< 1 Mose 34 >

1 Da koro bi, Lea ne Yakob ba Dina fii adi kɔsraa mmabaa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no.
Now Dinah, Leah's daughter whom she bore to Jacob, went out to meet the young women of the land.
2 Bere a Hewifohene Hamor babarima Sekem huu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no mmonnaa.
Shechem son of Hamor the Hivite, the prince of the land, saw her and he grabbed her, assaulted her, and slept with her.
3 Efi saa bere no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no.
He was drawn to Dinah, the daughter of Jacob. He loved the young woman and spoke tenderly to her.
4 Ɛno nti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor se, “Mepɛ sɛ meware ababaa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!”
Shechem spoke to his father Hamor, saying, “Get this young woman for me as a wife.”
5 Bere a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babea Dina akɔto no mmonnaa no, na ne mmabarima no nyinaa ne wɔn agya anantwi wɔ wuram. Enti Yakob anka hwee kosii sɛ wɔbae.
Now Jacob heard that he had defiled Dinah his daughter. His sons were with his livestock in the field, so Jacob held his peace until they came.
6 Sekem nʼagya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kodii nkɔmmɔ.
Hamor the father of Shechem went out to Jacob to speak with him.
7 Yakob mmabarima no tee wɔn nuabea Dina ho asɛm no pɛ, wofii wuram hɔ bae. Wɔn werɛ howee na wɔn bo nso fuw yiye, efisɛ Sekem ayɛ aniwude wɔ Israel. Ɔne Yakob babea dae, na eyi yɛ akyiwade.
The sons of Jacob came in from the field when they heard of the matter. The men were offended. They were very angry because he had disgraced Israel by forcing himself on Jacob's daughter, for such a thing should not have been done.
8 Nanso Hamor ka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no na ɔnware no.
Hamor spoke with them, saying, “My son Shechem loves your daughter. Please give her to him as a wife.
9 Mo ne yenni aware. Momfa mo mmabea mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmabea mma mo aware.
Intermarry with us, give your daughters to us, and take our daughters for yourselves.
10 Mubetumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni gua wɔ so, mpɛ mu agyapade.”
You will live with us, and the land will be open to you to live and trade in, and to acquire property.”
11 Na Sekem ka kyerɛɛ Dina nʼagya ne ne nuabarimanom no se “Munnye me nto mu. Biribiara a mubegye me no, metua.
Shechem said to her father and to her brothers, “Let me find favor in your eyes, and whatever you tell me I will give.
12 Ɔbea no ti ade ne biribiara a mubegye aka ho no, mommɔ bo biara a mopɛ, na metua. Nea ehia me ara ne sɛ, mode ababaa no bɛma me aware.”
Ask me for as great a bride price and gift as you will, and I will give whatever you say to me, but give me the young woman as a wife.”
13 Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabea Dina ho fi no nti, mmuae a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokware. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforo bi wɔ akyi.
The sons of Jacob answered Shechem and Hamor his father with deceit, because Shechem had defiled Dinah their sister.
14 Yakob mmabarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor se, “Yɛrentumi mfa yɛn nuabea mma ɔbarima a ontwaa twetia aware. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase.
They said to them, “We cannot do this thing, to give our sister to anyone who is uncircumcised; for that would be a disgrace to us.
15 Ansa na yɛde yɛn nuabea bɛma wo aware no, gye sɛ woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te sɛ yɛn.
Only on this condition will we agree with you: If you will become circumcised as we are, if every male among you is circumcised.
16 Sɛ moyɛ saa de a, yɛne mo bedi aware. Mobɛware yɛn mmea, na yɛn nso, yɛaware mo mmea. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ sɛ nnipa baako.
Then will we give our daughters to you, and we will take your daughters to ourselves, and we will live with you and become one people.
17 Sɛ moampene so amma wɔantwitwa mo twetia de a, yebegye yɛn nuabea de no akɔ.”
But if you do not listen to us and become circumcised, then we will take our sister and we will leave.”
18 Asɛm a wɔkae no tɔɔ Hamor ne ne ba Sekem asom.
Their words pleased Hamor and his son Shechem.
19 Sekem a na ɔyɛ aberante a odi mu wɔ nʼagya mma nyinaa mu no antwentwɛn ne nan ase koraa. Okotwaa twetia no, sɛnea Yakob mma no kae no, efisɛ na ɔpɛ Yakob babea no yiye.
The young man did not delay to do what they said, because he delighted in Jacob's daughter, and because he was the most honored person in all his father's household.
20 Enti Hamor ne ne ba Sekem kɔbɔɔ gua wɔ kurow no pon ano ne ɛhɔ mmarima kɔkasae se,
Hamor and Shechem his son went to the gate of their city and spoke with the men of their city, saying,
21 “Yakob ne ne mma yi ne yɛn te yiye. Mompene so na wɔne yɛn ntena yɛn asase yi so, na yenni gua. Efisɛ yɛn asase yi so a yɛne wɔn bɛsen so. Yebetumi aware wɔn mmabea, na wɔn nso betumi aware yɛn de.
“These men are at peace with us, so let them live in the land and trade in it for, really, the land is large enough for them. Let us take their daughters as wives, and let us give them our daughters.
22 Nanso ansa na wɔn mmarima no bɛpene so ne yɛn atena sɛ nnipa koro no, gye sɛ yɛn mmarima nyinaa twitwa twetia, sɛnea wɔn nso wɔatwitwa twetia no.
Only on this condition will the men agree to live with us and become one people: If every male among us is circumcised, as they are circumcised.
23 Sɛ ɛba saa a, wɔn mmoa, wɔn agyapade ne wɔn mmoa ahorow a ɛkeka ho no nyinaa remmɛyɛ yɛn de ana? Enti momma yɛmpene so mma wɔn, na yɛne wɔn ntena.”
Will not their livestock and their property—all their animals be ours? So let us agree with them, and they will live among us.”
24 Mmarima a wokohyiaa Hamor ne ne ba Sekem wɔ kurow no pon ano no nyinaa ne wɔn yɛɛ adwene maa mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa twitwaa twetia.
All the men of the city listened to Hamor and Shechem, his son. Every male was circumcised.
25 Nnansa akyi a na twetiatwa no nti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wogye wɔn ho a ennye no, Yakob mmabarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuabarimanom no faa wɔn mpeaw. Wɔkɔtow hyɛɛ kurow no so bere a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkum mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa.
On the third day, when they were still in pain, two of the sons of Jacob (Simeon and Levi, Dinah's brothers), each took his sword and they attacked the city that was certain of its security, and they killed all the males.
26 Wɔde peaw kum Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabea Dina fii Sekem fi de no kɔɔ wɔn nkyɛn.
They killed Hamor and his son Shechem with the edge of the sword. They took Dinah from Shechem's house and went away.
27 Yakob mmabarima a wɔaka no nso tow hyɛɛ kurow no so. Wotiatiaa nnipa a wɔawuwu no so, fom kurow no mu nneɛma nyinaa pasaa, efisɛ ɛhɔ na Sekem guu wɔn nuabea Dina ho fi.
The other sons of Jacob came to the dead bodies and looted the city, because the people had defiled their sister.
28 Wɔfom wɔn mmoa, wɔn anantwi, wɔn nguan, wɔn mfurum ne wɔn agyapade biara a ɛwɔ kurow no mu ne nea ɛwɔ wuram nyinaa.
They took their flocks, their herds, their donkeys, and everything in the city and in the surrounding fields with
29 Wɔfaa wɔn ahode, wɔn yerenom ne wɔn mmea, fom wɔn afi mu nneɛma nyinaa.
all their wealth. All their children and their wives, they captured. They even took everything that was in the houses.
30 Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi se, “Mode ɔhaw abɛto me so, ama nnɛ me ho koraa abɔn Perisifo ne Kanaanfo a mete wɔn asase so yi. Yɛnnɔɔso. Sɛ wɔka wɔn ho bo mu bɛtow hyɛ yɛn so a, wɔbɛhyew me ne mʼasefo nyinaa.”
Jacob said to Simeon and Levi, “You have brought trouble on me, to make me stink to the inhabitants of the land, the Canaanites and the Perizzites. I am few in number. If they gather themselves together against me and attack me, then I will be destroyed, I and my household.”
31 Na wobuaa wɔn agya se, “Enti anka yɛntena hɔ nhwɛ na ɔnyɛ yɛn nuabea sɛ oguamanfo ana?”
But Simeon and Levi said, “Should Shechem have dealt with our sister as with a prostitute?”

< 1 Mose 34 >