< 1 Mose 24 >

1 Na Abraham anyin a ne mfe akɔ anim yiye. Awurade hyiraa no wɔ akwan ahorow nyinaa so.
아브라함이 나이 많아 늙었고 여호와께서 그의 범사에 복을 주셨더라
2 Da koro bi, Abraham ka kyerɛɛ ne somfo panyin a ɔhwɛ nʼagyapade nyinaa so no se, “Fa wo nsa ka me srɛ ase.
아브라함이 자기 집 모든 소유를 맡은 늙은 종에게 이르되 청컨대 네 손을 내 환도뼈 밑에 넣으라
3 Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak.
내가 너로 하늘의 하나님, 땅의 하나님이신 여호와를 가리켜 맹세하게 하노니 너는 나의 거하는 이 지방 가나안 족속의 딸 중에서 내 아들을 위하여 아내를 택하지 말고
4 Na mmom, wobɛkɔ me man mu, mʼabusuafo nkyɛn, akɔware ɔbea abrɛ no.”
내 고향 내 족속에게로 가서 내 아들 이삭을 위하여 아내를 택하라
5 Ɔsomfo no bisaa Abraham se, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo man no mu ana?”
종이 가로되 여자가 나를 좇아 이 땅으로 오고자 아니하거든 내가 주인의 아들을 주인의 나오신 땅으로 인도하여 돌아가리이까
6 Abraham kae se, “Hwɛ yiye na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da.
아브라함이 그에게 이르되 삼가 내 아들을 그리로 데리고 돌아가지 말라
7 Awurade, ɔsoro Nyankopɔn a ɔde me fi mʼagya fi ne mʼasase so baa ha na ɔkaa ntam hyɛɛ me bɔ se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo no,’ ɔno ara na ɔbɛsoma ne bɔfo adi wʼanim akɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ɔyere afi hɔ ama me babarima no.
하늘의 하나님 여호와께서 나를 내 아버지의 집과 내 본토에서 떠나게 하시고 내게 말씀하시며 내게 맹세하여 이르시기를 이 땅을 네 씨에게 주리라 하셨으니 그가 그 사자를 네 앞서 보내실지라 네가 거기서 내 아들을 위하여 아내를 택할지니라
8 Sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene sɛ ɔne wo bɛba a, wo ntam a wokae no nkyekyere wo. Ɛnsɛ sɛ wode me babarima no kɔ hɔ.”
만일 여자가 너를 좇아 오고자 아니하면 나의 이 맹세가 너와 상관이 없나니 오직 내 아들을 데리고 그리로 가지 말지니라
9 Enti, ɔsomfo no de ne nsa kaa ne wura Abraham srɛ ase, kaa saa asɛm yi ho ntam.
종이 이에 주인 아브라함의 환도뼈 아래 손을 넣고 이 일에 대하여 그에게 맹세하였더라
10 Na, ɔsomfo no faa ne wura yoma no mu du kɔe. Ɔrebɛkɔ no, ogyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahorow bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, koduu Nahor kurow mu.
이에 종이 그 주인의 약대 중 열 필을 취하고 떠났는데 곧 그 주인의 모든 좋은 것을 가지고 떠나 메소보다미아로 가서 나홀의 성에 이르러
11 Oduu Nahor kurotia no, ɔmaa yoma no butubutuw abura bi a ɛwɔ hɔ no ho. Na onwini adwo a ɛyɛ bere a mmea bɛtow nsu wɔ abura no mu.
그 약대를 성 밖 우물 곁에 꿇렸으니 저녁때라 여인들이 물을 길러 나올 때이었더라
12 Na ɔsomfo no bɔɔ mpae se, “Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, hu me wura Abraham mmɔbɔ, na boa me, na mʼakwantu yi nsi yiye.
그가 가로되 우리 주인 아브라함의 하나님 여호와여 원컨대 오늘날 나로 순적히 만나게 하사 나의 주인 아브라함에게 은혜를 베푸시옵소서
13 Hwɛ, migyina abura yi so, na kurow yi mu mmabaa rebɛtow nsu.
성 중 사람의 딸들이 물 길러 나오겠사오니 내가 우물 곁에 섰다가
14 Ma ɛmmra mu sɛ, ababaa biara a mɛka akyerɛ no se, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no bi nnom no,’ sɛ ɔka se, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaa a woapaw no ama wʼakoa Isak. Ɛnam eyi so bɛma mahu sɛ, woahu me wura mmɔbɔ.”
한 소녀에게 이르기를 청컨대 너는 물 항아리를 기울여 나로 마시게 하라 하리니 그의 대답이 마시라 내가 당신의 약대에게도 마시우리라 하면 그는 주께서 주의 종 이삭을 위하여 정하신 자라 이로 인하여 주께서 나의 주인에게 은혜 베푸심을 내가 알겠나이다
15 Ogu so rebɔ mpae no na Rebeka bae a ne sukuruwa si ne bati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima.
말을 마치지 못하여서 리브가가 물 항아리를 어깨에 메고 나오니 그는 아브라함의 동생 나홀의 아내 밀가의 아들 브두엘의 소생이라
16 Na Rebeka no yɛ ɔbabun a ne ho yɛ fɛ yiye. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Osian kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsu ma, san bae.
그 소녀는 보기에 심히 아리땁고 지금까지 남자가 가까이 하지아니한 처녀더라 그가 우물에 내려가서 물을 그 물 항아리에 채워 가지고 올라오는지라
17 Ɔsomfo no de ahoɔhare kohyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsu no kakra ma mennom.”
종이 마주 달려가서 가로되 청컨대 네 물 항아리의 물을 내게 조금 마시우라
18 Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, “Me wura, gye bi nom.”
그가 가로되 주여 마시소서 하며 급히 그 물 항아리를 손에 내려 마시게 하고
19 Rebeka maa ɔsomfo no nsu no bi nom wiee no, ɔkae se, “Mɛsan akɔsaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.”
마시우기를 다하고 가로되 당신의 약대도 위하여 물을 길어 그것들로 배불리 마시게 하리이다 하고
20 Enti Rebeka de ahoɔhare hwiee ne nsu no guu anomee bi mu, san kɔsaw nsu a ɛbɛso yoma no nyinaa nom de bae.
급히 물 항아리의 물을 구유에 붓고 다시 길으려고 우물로 달려가서 모든 약대를 위하여 긷는지라
21 Ɔsomfo no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ohu sɛ Awurade ama nʼakwantu no asi no yiye ana.
그 사람이 그를 묵묵히 주목하며 여호와께서 과연 평탄한 길을 주신 여부를 알고자 하더니
22 Yoma no nom nsu no wiee no, ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ hwenemkaa a emu duru kari gram asia ne nkapo abien a ɛno nso mu duru yɛ gram ɔha dunan.
약대가 마시기를 다하매 그가 반 세겔중 금고리 한개와 열 세겔 중 금 손목고리 한 쌍을 그에게 주며
23 Na obisae se, “Hena ba ne wo? Mesrɛ wo, yebenya nnabea wɔ wʼagya fi ama ade akye ana?”
가로되 네가 뉘 딸이냐 청컨대 내게 고하라 네 부친의 집에 우리 유숙할 곳이 있느냐
24 Rebeka buaa no se, “Betuel babea ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.”
그 여자가 그에게 이르되 나는 밀가가 나홀에게 낳은 아들 브두엘의 딸이니이다
25 Ɔka kaa ho se, “Yɛwɔ sare ne mmoa aduan bebree ne baabi a mo nso mobɛda.”
또 가로되 우리에게 짚과 보리가 족하며 유숙할 곳도 있나이다
26 Na ɔsomfo no buu nkotodwe, sɔree Awurade Nyankopɔn se,
이에 그 사람이 머리를 숙여 여호와께 경배하고
27 “Nhyira nka Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ onnyaee nokwaredi ne ayamye a ɔyɛ ma me wura no. Me de, Awurade adi mʼanim wɔ mʼakwantu yi mu, de me abedu me wura abusuafo fi.”
가로되 나의 주인 아브라함의 하나님 여호와를 찬송하나이다 나의 주인에게 주의 인자와 성실을 끊이지 아니하셨사오며 여호와께서 길에서 나를 인도하사 내 주인의 동생집에 이르게 하셨나이다 하니라
28 Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisi no nyinaa kyerɛɛ ne na fifo.
소녀가 달려가서 이 일을 어미 집에 고하였더니
29 Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔhare kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so.
리브가에게 오라비가 있어 이름은 라반이라 그가 우물로 달려가 그 사람에게 이르니
30 Laban huu hwenemkaa no ne nkapo a egu ne nuabea no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kohuu sɛ ogyina yoma no ho wɔ asubura no so.
그가 그 누이의 고리와 그 손의 손목고리를 보고 또 그 누이 리브가가 그 사람이 자기에게 이같이 말하더라 함을 듣고 그 사람에게로 나아감이라 때에 그가 우물가 약대 곁에 섰더라
31 Laban ka kyerɛɛ ɔsomfo no se, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Obisaa ɔsomfo no se, “Adɛn nti na wugyina kurotia ha? Masiesie wo nnabea ne baabi a yoma no nso bɛda.”
라반이 가로되 여호와께 복을 받은 자여 들어오소서 어찌 밖에 섰나이까 내가 방과 약대의 처소를 예비하였나이다
32 Enti ɔsomfo no kɔɔ fie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛwɔ yoma no so no. Wɔmaa yoma no sare ne aduan, afei Laban maa ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no nsu de hohoroo wɔn anan ho.
그 사람이 집으로 들어가매 라반이 약대의 짐을 부리고 짚과 보리를 약대에게 주고 그 사람의 발과 그 종자의 발 씻을 물을 주고
33 Eyi akyi no, ɔtoo wɔn pon. Nanso ɔsomfo no kae se, “Merempɛ sɛ medidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.” Laban kae se, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.”
그 앞에 식물을 베푸니 그 사람이 가로되 내가 내 일을 진술하기 전에는 먹지 아니하겠나이다 라반이 가로되 말하소서
34 Enti ɔsomfo no bɔɔ nʼamanneɛ se, “Meyɛ Abraham somfo.
그가 가로되 나는 아브라함의 종이니이다
35 Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefo. Wama no nguan ne anantwi, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne yoma ne mfurum.
여호와께서 나의 주인에게 크게 복을 주어 창성케 하시되 우양과 은금과 노비와 약대와 나귀를 그에게 주셨고
36 Bio, me wura yere Sara awo ɔbabarima ama no wɔ ne mmerewabere mu; Awurade na ɔde nea ɔwɔ nyinaa ama no.
나의 주인의 부인 사라가 노년에 나의 주인에게 아들을 낳으매 주인이 그 모든 소유를 그 아들에게 주었나이다
37 Me wura ma mekaa ntam se, ‘Worenware Kanaanfo a me ne wɔn te yi babea biara mma me babarima Isak.
나의 주인이 나로 맹세하게 하여 가로되 너는 내 아들을 위하여 나사는 땅 가나안 족속의 딸 중에서 아내를 택하지 말고
38 Na mmom, wobɛkɔ me man mu, mʼabusuafo nkyɛn, akɔware ɔbea wɔ hɔ abrɛ me babarima Isak.’
내 아비 집 내 족속에게로 가서 내 아들을 위하여 아내를 택하라 하시기로
39 “Na mibisaa me wura se, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn?’
내가 내 주인에게 말씀하되 혹 여자가 나를 좇지 아니하면 어찌하리이까 한즉
40 “Me wura Abraham buae se, ‘Awurade a manantew nʼanim no bɛsoma ne bɔfo, adi wʼanim, sɛnea ɛbɛyɛ a, wʼakwantu no besi yiye, na woanya ɔyere ama me babarima afi mʼabusua mu a ɛyɛ mʼagya fi no mu.
주인이 내게 이르되 나의 섬기는 여호와께서 그 사자를 너와 함께 보내어 네게 평탄한 길을 주시리니 너는 내 족속 중 내 아비 집에서 내 아들을 위하여 아내를 택할 것이니라
41 Afei, sɛ ɛba sɛ, woba mʼabusua mu, na sɛ wɔamfa ɔbea no amma wo a, wo ntam a wokae no renkyekyere wo.’
네가 내 족속에게 이를 때에는 네가 내 맹세와 상관이 없으리라 설혹 그들이 네게 주지 아니할지라도 네가 내 맹세와 상관이 없으리라 하시기로
42 “Mebaa asubura no so nnɛ no, mesrɛe sɛ, ‘Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantu yi nsi me yiye!
내가 오늘 우물에 이르러 말씀하기를 나의 주인 아브라함의 하나님 여호와여 만일 나의 행하는 길에 형통함을 주실진대
43 Hwɛ, migyina abura yi so. Sɛ ababaa bi bɛtow nsu wɔ ha, na meka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no kakra nnom” no,
내가 이 우물 곁에 섰다가 청년 여자가 물을 길러 오거든 내가 그에게 청하기를 너는 물 항아리의 물을 내게 조금 마시우라 하여
44 na sɛ ɔka se, “Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaa a Awurade apaw no ama me wura Abraham babarima Isak no.’
그의 대답이 당신은 마시라 내가 또 당신의 약대를 위하여도 길으리라 하면 그 여자는 여호와께서 나의 주인의 아들을 위하여 정하여 주신 자가 되리이다 하며
45 “Ansa na mewie me koma mu mpaebɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne bati so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtow nsu, na meka kyerɛɛ no se, ‘Mesrɛ wo, ma me nsu no bi nnom.’
내가 묵도하기를 마치지 못하여 리브가가 물 항아리를 어깨에 메고 나와서 우물로 내려와 긷기로 내가 그에게 이르기를 청컨대 내게 마시우라 한즉
46 “Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsan asaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.’ Enti menom nsu no bi, na ɔmaa yoma no nyinaa nso bi nomee.
그가 급히 물 항아리를 어깨에서 내리며 가로되 마시라 내가 당신의 약대에게도 마시우리라 하기로 내가 마시매 그가 또 약대에게도 마시운지라
47 “Mibisaa no se, ‘Hena ba ne wo?’ “Rebeka buae se, ‘Betuel ba ne me. Me nenanom ne Milka ne Nahor.’ “Ɛhɔ ara na mede hwenemkaa no hyɛɛ ne hwenem, na mede nkapo no nso guu ne nsa.
내가 그에게 묻기를 네가 뉘 딸이뇨 한즉 가로되 밀가가 나홀에게 낳은 브두엘의 딸이라 하기로 내가 고리를 그 코에 꿰고 손목고리를 그 손에 끼우고
48 Afei, mebɔɔ me mu ase sɔree Awurade. Mekamfoo Awurade a ɔyɛ me wura, Abraham Nyankopɔn, a wadi mʼanim de me afa ɔkwan pa so, ama manya me wura nuabarima nena aware ama ne babarima no.
나의 주인 아브라함의 하나님 여호와께서 나를 바른 길로 인도하사 나의 주인의 동생의 딸을 그 아들을 위하여 택하게 하셨으므로 내가 머리를 숙여 그에게 경배하고 찬송하였나이다
49 Afei, sɛ wobɛyɛ me wura adɔe adi no nokware a, ka kyerɛ me. Sɛ ɛnte saa nso a, ka kyerɛ me, sɛnea ɛbɛyɛ a, mehu ɔkwan ko a mɛfa so.”
이제 당신들이 인자와 진실로 나의 주인을 대접하려거든 내게 고하시고 그렇지 않을지라도 내게 고하여 나로 좌우간 행하게 하소서
50 Laban ne Betuel buae se, “Saa asɛm yi fi Awurade nti, yenni ho asɛm biara.
라반과 브두엘이 대답하여 가로되 이 일이 여호와께로 말미암았으니 우리는 가부를 말할 수 없노라
51 Rebeka ni. Momfa no nkɔ, na ɔnkɔware mo wura no babarima no, sɛnea Awurade ahyɛ no.”
리브가가 그대 앞에 있으니 데리고 가서 여호와의 명대로 그로 그대의 주인의 아들의 아내가 되게 하라
52 Bere a Abraham somfo no tee nea wɔkae no, obuu nkotodwe wɔ Awurade anim.
아브라함의 종이 그들의 말을 듣고 땅에 엎드리어 여호와께 절하고
53 Na ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinne ne ntade maa Rebeka. Ɔsan de nneɛma a ɛsom bo yiye yɛɛ Rebeka nuabarima ne ne na ayɛ.
은금 패물과 의복을 꺼내어 리브가에게 주고 그 오라비와 어미에게도 보물을 주니라
54 Afei, ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no didi nomee, na wɔda maa ade kyee. Ade kyee anɔpa a wɔsɔree no, ɔsomfo no kae se, “Munnya me kwan, na mensan nkɔ me wura nkyɛn.”
이에 그들 곧 종과 종자들이 먹고 마시고 유숙하고 아침에 일어나서 그가 가로되 나를 보내어 내 주인에게로 돌아가게 하소서
55 Nanso Rebeka nuabarima no ne ne na buaa ɔsomfo no se, “Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ nnafua du bi, na ɛno akyi, wode no akɔ.”
리브가의 오라비와 그 어미가 가로되 소녀로 며칠을 적어도 열흘을 우리와 함께 있게 하라 그 후에 그가 갈 것이니라
56 Akoa no buaa wɔn se, “Awurade ahyira mʼakwantu yi so ama me yi de, mesrɛ mo, monnnye me nnka ha. Munnya me kwan, na mensan nkɔ me wura nkyɛn.”
그 사람이 그들에게 이르되 나를 만류치 마소서 여호와께서 내게 형통한 길을 주셨으니 나를 보내어 내 주인에게로 돌아가게 하소서
57 Afei, wosii gyinae sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaa no, na yemmisa nʼadwene.”
그들이 가로되 우리가 소녀를 불러 그에게 물으리라 하고
58 Enti wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ ana?” Rebeka buae se, “Yiw, mɛkɔ!”
리브가를 불러 그에게 이르되 네가 이 사람과 함께 가려느냐 그가 대답하되 가겠나이다
59 Enti wogyaa Rebeka ne ɔbea a ogyigyee no ne mmofraase no ne Abraham somfo no ne ne nkurɔfo kwan.
그들이 그 누이 리브가와 그의 유모와 아브라함의 종과 종자들을 보내며
60 Wohyiraa Rebeka se, “Onuabea, Awurade nka wo ho, na wʼase nnɔ mpempem! Awurade mma wʼasefo no nni wɔn atamfo nyinaa so nkonim.”
리브가에게 축복하여 가로되 우리 누이여 너는 천만인의 어미가 될지어다 네 씨로 그 원수의 성문을 얻게 할지어다
61 Na Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn yoma so ne Abraham somfo no kɔe. Eyi ne ɔkwan a Abraham somfo no faa so de Rebeka kɔe.
리브가가 일어나 비자와 함께 약대를 타고 그 사람을 따라가니 종이 리브가를 데리고 가니라
62 Saa bere no na Isak a na anka ɔte Negeb no fi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi.
때에 이삭이 브엘라해로이에서 왔으니 그가 남방에 거하였었음이라
63 Da koro anwummere bi a Isak kotuu mpase wɔ sare so refa adwene no, ɔtoo nʼani huu sɛ yoma sa so reba.
이삭이 저물 때에 들에 나가 묵상하다가 눈을 들어 보매 약대들이 오더라
64 Rebeka nso too nʼani, na ohuu Isak. Rebeka si fii ne yoma no so,
리브가가 눈을 들어 이삭을 바라보고 약대에서 내려
65 bisaa Abraham somfo no se, “Ɔbarima bɛn na ɔnam sare yi so rebehyia yɛn yi?” Ɔsomfo no buae se, “Ɔyɛ me wura babarima.” Enti Rebeka yii ne nkataanim de kataa nʼanim.
종에게 말하되 들에서 배회하다가 우리에게로 마주 오는 자가 누구뇨 종이 가로되 이는 내 주인이니이다 리브가가 면박을 취하여 스스로 가리우더라
66 Abraham somfo no bɔɔ Isak nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ.
종이 그 행한 일을 다 이삭에게 고하매
67 Isak de Rebeka kɔɔ ne na Sara ntamadan mu. Na ɔwaree no ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yiye. Eyi maa Isak werɛ kyekyee wɔ ne na Sara wu akyi.
이삭이 리브가를 인도하여 모친 사라의 장막으로 들이고 그를 취하여 아내를 삼고 사랑하였으니 이삭이 모친 상사 후에 위로를 얻었더라

< 1 Mose 24 >