< 1 Mose 33 >

1 Yakob maa nʼani so na ohuu sɛ Esau ne ne mmarima ahannan a wɔka ne ho no fi akyirikyiri reba. Enti ɔkyekyɛɛ ne mma no mu maa Lea, Rahel ne nʼasomfo baanu no.
Yakob pagyaa nʼani hunuu sɛ Esau ne ne mmarima ahanan a wɔka no ho firi akyirikyiri reba. Enti, ɔkyekyɛɛ ne mma no mu maa Lea, Rahel ne nʼasomfoɔ baanu no.
2 Ɔmaa asomfo no ne wɔn mma dii kan. Lea ne ne mma nso dii hɔ; na Rahel ne ne ba Yosef nso dii akyi.
Ɔmaa asomfoɔ no ne wɔn mma dii ɛkan. Lea ne ne mma nso dii hɔ. Ɛnna Rahel ne ne ba Yosef nso dii akyire.
3 Yakob de, odii wɔn anim. Ɔreyɛ abɛn ne nua Esau no, ɔbɔɔ ne mu ase mpɛn ason.
Yakob deɛ, ɔdii wɔn anim. Ɔreyɛ abɛn ne nua Esau no, ɔbɔɔ ne mu ase mprɛnson.
4 Esau tuu mmirika kohyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, few nʼano. Na wɔn baanu nyinaa sui.
Esau tuu mmirika kɔhyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, fee nʼano. Na wɔn baanu nyinaa suiɛ.
5 Na Esau maa nʼani so huu mmea no ne mmofra no. Obisaa Yakob se, “Eyinom yɛ hefo.” Obuae se, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa no.”
Afei, Esau maa nʼani so hunuu mmaa no ne mmɔfra no. Ɔbisaa Yakob sɛ, “Yeinom yɛ ɛhefoɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa.”
6 Na Yakob asomfo ne wɔn mma twiw bɛn Esau bɛkotow no.
Afei, Yakob asomfoɔ ne wɔn mma twe bɛn Esau bɛkotoo no.
7 Saa ara na Lea ne ne mma nso bɛkotow no. Na Yosef ne ne na Rahel nso ba bɛkotow no.
Saa ara na Lea ne ne mma nso bɛkotoo no. Afei, Yosef ne ne maame Rahel nso ba bɛkotoo no.
8 Esau bisae se, “Nguan ne anantwi ne mmoa bebrebe a wɔsa so reba yi nso ase ne dɛn?” Yakob buae se, “Me wura, ɛyɛ akyɛde a mede rebrɛ wo, na manya wʼanim anuonyam.”
Esau bisaa sɛ, “Nnwan ne anantwie ne mmoa bebrebe a wɔsa so reba yi nso, aseɛ ne sɛn?” Yakob buaa sɛ, “Me wura, ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo, na manya wʼanim animuonyam.”
9 Nanso Esau buaa no se, “Me nua, mewɔ saa mmoa yi bebree ma ɛboro so. Enti fa nea wode rebrɛ me yi ka wo de ho.”
Nanso, Esau sere buaa no sɛ, “Me nua, mewɔ saa mmoa yi bebree ma ɛboro so. Enti, fa deɛ wode rebrɛ me yi ka wo deɛ ho.”
10 Yakob kae se, “Dabi, sɛ woagye me fɛw so de a, mesrɛ wo, gye akyɛde a mede rebrɛ wo yi. Nokware ni, esiane sɛ wugyee me ɔdɔ so nti, mihuu wʼanim no, na ayɛ me sɛnea mahu Onyankopɔn anim.
Yakob kaa sɛ, “Dabi, sɛ woagye me fɛ so deɛ a, mesrɛ wo, gye akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi. Nokorɛ ni, ɛsiane sɛ wogyee me ɔdɔ so enti, mehunuu wʼanim no, na ayɛ me sɛdeɛ mahunu Onyankopɔn anim.
11 Mesrɛ wo, gye mʼakyɛde a mede rebrɛ wo yi, efisɛ Awurade adom me ama mayɛ ɔdefo.” Esiane sɛ Yakob kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ onnye nʼakyɛde no nti, Esau gyei.
Mesrɛ wo, gye mʼakyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi, ɛfiri sɛ, Awurade adom me ama mayɛ ɔdefoɔ.” Esiane sɛ Yakob kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ ɔnnye nʼakyɛdeɛ no enti, Esau gyeeɛ.
12 Na Esau kae se, “Ma yɛnkɔ. Yebedi mo anim ne mo akɔ.”
Afei, Esau kaa sɛ, “Ma yɛnkɔ. Yɛbɛdi mo anim ne mo akɔ.”
13 Nanso Yakob buaa no se, “Me wura ankasa nim sɛ mmofra no bi susua. Ɛsɛ sɛ mehwɛ anantwi ne nguan ne mmoa a wɔawowo no nso ka wɔn brɛoo. Sɛ meka wɔn so da koro pɛ mpo a, wɔn nyinaa bewuwu.
Nanso, Yakob buaa no sɛ, “Me wura ankasa nim sɛ, mmɔfra no bi susua. Ɛsɛ sɛ mehwɛ anantwie ne nnwan ne mmoa a wɔawowo no nso ka wɔn so brɛoo. Sɛ meka wɔn so den ɛda koro pɛ mpo a, wɔn nyinaa bɛwuwu.
14 Enti me wura, di yɛn kan na yɛne nyɛmmoa no bedi wʼakyi nkakrankakra abɛto wo wɔ Seir.”
Enti, me wura, di yɛn ɛkan na yɛne nyɛmmoa no bɛdi wʼakyi nkakrankakra abɛto wo wɔ Seir.”
15 Enti Esau kae se, “Ɛno de, ma minnyaw me mmarima no bi mma wo.” Yakob kae se, “Adɛn na woyɛ saa? Me wura, ma minya wʼanim anuonyam kɛkɛ.”
Enti, Esau kaa sɛ, “Anyɛ bi koraa no, ma mennya me mmarima na wɔnni wʼanim, mmɔ wo ho ban.” Yakob kaa sɛ, “Ɛho nhia sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ me saa adɔeɛ no.”
16 Enti da no ara, Esau san nʼakyi kɔɔ Seir.
Enti, ɛda no ara, Esau sane nʼakyiri kɔɔ Seir.
17 Nanso Yakob de, ɔkɔɔ Sukot kosisii ne ntamadan, pɛɛ baabi a ne mmoa no nso bɛda, de hɔ yɛɛ nʼatenae. Ɛno nti na wɔfrɛ saa beae hɔ Sukot, a ne nkyerɛase ne Asese no.
Nanso, Yakob deɛ, ɔkɔɔ Sukot kɔsisii ne ntomadan, pɛɛ baabi a ne mmoa no nso bɛda, de hɔ yɛɛ nʼatenaeɛ. Ɛno enti na wɔfrɛ saa beaeɛ hɔ Sukot, a asekyerɛ ne Asese no.
18 Yakob fii Paddan-Aram no, okoduu Sekem kurow a ɛwɔ Kanaan asase so no mu asomdwoe mu.
Yakob firii Paddan-Aram no, ɔkɔduruu Sekem kuro a ɛwɔ Kanaan asase so asomdwoeɛ mu.
19 Yakob tɔɔ asase a ɔtenaa so no dwetɛ mpɔw ɔha fii Sekem agya Hamormma nkyɛn.
Yakob tɔɔ asase a ɔtenaa so no nnwetɛ mpɔ ɔha firii Sekem agya Hamor mma nkyɛn.
20 Wosii afɔremuka wɔ hɔ, too saa afɔremuka no din El-Elohe-Israel, a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn Afɔremuka.
Wɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, too saa afɔrebukyia no edin El-Elohe-Israel, a asekyerɛ ne Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn Afɔrebukyia.

< 1 Mose 33 >