< 1 Mose 25 >

1 Abraham waree ɔbea foforo bi a ne din de Ketura.
ויסף אברהם ויקח אשה ושמה קטורה׃
2 Abraham ne Ketura woo saa mma a wɔn din didi so yi: Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.
ותלד לו את זמרן ואת יקשן ואת מדן ואת מדין ואת ישבק ואת שוח׃
3 Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefo ne Asurfo, Letusfo ne Leumfo.
ויקשן ילד את שבא ואת דדן ובני דדן היו אשורם ולטושים ולאמים׃
4 Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Eyinom nyinaa yɛ Ketura asefo.
ובני מדין עיפה ועפר וחנך ואבידע ואלדעה כל אלה בני קטורה׃
5 Abraham de nʼagyapade nyinaa maa Isak.
ויתן אברהם את כל אשר לו ליצחק׃
6 Nanso bere a ɔte ase no, ɔmaa ne mpenamma akyɛde, na oyii wɔn fii ne babarima Isak nkyɛn ma wɔkɔɔ apuei fam asase bi so.
ולבני הפילגשים אשר לאברהם נתן אברהם מתנת וישלחם מעל יצחק בנו בעודנו חי קדמה אל ארץ קדם׃
7 Abraham nkwanna nyinaa kosii mfe ɔha aduɔson anum.
ואלה ימי שני חיי אברהם אשר חי מאת שנה ושבעים שנה וחמש שנים׃
8 Abraham nyin bɔɔ akwakoraa posoposo ansa na ɔrewu akɔka ne mpanyimfo ho.
ויגוע וימת אברהם בשיבה טובה זקן ושבע ויאסף אל עמיו׃
9 Ne mmabarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuw a ɛwɔ Mamrɛ apuei fam.
ויקברו אתו יצחק וישמעאל בניו אל מערת המכפלה אל שדה עפרן בן צחר החתי אשר על פני ממרא׃
10 Eyi ne asase a Abraham tɔ fii Hetifo nkyɛn no. Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara.
השדה אשר קנה אברהם מאת בני חת שמה קבר אברהם ושרה אשתו׃
11 Abraham wu akyi no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa bere no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no.
ויהי אחרי מות אברהם ויברך אלהים את יצחק בנו וישב יצחק עם באר לחי ראי׃
12 Eyi ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefo ho asɛm.
ואלה תלדת ישמעאל בן אברהם אשר ילדה הגר המצרית שפחת שרה לאברהם׃
13 Wɔn a wodidi so yi yɛ Ismael mmabarima a wɔabobɔ wɔn din fi mpanyin mu no. Na Nebaiot yɛ Ismael abakan. Wɔn a wodidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam,
ואלה שמות בני ישמעאל בשמתם לתולדתם בכר ישמעאל נבית וקדר ואדבאל ומבשם׃
14 Misma, Duma, Masa,
ומשמע ודומה ומשא׃
15 Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema.
חדד ותימא יטור נפיש וקדמה׃
16 Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Ismael mmabarima no. Saa din yi na ɛdeda mmusuakuw dumien ne wɔn atenae so.
אלה הם בני ישמעאל ואלה שמתם בחצריהם ובטירתם שנים עשר נשיאם לאמתם׃
17 Ismael dii mfirihyia ɔha aduasa ason ansa na ɔrewu. Owu ma wosiee no wɔ ne nkurɔfo mu.
ואלה שני חיי ישמעאל מאת שנה ושלשים שנה ושבע שנים ויגוע וימת ויאסף אל עמיו׃
18 Ismael asefo yi tenatenaa nsase a efi Hawila kosi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntentenso. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuw yi ntam.
וישכנו מחוילה עד שור אשר על פני מצרים באכה אשורה על פני כל אחיו נפל׃
19 Abraham babarima Isak ne nʼasefo ho asɛm ni. Abraham woo Isak.
ואלה תולדת יצחק בן אברהם אברהם הוליד את יצחק׃
20 Isak dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ofi Paddan-Aram no babea. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabea.
ויהי יצחק בן ארבעים שנה בקחתו את רבקה בת בתואל הארמי מפדן ארם אחות לבן הארמי לו לאשה׃
21 Isak waree Rebeka mfe bebree a na wɔnwo. Enti Isak bɔɔ Awurade mpae, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyiri no, Awurade tiee ne mpaebɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛnee.
ויעתר יצחק ליהוה לנכח אשתו כי עקרה הוא ויעתר לו יהוה ותהר רבקה אשתו׃
22 Bere a Rebeka nyinsɛnee no, ɛtɔ da a, na mmofra no di aperepere wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, obisa ne ho se, “Dɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpae bisaa Awurade nea ɛkyerɛ.
ויתרצצו הבנים בקרבה ותאמר אם כן למה זה אנכי ותלך לדרש את יהוה׃
23 Awurade buaa no se, “Aman abien na wɔwɔ wo yafunu mu. Wɔbɛtetew nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu. Mmofra baanu no, ɔbaako asefo bɛyɛ ahoɔdenfo asen ne nua a ɔka ne ho no asefo. Na ɔpanyin no bɛsom akumaa no.”
ויאמר יהוה לה שני גיים בבטנך ושני לאמים ממעיך יפרדו ולאם מלאם יאמץ ורב יעבד צעיר׃
24 Rebeka awo duu so no, ɔwoo ntaten.
וימלאו ימיה ללדת והנה תומם בבטנה׃
25 Na nea odii kan bae no yɛ ɔkɔkɔɔ a ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ nea ɔhyɛ nwi atade. Enti wɔtoo no din Esau.
ויצא הראשון אדמוני כלו כאדרת שער ויקראו שמו עשו׃
26 Eyi akyi no, ne nua no bae a na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia.
ואחרי כן יצא אחיו וידו אחזת בעקב עשו ויקרא שמו יעקב ויצחק בן ששים שנה בלדת אתם׃
27 Mmofra no nyin no, Esau bɛyɛɛ ɔbɔmmɔfo a ɔtow a, ɔmfom. Na ɔyɛ ha fa wuram baabiara. Yakob nso bɛyɛɛ obi a ɔyɛ komm a ɔmpɛ ne ho asɛm. Na bere biara, ɔpɛ sɛ ɔtena fie.
ויגדלו הנערים ויהי עשו איש ידע ציד איש שדה ויעקב איש תם ישב אהלים׃
28 Na Isak pɛ Esau asɛm yiye, efisɛ na bere biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso na Rebeka de, ɔpɛ Yakob asɛm.
ויאהב יצחק את עשו כי ציד בפיו ורבקה אהבת את יעקב׃
29 Da bi a Esau fi wuram bae a na ɔkɔm de no yiye no, ɔbɛtoo sɛ ne nua kumaa Yakob nso renoa aduan bi a ani yɛ kɔkɔɔ na ɛyɛ akɔnnɔ nso.
ויזד יעקב נזיד ויבא עשו מן השדה והוא עיף׃
30 Ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduan a woanoa yi bi nni!” Ɛno nti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a nkyerɛase ne ade kɔkɔɔ.
ויאמר עשו אל יעקב הלעיטני נא מן האדם האדם הזה כי עיף אנכי על כן קרא שמו אדום׃
31 Yakob buae se, “Tɔn wo panyin no ma me ansa.”
ויאמר יעקב מכרה כיום את בכרתך לי׃
32 Esau kae se, “Ɔkɔm rekum me, na mede panyin reyɛ dɛn?”
ויאמר עשו הנה אנכי הולך למות ולמה זה לי בכרה׃
33 Yakob buaa Esau se, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panyin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panyin no maa ne nua kumaa Yakob.
ויאמר יעקב השבעה לי כיום וישבע לו וימכר את בכרתו ליעקב׃
34 Enti Yakob maa Esau aduan no bi ma odii. Ɔnom nsu guu so, sɔre kɔɔ ne kwan. Eyi ne ɔkwan a Esau faa so tɔn ne panyin no.
ויעקב נתן לעשו לחם ונזיד עדשים ויאכל וישת ויקם וילך ויבז עשו את הבכרה׃

< 1 Mose 25 >