< 1 Mose 28 >

1 Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.
E Isaac chamou a Jacob, e abençoou-o, e ordenou-lhe, e disse-lhe: Não tomes mulher de entre as filhas de Canaan:
2 Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo na Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmabea no mu baako.
Levanta-te, vae a Paddan-aram, á casa de Bethuel, pae de tua mãe, e toma de lá uma mulher das filhas de Labão, irmão de tua mãe;
3 Otumfo Nyankopɔn no nhyira wo. Ɔmma wʼase nnɔ bebree, na wʼasefo no abɛyɛ ɔman kɛse a mmusuakuw bebree befi mu aba.
E Deus Todo-poderoso te abençoe, e te faça fructificar, e te multiplique, para que sejas uma multidão de povos;
4 Onyankopɔn mfa nhyira a ɔde hyiraa Abraham no nhyira wo ne wʼasefo. Ɔmma asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho yi, a ɛyɛ asase a Onyankopɔn de maa Abraham no nyɛ wo dea.”
E te dê abenção de Abrahão, a ti e á tua semente comtigo, para que em herança possuas a terra de tuas peregrinações, que Deus deu a Abrahão
5 Sɛnea Isak gyaa ne ba Yakob kwan ni: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob mama Rebeka ne nuabarima.
Assim enviou Isaac a Jacob, o qual se foi a Paddan-aram, a Labão, filho de Bethuel arameo, irmão de Rebecca, mãe de Jacob e de Esaú.
6 Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ohyiraa no no, ɔhyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.”
Vendo pois Esaú que Isaac abençoára a Jacob, e o enviára a Paddan-aram, para tomar mulher para si d'ali, e que, abençoando-o, lhe ordenara, dizendo: Não tomes mulher das filhas de Canaan;
7 Yakob tiee nʼagya ne ne na afotu no sii mu kɔɔ Paddan-Aram.
E que Jacob obedecera a seu pae e a sua mãe, e se fôra a Paddan-aram;
8 Esau huu sɛ nʼagya Isak mpɛ Kanaanfo mmea asɛm.
Vendo tambem Esaú que as filhas de Canaan eram más aos olhos de Isaac seu pae,
9 Enti osii mu kɔɔ Abraham babarima Ismael nkyɛn, kɔwaree ne babea Mahalat. Na Mahalat yɛ Nebaiot nuabea, na ɔyɛ Ismael a ɔno nso yɛ Abraham babarima no babea. Esau waree Mahalat kaa ne yerenom ho.
Foi-se Esaú a Ishmael, e tomou para si por mulher, além das suas mulheres, a Mahalath filha de Ishmael, filho de Abrahão, irmã de Nebajoth.
10 Yakob fii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran.
Partiu pois Jacob de Berseba, e foi-se a Haran;
11 Oduu baabi na onwini redwo no, ɔpɛɛ baabi soɛe, efisɛ na ade resa. Ɔfaa ɔbo bi wɔ faako a wadu hɔ de yɛɛ sumii.
E chegou a um logar onde passou a noite, porque já o sol era posto; e tomou uma das pedras d'aquelle logar, e a poz por sua cabeceira, e deitou-se n'aquelle logar,
12 Ɔdae no, ɔsoo dae bi. Dae no mu no, ohuu sɛ antweri bi si fam a nʼatifi ka wim, na Onyankopɔn abɔfo redi so aforosian.
E sonhou: e eis uma escada era posta na terra, cujo topo tocava nos céus: e eis que os anjos de Deus subiam e desciam por ella;
13 Ohuu sɛ Onyankopɔn gyina antweri no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mene Awurade, Abraham Nyankopɔn, ne wʼagya Isak Nyankopɔn. Mede asase a woda so yi bɛma wo ne wʼasefo.
E eis que o Senhor estava em cima d'ella, e disse: Eu sou o Senhor, o Deus de Abrahão teu pae, e o Deus de Isaac: esta terra, em que estás deitado, t'a darei a ti e á tua semente:
14 Wʼasefo bɛyɛ sɛ asase so mfutuma, na mobɛtrɛtrɛw akɔ apuei ne atɔe, atifi ne anafo nyinaa. Wo ne wʼasefo mu na wofi behyira wiase mmusuakuw nyinaa.
E a tua semente será como o pó da terra, e estender-se-ha ao occidente, e ao oriente, e ao norte, e ao sul, e em ti e na tua semente serão bemditas todas as familias da terra:
15 Eyinom nyinaa akyi no, mɛka wo ho, na baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi, na mɛsan de wo aba saa asase yi so. Merennyaw wo da, kosi sɛ bɔ a mahyɛ wo yi nyinaa bɛba mu.”
E eis que estou comtigo, e te guardarei por onde quer que fores, e te farei tornar a esta terra: porque te não deixarei, até que te haja feito o que te tenho dito.
16 Yakob nyanee no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Ampa ara, sɛɛ na Awurade wɔ saa beae ha yi, a na minnim!”
Acordado pois Jacob do seu somno, disse: Na verdade o Senhor está n'este logar; e eu não o sabia.
17 Yakob suroe, na ɔkɔɔ so kaa wɔ ne tirim se, “Ɛha yɛ hu papa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fi. Ɔsoro pon ano ne ha.”
E temeu, e disse: Quão terrivel é este logar! Este não é outro logar senão a casa de Deus; e este é a porta dos céus.
18 Enti Yakob sɔree anɔpatutuutu maa ɔbo a ɔde yɛɛ sumii no so sii hɔ, hwiee ngo guu so.
Então levantou-se Jacob pela manhã de madrugada, e tomou a pedra que tinha posto por sua cabeceira, e a poz por columna, e derramou azeite em cima d'ella.
19 Ɔtoo beae no din Bet-El a ase kyerɛ Onyame fi. Kan no na anka wɔfrɛ saa kurow no Lus.
E chamou o nome d'aquelle logar Bethel: o nome porém d'aquella cidade d'antes era Luz.
20 Na Yakob kaa ntam se, “Sɛ Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so wɔ saa akwantu yi mu, ama me aduan adi, ama me ntama afura,
E Jacob votou um voto, dizendo: Se Deus fôr commigo, e me guardar n'esta viagem que faço, e me der pão para comer, e vestidos para vestir;
21 sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsan aba mʼagya fi asomdwoe mu a, ɛno de, Awurade bɛyɛ me Nyankopɔn.
E eu em paz tornar á casa de meu pae, o Senhor me será por Deus;
22 Saa ɔbo a mede asi hɔ sɛ nkaedum yi bɛyɛ Onyankopɔn fi. Biribiara a wo, Onyankopɔn, de bɛma me no, mede mu nkyɛmu du mu baako bɛma wo.”
E esta pedra que tenho posto por columna será casa de Deus; e de tudo quanto me deres, certamente te darei o dizimo.

< 1 Mose 28 >