< 1 Mose 31 >

1 Yakob tee sɛ Laban mmabarima no reka se, “Yakob afa yɛn agya ho nneɛma nyinaa. Nʼahonya nyinaa fi yɛn agya nneɛma a wafa no.”
雅各伯聽見拉班的兒子們談論說:「雅各伯奪去了我們父親所有的一切,利用我們父親的財物,才獲得了這一切的財富。」
2 Yakob huu sɛ afei de, Laban ntew nʼanim nkyerɛ no sɛ kan no.
雅各伯也注意了拉班對自己的臉色不如先前。
3 Na Awurade ka kyerɛɛ Yakob se, “San kɔ wʼabusuafo ne wo nkurɔfo asase so, na medi wʼakyi.”
那時,上主對雅各伯說:「你回到你的家鄉和你的出生地,我必與你同在。」
4 Enti Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ ne yerenom Rahel ne Lea se wɔmmra ne nkyɛn wɔ sare no so, faako a ɔne ne nguankuw no wɔ no.
雅各伯就派人叫辣黑耳和肋阿來到放羊的田間,
5 Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mahu sɛ afei de, mo agya Laban anim nyɛ me fɛ sɛ kan no, nanso Onyankopɔn a mʼagya Isak som no no ka me ho.
對她們說:「我看你們父親的臉色,對我已不如先前;但是我父親的天主卻與我同在。
6 Munim sɛ mayi me yam de mʼahoɔden nyinaa ayɛ adwuma ama mo agya;
你們清楚知道,我是全力服事了你們的父親;
7 nanso mo agya nam asisi kwan so asesa mʼakatua mu mpɛn du. Nanso eyi nyinaa akyi no, Onyankopɔn amma no kwan amma wanyɛ me bɔne.
你們的父親卻欺騙了我,十次變換了我的工價,但天住卻沒有容許他害我。
8 Sɛ ɔka se, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ ntokontrama no bɛyɛ wʼakatua,’ na sɛ mmoa no wo a, na wɔawo mma a wɔn ho yɛ ntokontrama. Sɛ ɔka se, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ nsensanee no bɛyɛ wʼakatua’ a, na wɔawowo mma a wɔn ho yɛ nsensanee.
當他說:有斑點的算是你的工價;全羊群就都生下有斑點的;當他說:有條紋的算是你的工價,全羊群就都生下有條紋的。
9 Ɔkwan a Onyankopɔn nam so agye mo agya nsam nyɛmmoa no de wɔn ama me ama mayɛ ɔdefo no ne no.
天主這樣將你們父親的牲畜奪來了給我。
10 “Eduu bere a mmoa no hyia mu no, mesoo dae huu sɛ adwennini a wɔforo nguanbere no ho yɛ ntokontrama, nsensanee anaa nsisimu.
有一次當羊群配合時,我於夢中舉目觀望:看見跳在母羊身上的公山羊,都是有條紋,有斑點和雜色的。
11 Onyankopɔn bɔfo frɛɛ me wɔ dae no mu ka kyerɛɛ me se, ‘Yakob!’ Na migyee so se, ‘Me ni!’
天主的使者在夢中對我說:雅各伯! 我答說:我在這裏。
12 Na ɔsoro abɔfo no ka kyerɛɛ me se, ‘Hwɛ na hu sɛ adwennini a wɔforo nguanbere no nyinaa ho yɛ nsensanee, ntokontrama anaa nsisimu, na mahu ɔkwan a Laban de wo fa so no nyinaa.
他說:你舉目觀望:跳在母羊身上的公山羊,都是有條紋,有斑點和雜色的,因為我看到了拉班對你所作的一切。
13 Mene Onyankopɔn a miyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, faako a wode ɔbo sii hɔ, hwiee ngo guu so, som me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu fi saa asase yi so ntɛm ara, na san kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’”
我是貝特耳的天主,你曾在那裏用油敷了一座石柱,並對我許了願。現在你起身,離開這地方,回到你生身之地去。」
14 Na Rahel ne Lea bisae se, “Enti saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapade mu ana?
辣黑耳和肋阿回答他說:「我們在父親家裏還有產業可分嗎﹖
15 Yɛn agya mfa yɛn sɛ yɛyɛ ahɔho? Watɔn yɛn, na yɛn ti sika a ogyee no nso, wadi.
他豈不是把我們視作外人,把我們出賣了,吞併了我們的身價﹖
16 Ɛyɛ nokware turodoo sɛ yɛn agya ahode a Onyankopɔn gyei no nyinaa yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ.”
所以天主由我們父親奪來的那一切財物,都應屬於我們和我們子女。現今凡天主吩咐你的,你都該照辦。
17 Na Yakob de ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so.
雅各伯遂立即叫自己的兒女和妻子騎上駱駝,
18 Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapade a wanya nyinaa ne mmoa a onyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.
帶了自己一切牲畜和積聚的一切財物,即他在帕丹阿蘭所得的一切牲畜,起程往客納罕地,他父親依撒格那裏去了。
19 Bere a Laban kɔɔ wuram sɛ ɔrekotwitwa ne nguan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kowiaa nʼagya fi abosom.
其時拉班正剪羊毛去了,辣黑耳就偷走了她父親的神像。
20 Yakob daadaa Aramni Laban a wamma wanhu sɛ ɔreguan.
雅各伯隱瞞了阿蘭人拉班,沒有告訴拉班他將逃走,
21 Yakob de nʼahode nyinaa guanee. Otwaa Asubɔnten Eufrate, de nʼani kyerɛɛ bepɔw asase Gilead no so.
遂帶了自己所有的一切逃走了,起身過了幼發拉的河,直向基肋阿得山地進發。
22 Yakob ne nʼabusuafo guanee no, nnansa akyi ansa na Laban tee sɛ wɔkɔ.
第三天拉班得報雅各伯偷跑了,
23 Laban faa ne fifo kaa ne ho, de anibere tiw Yakob. Nnanson akyi ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfo no wɔ bepɔw Gilead so.
遂帶了自己的弟兄,在他後面一連追趕了七天的路程,在基肋阿得山地追上了他。
24 Saa da no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ dae mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no wɔ dae no mu se, “Hwɛ yiye na woankɔka asɛm biara; sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.”
天主在夜間夢中顯現給阿蘭人拉班,對他說:「你小心,不要對雅各伯說好說壞。」
25 Bere a Laban ne ne fifo kɔtoo Yakob no, na Yakob asisi ne ntamadan wɔ bepɔw Gilead atifi. Laban ne ne fifo no nso sisii wɔn ntamadan wɔ hɔ.
拉班追上雅各伯時,雅各伯已在山上搭了帳幕;拉班和他的弟兄也在基肋阿得山地搭了帳幕。
26 Na Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kobisaa no se, “Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woadaadaa me, akyekyere me mmabea de wɔn reguan te sɛ nnommumfo.
拉班對雅各伯說:「你作的是什麼事﹖竟瞞著我,將我的女兒們帶走,有如戰俘一樣!
27 Adɛn nti na wodaadaa me, na wuguan fii me nkyɛn a woankra? Sɛ wokraa me a, anka mɛto wo pon, na mama nnipa abɛbɔ sanku, ato nnwom wɔ aponto no ase, de agya wo kwan.
你為什麼暗中偷跑,瞞著我而不通知我,叫我好能快樂的唱著歌,打著鼓,彈著琴歡送你回去﹖
28 Woamma mankyiakyia me nenanom ne me mmabea yi nsam annya wɔn kwan mpo. Woadi nkwaseasɛm.
連我的兒女你都不讓我與他們吻別,你作的實在糊塗!
29 Mewɔ tumi sɛ anka meyɛ wo bɔne, nanso nnɛra anadwo, Onyankopɔn a wo agya som no no ka kyerɛɛ me wɔ dae mu se, ‘Hwɛ yiye na woanka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.’
我本可伸手加害你們,但是你們父親的天主昨夜對我說:小心,不要對雅各伯說好說壞。
30 Esiane sɛ wʼani agyina wʼagya fi nti, na ɛsɛ sɛ wokɔ ara. Na adɛn nti na wuwiaa mʼabosom de kaa wo nneɛma ho?”
你現在切望回到父家,定要回去,但是你為什麼偷走了我的神像! 」
31 Yakob buaa Laban se, “Na misuro. Na ɛyɛ me sɛ wode tumi begye wo mmabea no afi me nsam.
雅各伯回答拉班說:「我害怕,我還以為你要由我手中奪去你的女兒。
32 Nanso obiara a wubehu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owu. Wʼankasa hwehwɛ sɛ wubehu biribiara a ɛyɛ wo de wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wuhu biribiara a ɛyɛ wo de a, fa wʼade.” Bere a Yakob kaa saa asɛm yi no, na onnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no.
至於你的神像,你在誰那裏搜出來,決不容他活著;當著我們弟兄的面,你如認出我這裏有什麼是屬於你的,儘管拿去。」雅各伯原不知道是辣黑耳偷了神像。
33 Ɛno nti, Laban kɔɔ Yakob, Lea, ne nʼasomfo Bilha ne Silpa ntamadan mu kɔhwehwɛɛ hɔ, nanso wanhu biribiara. Afei, okowuraa Rahel ntamadan mu.
拉班便進入雅各伯的帳幕,肋阿的帳幕和兩個婢女的帳幕,沒有找著;遂由肋阿的帳幕出來,進入辣黑耳的帳幕,
34 Na Rahel awia abosom no de ahyehyɛ ne yoma no agua ase, atena so. Enti Laban kɔhwehwɛɛ nneɛma a ɛwɔ Rahel ntamadan no nyinaa mu, nanso wanhu abosom no.
辣黑耳卻拿了神像,放在駱駝的鞍下,自己坐在上面。拉班搜遍了整個帳幕,沒有找著。
35 Rahel ka kyerɛɛ nʼagya se, “Agya, mma wo bo mfuw me sɛ mete hɔ wɔ wʼanim na mennsɔre nnyina hɔ, makɔ afikyiri.” Enti Laban toaa so hwehwɛɛ abosom no ara, nanso wanhu.
辣黑耳對她父親說:「望我主不要見怪,我不能在你面前起迎,因為我正在經期。」他搜索了,卻沒有找著神像。
36 Ɛyɛɛ saa no, Yakob bo fuw Laban yiye, bisaa no se, “Bɔne bɛn na mayɛ? Amumɔyɛsɛm bɛn na madi a ɛno nti, woataa me ara yi?”
雅各伯於是動怒,與拉班爭論,質問他說:「我有什麼不對,有什麼罪過,致使你在我後面追趕﹖
37 Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, dɛn ade na wuhuu a ɛyɛ wo ne wo fifo de? Nea wuhuu biara no, fa bɛto gua wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ nea ɛyɛ ne de.
你搜遍了我的東西,如找出了什麼東西是屬於你家的,擺在我和你的兄弟面前,叫他們在我們兩人間行裁判。
38 “Mfirihyia aduonu a wo ne me tenae, wo nguan ne wo mmirekyi abere no ampɔmpɔn, na mankum wʼadwennini yi bi amfi wo nguankuw yi mu anwe da.
這二十年來,我同你在一起,你的母綿羊和母山羊從未流產;你羊群中的公羊,我從未吃過;
39 Mamfa wʼaboa biara a akekaboa bi atetew ne mu ammrɛ wo; wɔn a mmoa kum wɔn no, mʼankasa mehyɛɛ anan mu. Afei sɛ ɛba sɛ wowia wo mmoa no bi, anadwo anaa awia a, woma mitua ka.
被野獸撕裂的我從未給你帶回,我自己賠償了損失;不論是白天偷去的,或是黑夜偷去的,你都向我索取。
40 Eyi ne tebea a na mewɔ mu: Meyɛɛ wʼadwuma awia maa owia hyee me ne anadwo maa awɔw dee me; nam so maa nna yera fii mʼaniwa mu.
日間我受盡炎熱,夜間受盡嚴寒,兩眼無法入睡。在你家內這二十年,為了你的兩個女兒,我服事了你十四年;
41 Tebea a na mewɔ mu mfirihyia aduonu a metenaa wo nkyɛn no nyinaa ni. Mede mfirihyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmabea baanu no. Na mede mfirihyia asia nso hwɛɛ wo nguan, na wosesaa mʼakatua mpɛn du.
另六年是為了你的羊群,這期間你竟十次變更了我的工價。
42 Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn a mʼagya som no, Onyankopɔn a Abraham som no a ɔwɔ mʼafa ne suro a misuro mʼagya Isak a, anka nokware ni, wopam me maa mede me nsa pan kɔe. Nanso Onyankopɔn huu mʼamanehunu ne me nsa ano adwuma nti na nnɛra anadwo ɔkaa wʼanim no.”
假若我父的天主,亞巴郎的天主,依撒格所敬畏的上主,不同我在一起,你現在定會打發我空手回去;但是天主見到了我的苦況和我的辛苦,在昨夜就下了判決。」
43 Laban buaa Yakob se, “Mmea no yɛ me mmabea, mmofra no nso yɛ me nenanom, na nguankuw no nso yɛ me nguankuw. Nneɛma a wuhu yi nyinaa yɛ me de. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmabea ne me nenanom bɔne?
拉班回答雅各伯說:「女兒是我的女兒,孩子是我的孩子,羊群是我的羊群,你眼見的這一切都是我的。但是對我的女兒,對她們生的孩子,我今天能作什麼呢﹖
44 Afei, bra na me ne wo nyɛ apam a ebedi me ne wo ntam adanse. Saa apam no so na yebedi wɔ yɛn asetena nyinaa mu.”
現在,來,讓我們在你我之間立約,作你我之間的證據。」
45 Enti Yakob faa ɔbo de sii hɔ yɛɛ nkaedum.
雅各伯遂拿了一塊石頭,立作石柱,
46 Yakob kyerɛɛ ne nuanom no se, “Montase abo!” Enti wɔtasee abo boaa ano, na wɔn nyinaa tenaa ho didii.
然後對自己的親戚說:「你們堆集石頭。」他們便拿了石頭,堆成一堆,就在那堆石頭上吃了飯。
47 Laban frɛɛ abo kuw no Yegar-Sahaduta a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw. Yakob nso frɛɛ saa abo kuw no Gal-Ed, a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw saa ara.
拉班稱那石堆為「耶加爾、撒哈杜達;」雅各伯稱為「基肋阿得」
48 Laban kae se, “Abo Kuw yi na edi me ne wo ntam adanse nnɛ!” Ɛno nti na wɔfrɛ no Gal-Ed no.
拉班說:「今天這堆石頭在你和我之間作見證。」為此給它起名叫「基肋阿得。」
49 Na wɔsan frɛ abo nkaedum no nso bio sɛ, “Mispa” efisɛ Laban kae se, “Awurade mmoa yɛn, na sɛ yɛn ntam tetew mpo a, yɛn mu biara bedi saa apam yi so.
又叫作「米茲帕,」因為他說:「我們彼此分離後,願上主監視我和你:
50 Sɛ woanhwɛ me mmabea yi yiye anaasɛ woware mmea foforo ka me mmabea yi ho a, ɛwɔ mu sɛ merenhu, nanso Onyankopɔn de, obehu.”
如果你虐待我的女兒,或在我的女兒外,另娶妻室,雖無人在我們中間,但有天主在你我之間作證。」
51 Laban san ka kyerɛɛ Yakob se, “Abo Kuw yi ni. Nkaedum a mede asi me ne wo ntam no nso ni.
拉班又對雅各伯說:「看這堆石頭,看我在你我之間所立的石柱:
52 Abo Kuw yi, ne nkaedum yi nyɛ adanse sɛ, me Laban, merentra saa Abo Kuw yi ne nkaedum yi mma baabi a wowɔ mmɛtoa wo. Na wo Yakob nso, worentra saa Abo kuw yi ne nkaedum yi mma baabi a mewɔ mmɛtoa me.
這堆石頭是見證,這石柱是見證,我決不越過這堆石頭去妨害你,你也不要越過這堆石頭和這石柱來妨害我。
53 Ma Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn nyɛ otemmufo wɔ me ne wo ntam.” Enti Yakob de nʼagya Isak Nyankopɔn ho suro kaa ntam sɛ, ɔrentra ɔhye no.
但願亞巴郎的天主和納曷爾的天主,--即他們父親的天主,--在我們之間行裁判! 」雅各伯就指自己的父親依撒格所敬畏的上主起了誓。
54 Yakob bɔɔ Onyankopɔn afɔre wɔ bepɔw no atifi, na ohyiahyiaa ne nnamfonom ma wobedidii. Ɛno akyi no, wɔdaa ne nkyɛn wɔ bepɔw no so.
然後雅各伯在山上宰牲獻祭,叫了自己的親戚來吃飯;吃飯以後就在山上過了夜。
55 Laban sɔree anɔpatutuutu few ne nenanom ne ne mmabea no ano, hyiraa wɔn. Na ɔsan nʼakyi kɔɔ ne kurom.
拉班清早起來,與自己的外孫和女兒吻別,祝福了他們,便起身回本鄉去了。

< 1 Mose 31 >