< 1 Mose 22 >
1 Nna bi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe. Ɔfrɛɛ Abraham se, “Abraham!” Abraham buae se, “Me ni!”
Yeinom nyinaa akyiri, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛeɛ. Ɔfrɛɛ Abraham sɛ, “Abraham!” Abraham buaa sɛ, “Me nie!”
2 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Fa wo ba, wo ba koro Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ mmepɔw a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.”
Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ba, wo ba korɔ Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ mmepɔ a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.”
3 Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafurum. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Otwitwaa ogya a ɛbɛso ɔhyew afɔre no bɔ no, osii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no.
Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafunumu. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Ɔtwitwaa egya a ɛbɛso ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔsiim kɔɔ baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no.
4 Ne nnansa so no, Abraham too nʼani huu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri.
Ne nnansa so no, Abraham too nʼani hunuu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri.
5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no se, “Mo ne afurum no ntwɛn wɔ ha, na me ne abarimaa no nkɔ anim kakra nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsan aba.”
Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, “Mo ne afunumu no ntwɛn ha, na me ne abarimaa no nkɔ animu kakra, nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsane aba.”
6 Abraham faa nnyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no de soaa ne ba Isak. Na ɔno nso faa ogya ne sekan kurae. Bere a wɔrekɔ no,
Abraham faa anyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no de soaa ne ba Isak. Ɛnna ɔno nso faa egya ne sekammoa kuraeɛ. Ɛberɛ a wɔrekɔ no,
7 Isak frɛɛ nʼagya Abraham se, “Agya!” Na Abraham buae se, “Me ba, asɛm bɛn?” Isak bisaa no se, “Ogya ne nnyina no ni, na oguamma a yɛde no rekɔbɔ ɔhyew afɔre no wɔ he?”
Isak frɛɛ nʼagya Abraham sɛ, “Agya!” Ɛnna Abraham buaa sɛ, “Me ba, asɛm bɛn?” Isak bisaa no sɛ, “Egya ne anyina no nie, na odwammaa a yɛde no rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?”
8 Abraham buae se, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔre guan no a yɛde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no.” Na wɔn baanu no toaa so kɔe.
Abraham buaa sɛ, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔredwan a yɛde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.” Afei, wɔn baanu no toaa so kɔeɛ.
9 Wokoduu faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔremuka wɔ hɔ, hyehyɛɛ nnyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too nnyina no so wɔ afɔremuka no so.
Wɔbɛduruu baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, hyehyɛɛ anyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too anyina no so wɔ afɔrebukyia no so.
10 Abraham twee sekan no, maa so sɛ ɔde rebetwa ne ba no mene akum no.
Abraham twee sekammoa no, pagyaa sɛ ɔde rebɛtwa ne ba no mene akum no.
11 Ɛhɔ ara na Awurade bɔfo frɛɛ no fi ɔsoro se, “Abraham! Abraham!” Na Abraham gyee so se, “Me ni.”
Ɛhɔ ara na Awurade ɔbɔfoɔ frɛɛ no firi soro sɛ, “Abraham! Abraham!” Ɛnna Abraham gyee so sɛ, “Me nie.”
12 Awurade bɔfo no kae se, “Mfa wo nsa nka abofra no. Nyɛ no bɔne biara. Esiane sɛ woamfa wo dɔba, wo ba koro no ankame me no nti, mahu sɛ wusuro Onyankopɔn.”
Awurade ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mfa wo nsa nka abɔfra no. Ɛnyɛ no bɔne biara. Esiane sɛ woamfa wo dɔ ba, wo ba korɔ no ankame me no enti, mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn.”
13 Abraham maa nʼani so huu sɛ nkyɛkyerɛ bi aso Odwennini bi mmɛn mu wɔ wura no mu hɔ. Abraham kɔkyeree Odwennini no de no bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so sii ne ba no anan mu.
Abraham maa nʼani so hunuu sɛ nkyɛkyerɛ bi asɔ odwennini bi mmɛn mu wɔ wira no mu hɔ. Abraham kɔkyeree odwennini no de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, sii ne ba no ananmu.
14 Abraham too beae no din se Awurade De Bɛma. Ebesi nnɛ no wɔka se, “Wɔde bɛma wɔ Awurade bepɔw no so.”
Abraham too beaeɛ no din sɛ Awurade De Bɛma. Ɛbɛsi ɛnnɛ no wɔka sɛ, “wɔde bɛma wɔ Awurade bepɔ no so.”
15 Awurade bɔfo no frɛɛ Abraham fii ɔsoro nea ɛto so abien kae se,
Awurade ɔbɔfoɔ no frɛɛ Abraham firii soro deɛ ɛtɔ so mmienu kaa sɛ,
16 “Maka me ho ntam se, esiane sɛ woayɛ eyi, na woamfa wo ba, wo ba koro no ankame me nti,
“Maka me ho ntam sɛ, ɛsiane sɛ woayɛ yei, na woamfa wo ba, wo ba korɔ no ankame me enti,
17 hyira na mehyira wo na mama wʼase adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nwea. Na wʼasefo begye wɔn atamfo nkuropɔn adi so.
hyira na mɛhyira wo na mama wʼase adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na wʼasefoɔ bɛgye wɔn atamfoɔ nkuropɔn adi so.
18 Wɔnam wʼasefo so na wobehyira wiase amanaman nyinaa, efisɛ woadi mʼasɛm so.”
Wɔnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ, woadi mʼasɛm so.”
19 Na Abraham san kɔɔ nʼasomfo no nkyɛn ne wɔn sii mu kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa hɔ.
Afei, Abraham sane kɔɔ nʼasomfoɔ no nkyɛn ne wɔn siim kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa hɔ.
20 Nna bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Abraham se, “Milka nso yɛ ɔbeatan a wawo mmabarima ama wo nuabarima Nahor:
Yeinom nyinaa akyiri no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Milka nso yɛ ɔbaatan a wawo mmammarima ama wo nuabarima Nahor. Wɔn din na ɛdidi so yi:
21 Us yɛ abakan, Us nuabarima a odi so ne Bus. Kemuel a ɔto so abiɛsa na ɔwoo Aram.
Us yɛ abakan, Us nuabarima Bus na ɔtɔ so mmienu. Deɛ ɔdi so ne Kemuel, a ɔyɛ Aram agya.
22 Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.”
Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.”
23 Betuel bɛyɛɛ Rebeka nʼagya. Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmabarima baawɔtwe yi.
Saa Betuel yi na ɔwoo Rebeka. Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmammarima baawɔtwe yi.
24 Nahor ne ne mpena Rehuma nso woo mma baanan a wɔn din de, Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.
Nahor ne ne mpena Rehuma nso wowoo mma baanan a wɔn din de, Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.