< 1 Mose 30 >
1 Bere a Rahel huu sɛ ɔne Yakob nwo no, nʼani beree ne nuabea no. Enti ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Sɛ wo ne me anwo mma a, mewu!”
When Rachel saw that she bore Jacob no children, Rachel envied her sister. She said to Jacob, “Give me children, or I will die.”
2 Yakob bo fuw Rahel ma ɔkae se, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasiw wo yafunu ano.”
Jacob's anger burned against Rachel. He said, “Am I in the place of God, who has kept you from having children?”
3 Na Rahel ka kyerɛɛ Yakob se, “Mʼafenaa Bilha ni, wo ne no nkɔda, na ɔnwo mma me, na ɛnam ne so ama me nso manya abusua.”
She said, “See, there is my servant Bilhah. Sleep with her, so she might give birth to children on my knees, and I will have children by her.”
4 Enti Rahel de nʼabaawa Bilha maa Yakob waree. Yakob ne no dae.
So she gave him her servant Bilhah as a wife, and Jacob slept with her.
5 Onyinsɛn woo ɔbabarima maa Yakob.
Bilhah conceived and bore Jacob a son.
6 Na Rahel kae se, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me. Wate mʼadesrɛ ama me ɔbabarima.” Ne saa nti, ɔtoo no din Dan a ne nkyerɛase ne, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me.”
Then Rachel said, “God has vindicated me, and he has heard my voice and given me a son.” For this reason she called his name Dan.
7 Rahel afenaa Bilha nyinsɛnee bio, woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob.
Bilhah, Rachel's servant, conceived again and bore Jacob a second son.
8 Na Rahel kae se, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperepere na madi nkonim.” Ɛno nti, ɔtoo abofra no din Naftali a ne nkyerɛase ne, “Mʼakodi.”
Rachel said, “With mighty wrestlings have I wrestled with my sister and have prevailed.” She called his name Naphtali.
9 Bere a Lea huu sɛ nʼawo atew kɔ no, ɔno nso de nʼafenaa Silpa maa Yakob waree.
When Leah saw that she had stopped having children, she took Zilpah, her servant, and gave her to Jacob as a wife.
10 Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob.
Zilpah, Leah's servant, bore Jacob a son.
11 Na Lea kae se, “Akraye bɛn ni!” Enti ɔtoo abofra no din Gad a ne nkyerɛase ne, “Asi me yiye.”
Leah said, “This is fortunate!” so she called his name Gad.
12 Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob.
Then Zilpah, Leah's servant, bore Jacob a second son.
13 Na Lea kae se, “Mʼani agye! Afei de, mmea no bɛfrɛ me anigye.” Enti, ɔtoo no din Aser a ne nkyerɛase ne “Anigye.”
Leah said, “I am happy! For the daughters will call me happy.” So she called his name Asher.
14 Awitwabere mu da bi, Ruben kɔɔ afum kohuu afifide bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne na Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea se, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim no bi.”
Reuben went in the days of wheat harvest and found mandrakes in the field. He brought them to his mother Leah. Then Rachel said to Leah, “Give me some of your son's mandrakes.”
15 Nanso Lea de abufuw buae se, “Woabegye me kunu akyi no, woresan abegye me ba dudaim a ɔde abrɛ me no bi apaa so?” Na Rahel de awerɛhow kae se, “Eye, ɛno de, Yakob mmɛda wo nkyɛn nnɛ anadwo yi, na ma me dudaim no bi.”
Leah said to her, “Is it a small matter to you, that you have taken away my husband? Do you now want to take away my son's mandrakes, too?” Rachel said, “Then he will sleep with you tonight, in exchange for your son's mandrakes.”
16 Enti da no anwummere a Yakob fi afum reba no, Lea kohyiaa no, ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn anadwo yi, efisɛ mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no.
Jacob came from the field in the evening. Leah went out to meet him and said, “You must sleep with me tonight, for I have hired you with my son's mandrakes.” So Jacob slept with Leah that night.
17 Onyankopɔn tiee Lea mpaebɔ, na onyinsɛn woo ɔbabarima a ɔto so anum maa Yakob.
God listened to Leah, and she conceived and bore Jacob a fifth son.
18 Na Lea kae se, “Mede mʼafenaa Silpa maa me kunu Yakob no, Onyankopɔn adom me.” Enti wɔtoo abofra no din Isakar a nkyerɛase ne “Akyɛde.”
Leah said, “God has given me my wages, because I gave my servant woman to my husband.” She called his name Issachar.
19 Lea san nyinsɛnee bio, na ɔwoo ne babarima a ɔto so asia maa Yakob.
Leah conceived again and bore a sixth son to Jacob.
20 Enti Lea kae se, “Onyankopɔn ama me akyɛde a ɛsom bo yiye. Afei de, manya me kunu anim anuonyam. Ɔde obu ne nidi bɛma me, efisɛ mawo mmabarima baasia ama no. Enti ɔtoo abarimaa no din Sebulon a ne nkyerɛase ne Anuonyam.”
Leah said, “God has given me a good gift. Now my husband will honor me, because I have borne him six sons.” She called his name Zebulun.
21 Akyiri no, Lea woo ɔbabea too no din Dina.
Afterwards she bore a daughter and called her name Dinah.
22 Afei, Onyankopɔn kaee Rahel, tiee ne mpaebɔ, buee nʼawotwaa ano.
God called Rachel to mind and listened to her. He caused her to become pregnant.
23 Rahel nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkae se, “Afei de, Onyankopɔn apepa mʼanimguase ama me nso mawo ɔba.”
She conceived and bore a son. She said, “God has taken away my shame.”
24 Rahel too ne ba no din Yosef a ne nkyerɛase ne “Awurade mfa ɔbabarima baako nka me ho.”
She called his name Joseph, saying, “Yahweh has added to me another son.”
25 Rahel woo Yosef no, ankyɛ na da koro bi, Yakob ka kyerɛɛ Laban se, “Mepɛ sɛ mesan kɔ mʼankasa mʼasase so ne me fi, enti mesrɛ wo, gya me kwan na menkɔ.
After Rachel had borne Joseph, Jacob said to Laban, “Send me away, so that I may go to my own home and to my country.
26 Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wunim ɔsom pa a masom wo.”
Give me my wives and my children for whom I have served you, and let me go, for you know the service I have given you.”
27 Laban buae se, “Mesrɛ wo, nkɔ nnya me. Makɔ abisa ahu sɛ, nhyira dodow a manya yi nyinaa fi te a wote me nkyɛn yi.”
Laban said to him, “If now I have found favor in your eyes, wait, because I have learned by using divination that Yahweh has blessed me for your sake.”
28 Laban ka kaa ho se, “Kyerɛ me akatua biara a wubegye, na metua.”
Then he said, “Name your wages, and I will pay them.”
29 Yakob buaa Laban se, “Wʼankasa wunim som a masom wo, ne sɛnea mahwɛ wʼanantwi ne wo nguan ama wɔn ase afɛe afa.
Jacob said to him, “You know how I have served you, and how your livestock have fared with me.
30 Wʼahode kakra a na wowɔ bere a mebae no, nnɛ, adɔɔso abu so. Biribiara a meyɛ maa wo no nso, Awurade ahyira so. Na me nso, bere bɛn na metumi apɛ biribi de agyaw mʼabusuafo?”
For you had little before I came, and it has increased abundantly. Yahweh has blessed you wherever I worked. Now when will I provide for my own household also?”
31 Laban bisaa Yakob se, “Akatua ahe na memfa mma wo?” Yakob nso buae se, “Mma me hwee, na mmom, sɛ wobɛyɛ mʼabisade baako pɛ yi ama me de a, mɛkɔ so ayɛn wo mmoa no.
So Laban said, “What will I pay you?” Jacob said, “You will not give me anything. If you will do this thing for me, I will again feed your flock and keep it.
32 Nnɛ, ma menkɔhwehwɛ wo mmoa no nyinaa mu, na minnyi oguan biara a ne ho yɛ ntokontrama, oguan ba biara a ɔyɛ tuntum ne abirekyi biara a ɔyɛ ntokontrama. Eyinom na ɛbɛyɛ mʼakatua.
Let me walk through all your flock today, removing from it every speckled and spotted sheep, and every black one among the sheep, and the spotted and speckled among the goats. These will be my wages.
33 Eyi bɛma me nokwaredi adi me adanse, bere biara a wobɛhwehwɛ akatua a wode ama me no mu no. Sɛ wuhu abirekyi biara a ɔnyɛ ntokontrama anaa oguan biara a nʼahosu mmiri wɔ me mmoa no mu a, na ɛkyerɛ sɛ mawia wɔn afi wo de mu.”
My integrity will testify for me later on, when you come to check on my wages. Every one that is not speckled and spotted among the goats, and black among the sheep, if any are found with me, will be considered to be stolen.”
34 Laban buaa Yakob se, “Eye, yɛ no sɛnea woaka no.”
Laban said, “Agreed. Let it be according to your word.”
35 Da no ara, Laban yiyii adwennini a wɔyɛ ntokontrama no nyinaa ne nguanbere a wɔyɛ ntokontrama no nso; mmoa no mu biara a fufu wɔ ne ho ne oguan ba biara a ɔyɛ tuntum no, ɔde wɔn kɔmaa ne mmabarima.
That day Laban removed the male goats that were striped and spotted, and all the female goats that were speckled and spotted, every one that had white in it, and all the black ones among the sheep, and gave them into the hand of his sons.
36 Na Laban mma no faa mmoa no de wɔn twaa nnansa kwan, fii baabi a na Yakob wɔ hɔ. Saa bere no mu no, Yakob tenaa hɔ, hwɛɛ Laban nguan no.
Laban also put three days' journey between himself and Jacob. So Jacob kept tending the rest of Laban's flocks.
37 Na Yakob faa saa nnua yi: ɔsɛsɛ, odwen ne ɔfo mman amono, yiyii ho akamakam ma ɛkɔtoo dua kwatii no.
Jacob took fresh cut branches of fresh poplar, and of the almond and of the plane tree, and peeled white streaks in them, and made the white inner wood appear that was in the sticks.
38 Afei, ɔde mman amono a wayiyi ho no nyinaa guguu mmoa no adidi nnaka mu, sɛnea ɛba sɛ, mmoa no ba sɛ wɔrebɛnom nsu no bi a, wobehu. Saa bere no na anini no foro abere no.
Then he set the sticks that he had peeled in front of the flocks, in front of the watering troughs where they came to drink. They conceived when they came to drink.
39 Enti sɛ mmoa no hyia mu wɔ dua mman ntokontrama no ho, na wonyinsɛn na wɔwowo a, wɔn mma no ho yɛ ntokontrama.
The flocks bred in front of the sticks; and the flocks produced striped, speckled, and spotted young.
40 Ɔnam saa kwan yi so yii Laban nguankuw no mu abere no guu faako ma ɛkaa anini no. Na ɔmaa wɔne Yakob nguan a wɔyɛ tuntum no hyiaa mu. Saa ɔkwan yi so na ɔfa tew nʼankasa ne nguankuw fii Laban de ho.
Jacob separated out these lambs, but made the rest of them face toward the striped animals and all the black sheep in the flock of Laban. Then he separated out his flocks for himself alone and did not put them together with Laban's flocks.
41 Edu bere a nguanbere a wɔwɔ ahoɔden no pɛ sɛ wohyia adwennini no a, Yakob de mman a wayiyi ho akamakam no gu wɔn anim.
Whenever the stronger sheep in the flock were breeding, then Jacob would lay the sticks in the watering troughs before the eyes of the flock, so that they might conceive among the sticks.
42 Nanso wanyɛ nguan abere a wɔyɛ mmerɛw no saa. Enti nguantenmma a wonni ahoɔden no bɛyɛɛ Laban dea, na wɔn a wɔwɔ ahoɔden no nso bɛyɛɛ Yakob dea.
But when the feebler animals in the flock came, he did not put the sticks in front of them. So the feebler animals were Laban's, and the stronger were Jacob's.
43 Ɛnam eyi so maa Yakob nyaa ne ho tam. Onyaa mmoa, mfenaa, nkoa, yoma ne mfurum bebree.
The man became very prosperous. He had large flocks, female servants and male servants, and camels and donkeys.