
5 Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmabarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.
Oholibamah was the mother of Jeush, Jalam, and Korah; these are the sons of Esau, whose birth took place in the land of Canaan.
6 Esau faa ne yerenom, ne mmabarima, ne mmabea, ne fifo nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapade biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu fii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so wɔ akyirikyiri.
Esau took his wives and his sons and his daughters, and all the people of his house, and his beasts and his cattle and all his goods which he had got together in the land of Canaan, and went into the land of Seir, away from his brother Jacob.
7 Efisɛ na wɔn ahonyade no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob betumi atena faako. Na wɔn mmoa dodow nti, wɔn baanu no nsen asase a wɔte so no so.
For their wealth was so great that the land was not wide enough for the two of them and all their cattle.
8 Ɛno nti, Esau a wɔfrɛ no Edom no, kɔbɔɔ nʼatenae wɔ Seir bepɔw so.
So Esau made his living-place in the hill-country of Seir (Esau is Edom).
9 Eyinom ne Esau a ɔyɛ Edomfo agya no asefo a wɔwoo wɔn maa no bere a na ɔwɔ Seir bepɔw so no.
And these are the generations of Esau, the father of the Edomites in the hill-country of Seir:
10 Esau mmabarima no din na edidi so yi: Elifas, a ɔyɛ Esau yere panyin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.
These are the names of Esau's sons: Eliphaz, the son of Esau's wife Adah, and Reuel, the son of Esau's wife Basemath.
11 Elifas nso mmabarima din na edidi so yi: Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.
The sons of Eliphaz were Teman, Omar, Zepho, Gatam, and Kenaz.
12 Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nenanom.
And Eliphaz, the son of Esau, had connection with a woman named Timna, who gave birth to Amalek: all these were the children of Esau's wife Adah.
13 Reuel mmabarima din na edidi so yi: Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nenanom.
And these are the sons of Reuel: Nahath, Zerah, Shammah, and Mizzah: they were the children of Esau's wife Basemath.
14 Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea, na ɔsan yɛ Sibeon nena no mmabarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne eyinom: Yeus, Yalam ne Kora.
And these are the sons of Esau's wife Oholibamah, the daughter of Anah, the daughter of Zibeon: she was the mother of Jeush, Jalam, and Korah.
15 Eyinom ne Esau asefo no mu atitiriw: Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmabarima din na edidi so yi: Atitiriw Teman, Omar, Sefo, Kenas,
These were the chiefs among the sons of Esau: the sons of Eliphaz, Esau's first son: Teman, Omar, Zepho, Kenaz,
16 Kora, Gatam ne Amalek. Saa din a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefo atitiriw a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitiriw yi yɛ Ada nenanom.
Korah, Gatam, Amalek: all these were chiefs in the land of Edom, the offspring of Eliphaz, the seed of Adah.
17 Esau babarima Reuel mmabarima din na edidi so yi: Otitiriw Nahat, Otitiriw Serah, Otitiriw Sama ne Otitiriw Misa. Saa din a wɔabobɔ yi ne Reuel a ɔyɛ Esau ba a ɔto so abien no nnipa atitiriw a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nenanom.
And these are the sons of Esau's son Reuel: Nahath, Zerah, Shammah, Mizzah: these were the chiefs of Reuel in the land of Edom, the children of Esau's wife Basemath.
18 Esau yere Oholibama mmabarima din na edidi so yi: Otitiriw Yeus, Otitiriw Yalam ne Otitiriw Kora. Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea no asefo nnipa atitiriw no.
And these are the sons of Esau's wife Oholibamah: Jeush, Jalam, and Korah: these were the chiefs who came from Esau's wife Oholibamah, daughter of Anah.
19 Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmabarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitiriw no.
These were the sons of Esau (that is, Edom), and these were their chiefs.
20 Eyinom ne Horini Seir mmabarima a na saa bere no wɔtete Seir asase so no: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,
These are the sons of Seir the Horite who were living in that country; Lotan, Shobal, Zibeon, Anah,
21 Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmabarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitiriw no.
Dishon, Ezer, and Dishan: these are the chiefs of the Horites, offspring of Seir in the land of Edom.
22 Lotan mmabarima ne eyinom: Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabea.
The children of Lotan were Hori and Hemam; Lotan's sister was Timna.
23 Sobal nso mmabarima ne eyinom: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.
And these are the children of Shobal: Alvan, Manahath, Ebal, Shepho, and Onam.
24 Na eyinom ne Sibeon mmabarima: Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, bere bi ɔde nʼagya Sibeon mfurum kɔɔ adidi wɔ sare no so a okohuu asu aniwa bi a na nsuɔhyew fi mu ba no.
And these are the children of Zibeon: Aiah and Anah; that same Anah who made the discovery of the water-springs in the waste land, when he was looking after the asses of his father Zibeon.
25 Ana mma ni: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babea no.
And these are the children of Anah: Dishon and Oholibamah his daughter.
26 Disan mmabarima ni: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
These are the children of Dishon: Hemdan, Eshban, Ithran, and Keran.
27 Eser mmabarima ne eyinom: Bilhan, Saawan ne Akan.
These are the children of Ezer: Bilhan, Zaavan, and Akan.
28 Eyinom ne Disan mma: Us ne Aran.
These are the children of Dishan: Uz and Aran.
29 Eyinom ne Horifo nnipa atitiriw: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,
These were the Horite chiefs: Lotan, Shobal, Zibeon, Anah,
30 Disan, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifo nnipa atitiriw a bere a na wɔwɔ Seir asase so no, wodii wɔn mmusua no so.
Dishon, Ezer, and Dishan. Such were the Horite chiefs in their order in the land of Seir.
31 Eyinom ne nnipa a wodii kan dii hene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebedi Israelmma so hene:
And these are the kings who were ruling in the land of Edom before there was any king over the children of Israel.
32 Bela a ɔyɛ Beor babarima bedii hene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkurow din de Dinhaba.
Bela, son of Beor, was king in Edom, and the name of his chief town was Dinhabah.
33 Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.
At his death, Jobab, son of Zerah of Bozrah, became king in his place.
34 Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.
And at the death of Jobab, Husham, from the country of the Temanites, became king in his place.
35 Husam wu akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.
And at the death of Husham, Hadad, son of Bedad, who overcame the Midianites in the field of Moab, became king; his chief town was named Avith.
36 Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
And at the death of Hadad, Samlah of Masrekah became king.
37 Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.
And at the death of Samlah, Shaul of Rehoboth by the River became king in his place.
38 Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.
And at the death of Shaul, Baal-hanan, son of Achbor, became king.
39 Akbor babarima Baal-Hanan nso wui no, Hadad bedii nʼade, tenaa nʼahengua so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkurow no din de Pau, na ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Me-Sahab babea a ɔno nso yɛ Matred babea.
And at the death of Baal-hanan, Hadar became king in his place; his chief town was named Pau, and his wife's name was Mehetabel; she was the daughter of Matred, the daughter of Me-zahab.
40 Sɛnea wɔn a wodidi so yi a wɔyɛ Esau asefo no mmusua ne wɔn tenabea te ni: Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,
These are the names of the chiefs of Esau in the order of their families and their places: Timna, Alvah, Jetheth,
41 Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,
Oholibamah, Elah, Pinon,
42 Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,
Kenaz, Teman, Mibzar,
43 Magdiel abusua ne Iram abusua. Eyinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenae no din totoe. Na wɔn nyinaa yɛ Edomfo a wɔyɛ Esau asefo.
Magdiel, Iram; these are the Edomite chiefs, in their places in their heritage; this is Esau, the father of the Edomites.